Bere Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛsan Kɔ Anigyefo Nkyɛn?
1. Dɛn na asuafoyɛ adwuma no hwehwɛ sɛ yɛyɛ?
1 Asuafoyɛ adwuma no hwehwɛ sɛ yɛsan kɔsra obiara a ɔpɛ sɛ osua Yehowa Ahenni no ho ade. (Mat. 28:19, 20) Mpɛn pii no, bere a ɛfata paa sɛ yɛyɛ sankɔhwɛ no gyina yɛn bere nhyehyɛe ne onigyefo no de so. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma ɛkyɛ ansa na yɛakɔsra wɔn a yɛanya wɔn foforo no?
2, 3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden san kɔ anigyefo nkyɛn ntɛm ara?
2 Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛsan Kɔ Hɔ Ntɛm? “Ahenni ho asɛmpa” adwuma a yɛreyɛ no bɛba awiei nnansa yi ara, na wiase yi awiei nso abɛn. (Mat. 24:14; 1 Pet. 4:7) Ɛno nti, bere a “nkwagye da” no da so ara wɔ hɔ ma anigyefo no, ɛsɛ sɛ yetie ahyɛde a ɛne sɛ ‘yɛnka asɛm no denneennen’ no. Nea ɛka ho ne sɛ yɛbɛkɔ wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no nkyɛn ntɛm ara.—2 Kor. 6:1, 2; 2 Tim. 4:2.
3 Satan ani abere sɛ obeyi Ahenni aba biara a yebegu no afi wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no koma mu. (Mar. 4:14, 15) Mpɛn pii no, anigyefo no abusuafo, wɔn mfɛfo adwumayɛfo, ne afoforo di wɔn ho fɛw. Sɛ yɛsan kɔ wɔn nkyɛn ntɛm a, ɛma yɛkanyan anigye a wonyae mfiase no, na ɛremma afoforo nkɔsɛe saa anigye no.
4. Sɛ yɛkɔ obi nkyɛn bere a edi kan a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi asan akɔ hɔ bio?
4 Hyɛ Bere a Wobɛsan Akɔ: Ansa na wubefi hɔ no, eye paa sɛ wobɛyɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe. Bisa asɛm bi a sɛ wosan kɔ hɔ a wobɛma ho mmuae. Eyi nti ehia sɛ woyɛ kyerɛwtohɔ pa. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ka kyerɛ no sɛ ade kye a wobɛsan aba, anaasɛ ɛrenkyɛ koraa wobɛsan abɛsra no. Sɛ dapɛn awiei na wokɔɔ onigyefo no hɔ na sɛ ɔyɛ adwuma wɔ dapɛn no mu a, ebia n’ani begye ho sɛ wobɛsan abɛsra no dapɛn awiei a edi hɔ no. Sɛ woka kyerɛ no sɛ wobɛsan aba ne nkyɛn a, hwɛ sɛ wubedi wo bɔhyɛ so.—Mat. 5:37.
5. Sɛ yɛsan kɔsra anigyefo ntɛm a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa ma yɛadi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnyɛ afoforo asuafo no so?
5 Yɛwɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yɛsan kɔsra wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho no ntɛm. Enti yɛ nhyehyɛe san kɔsra wɔn ntɛm ara efisɛ “bere a aka no sua.” (1 Kor. 7:29) Sɛ yɛsan kɔsra wɔn a wɔn ani gye Ahenni asɛm no ho ntɛm a, yɛn mmɔdenbɔ betumi asow aba pii.