Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 1
Dwom 221
8 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de.
20 min: “Mmofra, Munyi Yehowa Din Ayɛ.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde di ho dwuma. Ma abofra ne ɔwofo nyɛ ɔkasa a wɔahyɛ ho nyansa wɔ nkyekyem 6 no ho ɔyɛkyerɛ. Bisabisa mmofra baanu anaa baasa a wɔyɛ nhwɛso pa nsɛm. Bisa sɛnea wɔreyi Yehowa din ayɛ mprempren ne sɛnea wɔresiesie wɔn ho na wɔakɔ so ayɛ saa daakye.
17 min: Fa Wo Ho Hyɛ Asɛnka Adwuma mu September Mu. Ɔsom adwuma sohwɛfo nam nsemmisa ne mmuae so ma wosusuw “Ɔsatu Titiriw wɔ September mu” ho. Afei, muntĩ mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti mu na kyerɛ nea wobetumi aka bere a wɔde nhoma a ekura nkratafa 192 a mowɔ bi wɔ mo asafo mu rema wɔ ɔsatu titiriw no mu no. Yɛ ɔyɛkyerɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛnea wɔdan fi kyerɛwsɛm a etwa to so kɔ nhoma a wɔde rema so. Ɛsɛ sɛ ɔyɛkyerɛ no mu biara de asɛm foforo di dwuma.
Dwom 113 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 8
Dwom 155
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nhyehyɛe ma nsɛmma nhoma adwuma dapɛn yi ho asɛm. Ka nea aba foforo mu nsɛntitiriw biako anaa abien ho asɛm. Afei yɛrebɔ mmɔden dɛn wɔ nhoma abien ɔsatu no mu? Ka osuahu a ɛyɛ anigye tiaa biako anaa abien a ɛfa nhoma nketewa a wɔde ma ho kyerɛ.
18 min: Abusuabɔ Pa a Yɛne Onyankopɔn Benya. Ɔkasa a egyina asɛm, “Dɛn Na Ɛho Hia Titiriw wɔ W’asetra Mu?” ne “Anigye Denam Abusuabɔ a Ɛsom Bo So,” a efi ase wɔ April 1, 1985 Watchtower no kratafa 3 no so. Si hia a ɛho hia sɛ yɛremma yɛn asetra nyɛ nea yɛde di nneɛma pii akyi na mmom yɛbɛyɛ nhyehyɛe pa a ɛbɛma yɛanya bere de adi hokwan afoforo te sɛ akwampaefo boafo anaa daa akwampae adwuma ho dwuma so dua.
17 min: “Monkɔ So Nhyɛ Mo Ho Mo Ho Den.” Nsemmisa ne mmuae. Ma asɛm no nyɛ nea ɛfa mo tebea ho. Kae asafo sɛ wontĩ April 15, 1985, Watchtower mu asɛm, “So Wokae?” no mu na wɔmfa mmra Ɔsom Nhyiam a edi hɔ.
Dwom 144 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 15
Dwom 126
10 min: Asafo mu nkaebɔ, sika akontaabu ne “Ɛrekɔ So Dɛn?” Si so dua kyerɛ asafo sɛ ntoboa a woyi wɔ Betel foforo no si ho no yɛ nea wɔde reyɛ adwuma pa sɛnea ɛda adi wɔ adwuma no nkɔso ho amanneɛbɔ mu no.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Borɔn So ne Asasesin a Nnwuma Ahorow Wom Mu.” Asɛm ho nkɔmmɔbɔ. Yɛ adanse a wodi wɔ asasesin a nnwuma ahorow wom ne borɔn so ho ɔyɛkyerɛ a wɔde nsɛmma nhoma foforo a aba redi dwuma. Wo ne asafo no nsusuw sɛnea ɔyɛkyerɛ no tu mpɔn ho.
15 min: “So Wokae?” Ɔwɛn-Aban Adesua sohwɛfo ne Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo bɔ asɛm yi a ɛwɔ April 15, 1985, Watchtower mu ho nkɔmmɔ. Ma atiefo nya mu kyɛfa. Kyerɛ sɛnea asɛm no betumi ayɛ nea eye ma asafo no ne wɔ ankorankoro asetra mu.
Dwom 172 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 22
Dwom 217
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nkuranhyɛ a ɛbɛma wɔanya nsɛmma nhoma kyekyɛ adwuma mu kyɛfa dapɛn yi ka ho.
15 min: Adwene a Ɛkari Pɛ wɔ ‘Obi a Wɔhyɛ no Nsow’ Ho. Asemmisa-ne-mmuae a wɔde di “Asemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ April 15, 1985, Watchtower mu ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔredi eyi ho dwuma no siesie asɛm no ho nsemmisa na ɔma wɔkenkan nkyekyem no nyinaa.
25 min: “1985 ‘Mudi Mu Kurafo’ Ɔmantam Nhyiam.” Yawda ne Fida dwumadi mu ntĩmu. Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe.
Dwom 209 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 29
Dwom 108
7 min: Asafo mu nkaebɔ. Si nea yɛde bɛma October mu a ɛne New World Translation Bible ne nhoma nketewa a wɔakyerɛ no abien so dua. Kyerɛ nea wobetumi aka na wɔde Bible ama no biako anaa abien. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonkogye bi wɔ nhyiam no awiei na wonnya afie afie adwuma mu kyɛfa October 6.
13 min: “United in Worship no a Yebesua wɔ Asafo Adesua Ase.” Nhoma adesua so ahwɛfo baanu bɔ asɛm ho nkɔmmɔ a wɔrekyerɛ hia a ɛho hia sɛ wɔbɛfa ɔkwan pa a wɔfa so kyerɛkyerɛ so, ahyɛ ho a wobedi kan asiesie yiye (a kyerɛw nsɛm ahorow a wɔbɛkenkan ka ho) ho nkuran na wɔaboa wɔn nyinaa ma wɔanya adesua mu mfaso.—Hwɛ Yɛn Som Adwuma, nhoma no nkratafa 74-6.
25 min: “1985 ‘Mudi Mu Kurafo’ Ɔmantam Nhyiam.” Memeneda ne Kwasida dwumadi mu ntĩmu. Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe.
Dwom 15 ne mpaebɔ a wɔde wie.