Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Ɔkwan A Ɛma Obi Ankasa Nya Anigye So
1 Yehowa nkurɔfo wɔ ntease pa nti a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye. Yɛwɔ anidaso ankasa ma daakye. Sɛnea Yesaia 65:17, 18 si so dua no, Yehowa ‘rebɔ ɔsoro foforo [ne asase foforo]’ na afei ɔde ka ho sɛ: “Momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti: Na hwɛ merebɔ Yerusalem ma ayɛ ahurusidi, ne ne man, ma ayɛ ahosɛpɛw.”
2 Ɛsɛ sɛ yenya anigye a ɛsen biara wɔ yɛn anidaso a ɛyɛ nwonwa no a yɛka kyerɛ afoforo no mu. So wuhu sɛ anigye a wowɔ wɔ ɔsom adwuma no mu no nnɔɔso? Sɛ saa a, kae sɛ anigye yɛ honhom no aba. Wubetumi anya na woama anya nkɔso denam mmɔden a wo ankasa wobɛbɔ so. Adwumaden betumi ama yɛanya anigye na saa ara na anigye kɛse betumi ama yɛayɛ adwuma kɛse. (Ɔsɛnk. 2:10) Yebetumi anya mmɔdenbɔ a emu yɛ den ho akatua a ɛne honhom aba no a ɛbɛda adi kɛse no.—2 Pet. 1:5-8; 1 Kor. 14:12.
3 Nnamyɛ a yɛn nuanom yi adi wɔ wɔn som adwuma mu no si so dua sɛ nea wɔyɛ no de anigye kɛse brɛ wɔn. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama kyɛfa a yenya wɔ anigye yi mu ayɛ kɛse? Ɔkwan biako ne sɛ wubesua sɛnea wubenya akomatɔyam de ayɛ adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no a sɛnea wɔn a yɛka asɛm kyerɛ wɔn mu pii yɛ wɔn ade wɔ ɔkwan a enye so no mfa ho. Yeremia hyiaa ɔsɔretia pii na saa ara na na ɛte wɔ Yesu fam; nanso wɔannyae. Satan bɛpɛ sɛ obu yɛn aba mu denam afoforo anibiannaso anaa ɔsɔretia a ɔde di dwuma no so. Nanso sɛnea Yesu kyerɛkyerɛɛ mu no, ɛdenam kɔ a yɛbɛkɔ so wɔ nokwaredi mu a ɔsɔretia mfa ho no so no, yebenya anigye.—Mat. 5:11, 12; Heb. 12:2.
4 Sɛ yehu sɛ nhyehyɛe yi awiei abɛn na bere a aka ma yɛde awie yɛn adwuma no yɛ tiaa a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛayɛ nea yebetumi ne afoforo akyɛ nokware no. (Adi. 12:12, 17) Sɛ yɛwɔ ɔdɔ ma Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo ampa a, yebenya anigye wɔ yɛn som adwuma no mu efisɛ yenim sɛ ɛsɔ Yehowa ani na ɛboa afoforo ma wohu nkwa kwan no.
AKYƐDE A EFI ONYANKOPƆN NKYƐN
5 Wubetumi asusuw wo som adwuma no ho sɛ ɛte sɛ nea wode akyɛde bi rekɔma onipa no. Akyɛde yi ne daa nkwa nhyira no. Nanso wɔ wɔn a wonnya nhuu bo a akyɛde no som fam no, ebia wubetumi ama ayɛ nea anigye wɔ ho kɛse denam ɔkwan a wofa so de ma no so. So wusiesie w’asɛm no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkanyan anigye? Sɛ wokasa wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye na nidi wom so na wode nsɛm a woapaw no yiye a ɛkanyan anigye di dwuma a, ebia wubenya nnipa no ma wɔatie wo yiye na ɛbɛma woanya anigye kɛse.
6 Asɛnka adwuma yɛ ademude a Yehowa de ama yɛn. Ɛma yenya hokwan da yɛn gyidi adi. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma de ma sɛnea yɛkasa kyerɛ afoforo wɔ ɔkwan a ɛdan adwene so wɔ yɛn anidaso no ho no nya nkɔso. Sɛ yɛbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yebefi ofiewuranom nkyɛn a yɛama wɔanya adwene a ɛteɛ a, ebia ɛbɛma wɔatie asɛm no kɛse bere a Ɔdansefo foforo ba hɔ no na ɛbɛma ɔno nso anya anigye.
7 Kae nso sɛ ofiewura biara wɔ nea n’ani gye ho wɔ asetra mu. Sɛ yɛkyerɛ ɔne n’abusua ho anigye ankasa na yɛkyerɛ no sɛnea Bible no bɛboa no a, obetie yɛn mpɛn pii na abue kwan ama sankɔhwɛ Yebetumi aka anigye a yenya wɔ osuahu a ɛte sɛɛ mu no akyerɛ afoforo na ahyɛ wɔn nkuran. (Aso. 15:3) Na nea ehia sen biara no, susuw anigye a yɛma nea ɔsomaa yɛn no nya no ho!—Luka 15:7, 10.