Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/88 kr. 1
  • Ma a Wobɛma Animtew Mu Sɛ Ɔkwampaefo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma a Wobɛma Animtew Mu Sɛ Ɔkwampaefo
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • YƐ NHYEHYƐE PA
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Akwampae Adwuma Nhyira Horow
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Akwampaefo Boafo Adwuma—Woasɔ Ahwɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Botae a Ɛfata a Yɛde Besi Yɛn Ani so wɔ Ɔsom Afe Foforo no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 8/88 kr. 1

Ma a Wobɛma Animtew Mu Sɛ Ɔkwampaefo

1 “Nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.” (2 Kor. 9:7) Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ Onyankopɔn ayamye ho anisɔ na ɔdaa eyi adi wɔ n’adwumayɛ a wɔangow mu wɔ Tesalonikafo mu no mu. Nea ɛne no hyia no, ɔkyerɛw wɔn akyiri yi sɛ: “Sɛ yɛpɛ mo asɛm sɛɛ nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛpɛe sɛ yɛne mo kyɛ.”​—1 Tes. 2:8.

2 So yɛte nka saa ara wɔ honhom mu ademude a yɛne afoforo bɛkyɛ no ho? Sɛ saa a, so yebetumi asusuw hokwan a yɛwɔ sɛ yɛbɛsom sɛ akwampaefo aboafo wɔ asram kakraa a edi anim no mu na ebia yɛde yɛn ho ahyɛ daa akwampae adwuma no mu December mu no ho anibere so?

NEA WUBETUMI AYƐ

3 Ɛnya nea akwampaefo aboafo anaa daa akwampae adwuma no a wode wo ho bɛhyɛ mu no betumi aba kwa. Mmɔdenbɔ pa a efi koma a wɔakanyan no yiye mu de Yehowa nhyira bɛba. Fa asɛm no kɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Ka nea wo koma pɛ no ho asɛm kyerɛ no. (1 Yoh. 5:14; 2 Tes. 3:1) Fa nokwaredi pɛɛpɛe wo tebea horow mu hwɛ baabi a wubetumi ayɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a wubedu nea wɔhwehwɛ no ho. Ebia sɔre a wobɛsɔre ntɛm kakra anɔpa na woakɔka akwampaefo afoforo ho wɔ asɛnka no bɛyɛ nea wuhia nyinaa ma woatumi adu akwampae nhyehyɛe no ho. Anaasɛ ebia anwummere adansedi bɛboa wo ma woayɛ eyi.

4 Wone akwampaefo afoforo, mo ɔsom adwuma sohwɛfo, anaa Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo nkɔmmɔbɔ pefee betumi ama woanya nyansahyɛ ahorow a ɛbɛboa. (Mmeb. 15:22; 16:3) Abusua mufo nso betumi de nkuranhyɛ ama, titiriw sɛ wɔyɛ mfɛfo asomfo a. Akwampaefo aboafo ne daa akwampaefo a wɔwɔ mmusua asɛyɛde pii osuahu ne sɛ abusua no mufo taa wɔn akyi na wɔn ani gye ofie no honhom mu tebea a enya nkɔso a efi emuni bi akwampae adwuma mu ba no ho.

YƐ NHYEHYƐE PA

5 Wo dwumadi a wubesua sɛnea wobɛhyehyɛ no ho hia kɛse. Wɔ honam fam asetra mu mpo no. Paulo kamfo kyerɛe sɛ anuanom a wɔwɔ Korinto no nni biribi a wɔyɛ daa bi akyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi wɔn komam nsusuwii pa ho dwuma. (1 Kor. 16:2) Asɛnka adwuma a ɛho hia no mu kyɛfa a wubenya no ho nhyehyɛe a woayɛ no yiye a wubekura mu no ho hia kɛse mpo. W’ankasa ho mu a wobɛpɛɛpɛe, nneɛma a wudi kan yɛ, ne wo bo a wubesi ho hia.​—1 Kor. 9:23, 25, 27.

6 Nya adwene a emu da hɔ wɔ akwampaefo aboafo ne daa akwampae adwuma no ho. Wurennya tebea a eye koraa wɔ nhyehyɛe dedaw yi mu. Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde Ahenni no di kan no hwɛ ahohiahia a anigye ne nhyira a wɔhyɛ ho bɔ no ka ho, ne “daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu” kwan. (Marko 10:29, 30; Aso. 14:22) Enti eye sɛ yebesuasua pii a wɔyɛ akwampae adwuma a ɔyare, sika kakraa bi a wɔwɔ, anaa akwanside afoforo a ɛyɛ anibere no mfa ho no gyidi ne nhwɛso no. Wɔkwati sɛ wɔbɛma nhyehyɛe dedaw yi mu ade bi ayɛ nea ɛsen biara wɔ wɔn asetra mu. (1 Kor. 7:29-31) Sɛnea akwampaefo bi ka no no, wɔasua kɛkɛ sɛ ‘wobetwa afa wɔn nsɛnnennen no ho’ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ akwampae adwuma no.​—Fa toto 2 Korintofo 12: 7-10 ho.

7 Ampa, Yehowa aka sɛ wɔn a wofi wɔn pɛ mu fi koma pa mu ma sɛnea wɔn ankorankoro nsɛm tebea horow te no benya anigye. (Yes. 65:14) Wotwa pii wɔ asomdwoe ne akomatɔyam mu a abasow a enya nkɔanim ka ho denam nnipa a wɔboa wɔn ma wɔba Yehowa afã no so. Sɛ wugye nsa a wɔto frɛ wo sɛ tew w’anim ma sɛ ɔkwampaefo boafo anaa daa ɔkwampaefo no tom a, nhyira horow a ɛte saa no ne afoforo pii betumi ayɛ wo de.​—2 Kor. 9:6; Mmeb. 11:25.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena