Boa Afoforo Ma Wonnu Ahosohyira Ne Asubɔ Ho
1 Anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛɛ yi sɛ yehu sɛ nnipa a wɔn dodow kɔ anim resua Bible no na wɔne Yehowa ahyehyɛde no bɔ fekuw! Na anigye no yɛ kɛse mpo wɔ boa a yɛboa wɔn ma wɔne Yehowa anya honhom fam abusuabɔ pa na wɔakura mu no mu.—Fa toto Aso. 20:35 ho.
2 Nea ɛfata nkamfo no, afoforofo pii anya nkɔso akodu baabi a wɔabɛyɛ wɔn a wɔde wɔn ho abɔ asafo no a wogye wɔn tom, na wɔn mu pii renya asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa. Afei ɛsɛ sɛ wɔkɔ anim kodu ahosohyira ne asubɔ mu. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa wɔn ma wɔatu anammɔn a ɛho hia yi?—Mat. 28:19.
ƆKWAN A YEBETUMI AFA SO ABOA
3 Ɛho hia sɛ yɛboa Bible adesuafo ma wonya ɔdɔ ne anisɔ ma Yehowa sɛnea ɛbɛyɛ a gyidi bɛka wɔn ma wɔahyira wɔn ho so ama no. (1 Be. 28:9a) Ne saa nti, kyerɛkyerɛ wɔn wɔ ofie Bible adesua no mu ma wonhu Yehowa su ahorow no yiye bere a mususuw ne nnwuma ne ne gyinapɛn ahorow ho no. Afei nso, boa adesuafo no ma wonnya agyede no ho anisɔ. Boa wɔn ma wonnya Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ.—Yoh. 17:3
4 Si Yehowa atirimpɔw a ɔdɔ wom ma onipa ne asase no ne Ne din kronkron a wɔbɛtew ho no so dua. Boa osuani no ma onhu sɛnea ɛfa ne ho ne sɛnea obetumi de mmuae ama nea ɔbɔ Yehowa ahohora no fann. (Mmeb. 27:11) Fa hokwan biara boa osuani no ma onnyin wɔ honhom mu sɛnea ɛbɛyɛ a ‘ɔbɛpa ne ho akyi na wama n’asɛndua so,’ na wabɔ asu sɛ Yesu Kristo suani.—Mat. 16:24.
5 Boa wo Bible adesuafo ma wonhu sɛ Yehowa mmara ne nnyinasosɛm ahorow no wɔ hɔ ma yɛn yiyedi. Ɛsɛ sɛ wohu sɛ, sɛ wɔtwɛn ma ɛka akyi ansa na wɔapaw sɛ wobegyina nokware som afa a, wobetumi ahwere daa nkwa akyɛde no. (Luka 21:34, 35) Ka anisɔ a wowɔ ma n’ahyehyɛde no, asafo no, nhyiam ahorow ne onuayɛ no ho asɛm kyerɛ wɔn. (Dw. 100:2) Kyerɛ wɔn sɛ Onyankopɔn Asɛm no wɔ nkwa na ahoɔden wom. Fa di dwuma ma adesuafo no ne Onyankopɔn nkurɔfo mmɔ wɔ nhyiam akɛse ne nketewaa nyinaa ase ne akwan afoforo so. Eyi bɛboa wɔn ma wɔanya ɔpɛ sɛ wɔn ankasa ne Yehowa benya abusuabɔ a emu yɛ den.
NTWENTWƐN WO NAN ASE
6 Etiopiani piani a Filipo kasa kyerɛɛ no no antwentwɛn ne nan ase sɛ obegye asubɔ. Ɔhwehwɛɛ n’ankasa adwene ne ne komam na obisaa Filipo sɛ nokwasɛm ahorow bi wɔ hɔ a esiw n’asubɔ kwan anaa. Bere a ohui sɛ biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ ɔtwentwɛn ne nan ase no, ɔma wɔbɔɔ no asu ntɛm ara. (Aso. 8:26-38) Saa honhom no na yɛpɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn Bible adesuafo mu nnɛ.—Fa toto Yohane 14:23; 2 Korintofo 5:14, 15 ho.
7 Wɔn a ‘wɔahyɛ wɔn agyirae’ ama nkwagye nkutoo na wobenya nkwa akɔ Yehowa nhyehyɛe foforo no mu. (Hes. 9:2-6) Anigye bɛn ara na wɔn a woagye saa ‘agyiraehyɛde’ a ɛbɛma wɔanya nkwa yi benya sɛɛ yi esiane wɔne Yehowa ntam abusuabɔ a wɔahyira wɔn ho so ama, sɛnea wɔde nsu mu asubɔ yɛ ho sɛnkyerɛnne no nti no!