Mmofra, Munyi Yehowa Din Ayɛ
1 Wɔ Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien no mu no, ohyiaa Timoteo a “na anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikonion no bɔ no din pa” no. Ɔtoo nsa frɛɛ Timoteo ma ɔbɛkaa ne ho wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu. (Aso. 16:1-3) Mfe bi akyi no, Paulo kyerɛw faa Timoteo ho sɛ, “Na minni obi a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no no.” (Fil, 2:20) Bible no ka Samuel nso ho asɛm kyerɛ yɛn, a ɔno na bere a ɔda so ara yɛ abofra no, na oye wɔ nnipa ne Yehowa anim no. (1 Sam. 2:26) Kristofo mmofra pa a wɔwɔ hɔ nnɛ bɛpɛ sɛ wɔka nsɛm a ɛte saa ara wɔ wɔn ho.
2 Samuel ne Timoteo honhom mu nkɔso no fã kɛse no ara fi ntetee pa a awofo a wɔwɔ ahofama de maa wɔn no. (1 Sam. 1:26-28; 2 Tim 3:15) Ɛnnɛ nso, sɛ abofra bi ne Yehowa benya abusuabɔ pa a, ɛsɛ sɛ ogye afotu ne ntetee a ne Kristofo awofo de ma no no tom yiye.—Mmeb. 6:20; Efe. 6:1-4.
MMOA A WOBƐHWEHWƐ
3 Akyinnye biara nni ho sɛ Samuel ne Timoteo nsa kaa honhom mu nkuranhyɛ ne mmoa pii nso fii mpanyimfo ne afoforo a wɔkaa wɔn abrabɔ ho asɛmpa no nkyɛn. Yɛn asafo mu asomfo no pii yɛ mmerante a wɔanya honhom mu nkɔso kɛse. Wobetumi aboa wo ma woanya asɛnka adwuma no ho anisɔ kɛse. Dɛn nti na wo ne wɔn nyɛ adwuma wɔ asɛnka mu? Anigye mu a wubefi ahwehwɛ anuanom yi hɔ mmoa no bɛboa wo ma wo honhom mu nkɔso ada adi.—1 Tim. 4:15.
4 W’awofo, mpanyimfo, ne asafo mu asomfo no nyinaa ani gye wo honhom mu nkɔso ho. Ɛsɛ sɛ wonya ntease a ɛbɛma wɔaka w’abrabɔ ho asɛmpa wɔ asafo no mu ne akyi. Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani agye sɛnea Asafo ti no ama n’ani akũ mmofra ho titiriw no ho. Nokwaredi mu a wubefi agye eyi atom no bɛboa wo ma woayi Yehowa din ayɛ.
KYERƐWNSƐM MU ƆKASA
5 Yɛde nhoma ahorow a ekura nkratafa 192 a wɔakyerɛ no bɛbom ama de agye ne bo no fã September mu. Ɛsɛ sɛ ɛno ma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛde nhoma bɛma na ɛma mmofra nso nya hokwan sɛ wobefi ofie Bible adesua ase. Ɛsɛ sɛ mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no yɛ mmerɛw ma adawurubɔfo nkumaa sɛ wɔde bedi dwuma. Enti sɛ ɛyɛ nea wunnya nyaa asɛnka mu osuahu kɛse mpo a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ nya ho adwempa. Wubetumi de nea edi so yi anaa biribi a ɛte saa adi dwuma.
6 Bere a woakyia ofiewura na woada wo ho adi akyi no, bisa sɛ: “So wugye di sɛ daakye a anidaso wom wɔ hɔ ma adesamma?” Sɛ́ ɛyɛ nea ofiewura bua sɛ yiw anaa dabi no, afei wubetumi aka sɛ, “Bible no kyerɛ sɛ daakye a anidaso kɛse wom wɔ hɔ ma adesamma a ase a wɔbɛtra daa wɔ asomdwoe mu ho nhyira ka ho.” Afei kenkan Dwom 37:29, 37. Wubetumi aka kyerɛwsɛm yi ho asɛm tiaa na afei woaka sɛ, “Dwom nhoma koro yi ara kyerɛ yɛn sɛnea yebetumi agyina mprempren ɔhaw mmere yi ano na yɛanya daakye a anidaso wom mu ahotoso.” Afei kenkan nkyekyem 39. Bere a egyina ɛho anigye a wɔkyerɛ so no, ebia wobɛpɛ sɛ wokenkan nkyekyem 40 nso na woka ho asɛm. Bue nhoma a wode rema no biako mu na twe adwene si daa nkwa a wobenya daakye wɔ paradise no so. Fa bra awiei sɛ, sɛ ofiewura no pɛ sɛ ɔtra ase daa na onya daakye a anidaso wom mu anigye wɔ paradise asase so ampa a, ɛho hia sɛ osua ho ade pii. Afei fa nhoma abien no ma.
7 Mo mmofra a wɔrekyerɛ mo kwan wɔ nokware kwan so no anya hokwan kɛse ampa. Mubetumi de mo asetra nyinaa ayi Yehowa din ayɛ, sɛ mopɛ sɛ moyɛ Yehowa apɛde ampa na mode mmoa ahorow a ɔde ma no di dwuma a. Momma ɛnyɛ mo botae sɛ mobɛsom Yehowa mo nkwa nna nyinaa.