So Wobɛba Abɛka Akwampaefo No Ho Nnansa Yi Ara?
1 Afe a etwaam bɛyɛ saa bere yi mu no na yɛn nuanom mmarima ne mmea ɔhaha pii resusuw daa akwampae adwuma a wɔde wɔn ho behyem ho wɔ mpaebɔ mu. Nhyehyɛe pa boaa pii ma wofii ase som Yehowa wɔ ɔkwan titiriw yi so, na eyi maa daa akwampaefo no dodow kɔɔ soro fi 1,996 wɔ December 1985 mu koduu 2,224 wɔ January 1986 mu a ɛyɛ nkɔso a ɛboro 200. So woka wɔn a wɔresusuw ho sɛ wɔbɛka akwampaefo no ho wɔ 1987 ɔsom afe no mu no ho?
WO NSƐM TEBEA HO A WUBESUSUW
2 Ebia nnansa yi teokrase ntrɛwmu ho amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye no akanyan wo ama woanya ɔpɛ sɛ wobɛyɛ otwa adwuma a ɛrekɔ so wɔbɛka akwampaefo no ho wɔ 1987 38; Yes. 60:22) Eye! Nanso sɛ ebetumi ayɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wode nhyehyɛe pa ne ho a wɔde to Yehowa so koraa ka ɔpɛ a wowɔ no ho. (Rom. 12:1; Luka 14:28) So wubetumi ayɛ nsakrae wɔ adwuma a woyɛ no mu na ama woanya bere ayɛ akwampae adwuma? So wubetumi ama w’asetra ayɛ nea ɛba fam na ama woanya bere ne ahoɔden ama Yehowa adwuma? (Luka 11:34) Mmusua binom atumi ama wɔn mu biako anaa baanu ayɛ akwampae adwuma.
WO GYIDI NE WO NNAMYƐ A WOBƐMA AYƐ KƐSE
3 Daa akwampae adwuma a wode wo ho behyem na woatra mu no hia gyidi a ɛyɛ den. Sɛ wopɛ sɛ wo gyidi nyin a, yɛ nhyɛhyɛe na fa bere pii yɛ asɛnka adwuma no na nya Yehowa mmoa. (2 Tes. 1:3) Wɔ pii fam no, akwampaefo boafo adwuma abɛyɛ nea wogyina so pere kɔ daa akwampae adwuma ho. Ebia wubetumi ayɛ saa.
4 Ɛbɛyɛ nea eye nso sɛ wɔn a wɔresusuw akwampae adwuma ho no ne mpanyimfo no bɛka wɔn nhyehyɛe no ho asɛm. (Mmeb. 15:22) Wobetumi de nyansahyɛ a eye a ɛbɛboa nso ama.
MMOFRA—MONYƐ DAAKYE HO NHYEHYƐE A NYANSA WOM!
5 Nnansa yi ara na mo, anuanom mmerante ne mmabaa no, mu pii awie sukuu a ɛho hia no. Akyinnye biara nni ho sɛ moresusuw mo daakye ho kɛse. Bere a moyɛ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ no, ‘monkae mo Bɔfo Kɛse’ no na munsusuw N’afotu a ɛyɛ ne bere mu de no ho. Momfa nea ɔwɔ ma asase yi ne adesamma asoɔmmerɛwfo no aniberesɛm. (Ɔsɛnk. 12:1) Akwampae adwuma no mu a wode wo ho bɛhyɛ wɔ ɔsom afe foforo no mu betumi abɔ wo ho ban wɔ nneɛma a ɛnsom bo kɛse akyi a wubedi a ebetumi atwe wo afi w’atirimpɔw ankasa wɔ asetra mu ho no ho. (Mmeb. 10:22) Bere a ‘woka hwɛ na wuhu sɛ [Yehowa] ye’ no, ɛmmra sɛ anigye ne akomatɔyam a wunya wɔ bere nyinaa som adwuma mu no bɛkanyan wo ma wode ayɛ wo nkwa nna nyinaa adwuma.—Dw. 34:8.
6 Ɛsɛ sɛ anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ka yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ ne som mu. Wɔ wɔn a wɔn nsɛm tebea ma wɔn kwan fam no, ebia eyi bɛkyerɛ akwampaefo a wɔbɛyɛ. Nanso ebia afoforo nsɛm tebea remma wontumi nyɛ mprempren. Yɛn nyinaa betumi de ho asɛm ato Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu de akyerɛ sɛ yɛwɔ akwampae honhom no. Ná ebinom a wɔyɛ akwampaefo mprempren no te nka bere bi sɛ wɔrentumi nyɛ. Nanso, nsɛm tebea tumi sesa na sɛ yɛde nhyehyɛe pa ne mpaebɔ a efi komam a yɛde resrɛ Yehowa nhyira wɔ mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛsom no sɛnea yebetumi no so ka ho a, ebetumi ayɛ yiye. (Mmeb. 16:3; Mal. 3:10) Momma yɛn nyinaa nyɛ eyi ho adwuma na yɛnyɛ daakye ho nhyehyɛe wɔ nyansam.