Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp17 nɔma 1 kr. 5-6
  • Dɛn na Ɛbɛma ne Kan Ayɛ Wo Dɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Ɛbɛma ne Kan Ayɛ Wo Dɛ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Eti ne Nkyekyɛm Ahorow​—Hena na Ɔde Hyehyɛɛ Bible no Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Baguam Ɔkasa Ahorow A Egyina Worldwide Security Nhoma No So
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Bible a Yɛbɛkenkan no Daa so Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Adesua Ho Nyansahyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
wp17 nɔma 1 kr. 5-6
Ɔbaa bi rekenkan Bible, na ɔde nhoma foforo ne kɔmputa reyɛ nhwehwɛmu

ASƐM A ƐDA SO | WOBƐYƐ DƐN ANYA BIBLE AKENKAN SO MFASO?

Dɛn na Ɛbɛma Ne Kan Ayɛ Dɛ?

Bible akenkan yɛ wo anihaw anaa ɛyɛ wo dɛ? Wokenkan Bible a, dɛn na wubenya afi mu? Ne nyinaa gyina wo ara wo so. Ma yɛnhwɛ nea woyɛ a, ɛbɛma Bible akenkan ayɛ wo dɛ paa.

Pɛ Bible a wɔakyerɛ ase kama a ebetumi aboa wo. Sɛ worekenkan Bible na sɛ nsɛmfua a ɛwom no, ɛyɛ den sɛ wobɛte ase a, ɛremma ne kan nyɛ wo dɛ. Enti wopɛ a, hwehwɛ Bible a emu nsɛm no da fam, na ɛbɛka wo koma paa. Afei hwɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛɛ ase no too wɔn bo ase kyerɛɛ ase kama, na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ.a

Wubetumi akenkan no fon anaa kɔmputa so. Seesei sɛ wopɛ a wubetumi atwe Bible agu wo fon, tablɛt, anaa wo kɔmputa so akenkan. Nkyerɛase no bi wɔ hɔ a, wubetumi akenkan no tee wɔ intanɛt so. Ebi mpo deɛ wɔde nneɛma bi akeka ho ma enti sɛ wopɛ sɛ wode toto Bible nkyerɛase foforo ho a, wubetumi ayɛ no saa. Wohwɛ na ne kenkan bɛyɛ wo den a, wubetumi abɔ atie. Nnipa pii wɔ hɔ a wɔte kar mu anaa wɔresi nneɛma a, wotumi bɔ Bible no tie. Sɛ wɔreyɛ ade foforo nso a wotumi bɔ tie. Ɛnde nea yɛaka yi nyinaa, emu nea ɛwɔ he na ɛbɛboa wo?

Wubetumi de nhoma a yɛde sua Bible ayɛ adwuma. Sɛ wode nhoma a yɛde sua Bible di dwuma a, ɛbɛboa wo paa. Aman ne nkurow a Bible aka ho asɛm no, wɔayɛ ho map, enti sɛ worekenkan na wohwɛ a, ɛbɛma woahu mmeae a nsɛm sisii na woatumi atwa ho mfonini. Wokɔ jw.org a, yɛwɔ “Bible Nkyerɛkyerɛ” afã wɔ hɔ. Nsɛm a ɛwɔ hɔ ne nea ɛwɔ yɛn nhoma ahorow mu nyinaa betumi aboa wo ama woate Bible ase.

Wubetumi afa kwan pii so. Sɛ Bible a wobɛkenkan afi ti akɔka ti no bɛyɛ den ama wo a, ɛnde fi ase kenkan baabi a w’ani gye ho paa. Sɛ Bible mu nnipa titiriw bi ho asɛm na wopɛ sɛ wokenkan a, wubetumi afa baako ho asɛm na woakenkan. Wuwie a, na wokɔ foforo so. Wopɛ sɛ wotweetwee Bible mu a, wɔakyerɛ sɛnea wubetumi ayɛ no wɔ adaka a wɔato din “Wopɛ sɛ Wuhu Bible Mu Yiye a Sua Emu Nnipa Ho Ade.” Anaa wopɛ nso a, fa asɛm bi anaa sɛnea nsɛm sisii no, na kenkan ho ade. Wuwie a, na wokɔ foforo so. Adɛn na wonsɔ emu baako nhwɛ?

a Nnipa pii ahu sɛ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu nsɛm yɛ pɛpɛɛpɛ, edi mu, na emu nso nyɛ den. Yehowa Adansefo na ɛyɛɛ Bible yi, na ebi wɔ kasa bɛboro 130 mu. Wubetumi atwe Bible no bi afi jw.org. Wubetumi nso atwe JW Library app agu wo fon so. Wopɛ nso a, Yehowa Adansefo betumi abrɛ wo Bible no bi.

WOPƐ SƐ WUHU BIBLE MU YIYE A SUA EMU NNIPA HO ADE

Mmaa anokwafo bi

Abigail

1 Samuel ti 25

Ester

Ester ti 2-5, 7-9

Hanah

1 Samuel ti 1-2

Maria

(Yesu maame) Mateo ti 1-2; Luka ti 1-2; san hwɛ Yohane 2:1-12; Asomafo Nnwuma 1:12-14; 2:1-4

Rahab

Yosua ti 2, 6; san hwɛ Hebrifo 11:30, 31; Yakobo 2:24-26

Rebeka

Genesis ti 24-27

Sara

Genesis ti 17-18, 20-21, 23; san hwɛ Hebrifo 11:11; 1 Petro 3:1-6

Mmarima anokwafo bi

Abraham

Genesis ti 11-24; san hwɛ 25:1-11

Dawid

1 Samuel ti 16-30; 2 Samuel ti 1-24; 1 Ahene ti 1-2

Yesu

Nsɛmpa no: Mateo, Marko, Luka, ne Yohane

Mose

Exodus ti 2-20, 24, 32-34; Numeri ti 11-17, 20, 21, 27, 31; Deuteronomium ti 34

Noa

Genesis ti 5-9

Paulo

Asomafo Nnwuma ti 7-9, 13-28

Petro

Mateo ti 4, 10, 14, 16-17, 26; Asomafo Nnwuma ti 1-5, 8-12

NNEƐMA A YEHOWA ADANSEFO AYƐ A ƐMA BIBLE AKENKAN YƐ DƐ

  • JW.ORG​—Nneɛma a yɛde sua Bible pii wɔ saa wɛbsaet yi so. Ebi ne “Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae.” Sɛ wopɛ sɛ wotwe JW Library app nso a, ɛho nsɛm wɔ hɔ

  • “Hwɛ Asase Pa No”—Wohwɛ saa nhoma yi mu a, wubehu map ne mmeae ahorow a Bible aka ho asɛm ho mfonini

  • Insight on the Scriptures—Nhoma yi wɔ afa mmienu. Ɛkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm mu yiye. Ɛma yehu nnipa, mmeae, ne nsɛm bi mu yiye

  • “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial”—Saa nhoma yi bɛma woanya Bible mu nimdeɛ pii. Ɛbɛma woahu bere, mmeae, ne nea enti a wɔkyerɛw Bible nhoma no biara. Afei ɛbɔ Bible nhoma biara mua

  • The Bible—God’s Word or Man’s?—Nhoma yi nyɛ kɛse pii. Yɛato yɛn bo ase paa ayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ ampa Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm

  • The Bible​—What Is Its Message?​—Ɛyɛ nhoma a ekura nkratafa 32. Asɛm pɔtee a ɛwɔ Bible mu no, nhoma yi bɔ no mua

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena