Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Anigyefo Nkyɛn a Yɛbɛsan Akɔ Ntɛm No So
1 Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ: “Pae mu ka asɛm no, gyina mu . . . yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa.” (2 Tim. 4:2, 5) Saa afotu no ho hia nnɛ nso.
2 Ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ nnipa a wɔaka a ‘wɔresisi’ ɔporɔw a ɛwɔ Kristoman mu ho ‘apini na wodi so nkɔmmɔ’ no ntɛm. (Hes. 9:4) Ampa, “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu” ma enti nnipa a wɔwɔ baabiara hia Ahenni no. (1 Yoh. 5:19) Yebetumi aboa wɔn denam sankɔhwɛ a etu mpɔn a yɛbɛyɛ no so. Anigyefo nkyɛn a yɛbɛsan akɔ ntɛm no betumi agye wɔn nkwa.
SAN KƆ WƆN NKYƐN NTƐM ARA
3 Sɛ wosan kɔsra ofiewura no ntɛm wɔ bere a edi kan no akyi a, obetumi akae asɛm a mususuw ho no. Wubetumi atoa nkɔmmɔbɔ no so afi faako a mode sii no na woakanyan n’anigye bio. Wubetumi ama anigye a ofiewura no anya no ayɛ kɛse ansa na afoforo de nsɛm a enye abɛhyɛ n’adwenem.
4 Bere a onuawa bi wɔ asɛnka mu Dwoda bi no, ohyiaa ɛna bi a n’aba mu abu a onni anidaso biara. Ɔsan kɔsraa no Yawda na ɔne no fii Bible adesua ase. Ɔbea no kae sɛ wɔmfaa Bible mmaa ne nsemmisa a ɔwɔ ho mmuae a emu da hɔ saa pɛn da. Ɔsan kɔsraa no Fida sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka Kwasida no Ɔwɛn-Aban adesua ho asɛm akyerɛ no. Ɔbea no kɔɔ saa Kwasida a edi kan adesua no bi na ɔkɔɔ so nyaa nkɔso wɔ honhom fam. Sɛ yɛma ɛkyɛ ansa na yɛakɔsra anigyefo a, ebia anigye a wonyaa mfiase no ano bɛbrɛ ase wɔ bere tiaa bi akyi na ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛsan ahyɛ mu den.
5 Wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu no, wubetumi ayɛ nhyehyɛe pɔtee asan akɔsra no. Wubetumi ayɛ eyi denam asɛm bi a ɛkanyan adwene a wubebisa na wɔakyerɛ sɛ wobɛsan abɛma ho mmuae no so. Yɛ bere pɔtee bi ho nhyehyɛe wɔ dapɛn a edi hɔ no mu anaasɛ akyiri yi wɔ saa dapɛn koro no ara mu anaasɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a, da a edi hɔ no ara mpo.
SAN KƆSRA ANIGYEFO NYINAA
6 Sɛ́ Kristofo no, wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛnyɛ asuafo. (Mat. 28:19) Wɔ wɔn a wogye nhoma akyi no, ebia afoforo nso bɛkyerɛ asɛmpa no ho anigye. Ebia ebinom a wɔmpɛ sɛ wogye nhoma no wɔ ɔpɛ sɛ wɔne yɛn bɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ. Sɛ wuhu obi a ɔkyerɛ asɛm no ho anigye, sɛ ebia womaa no nhoma anaasɛ dabi no, san kɔsra no na bɔ mmɔden sɛ wobɛma anigye a wanya no ayɛ kɛse. Yɛrehwehwɛ nnipa a wɔn ani gye asɛmpa no ho.
7 Ɔkwampaefo titiriw bi a ɔwɔ Korea hui sɛ ɔbea bi a ɔpow nsɛmma nhoma bere nyinaa no wɔ asɛm no ho anigye kakra. Ɔkwampaefo no amfa nsɛmma nhoma ankyerɛ no bio na ɔbea no penee so sɛ ɔne no besusuw nhomawa no biako mu nsɛm kakraa ho. Onuawa no san kɔsraa no ne nnansa so na ɔne no kɔbɔɔ nkɔmmɔ bio. Wɔ nsrahwɛ kakraa bi akyi no, na ɔne ɔbea no yɛ Bible adesua mprenu dapɛn biara. Wɔ asram anan mu no, otumi dii ɔsɔretia a emu yɛ den a n’abusua de baa no so no so na ofii ase kaa asɛm no kyerɛɛ afoforo.
8 Sɛ wopɛ sɛ afoforo nya asɛm no ho anigye na wutumi fi Bible adesua ase ankasa a, ɛnde ɛho hia kɛse sɛ wobɛsan akɔsra nnipa a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no nyinaa ntɛm ara. Saa a wobɛyɛ no bɛma Yehowa ahyira wo pii.