Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/88 kr. 3
  • Nya Reasoning Nhoma no mu mfaso Horow no Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Reasoning Nhoma no mu mfaso Horow no Bi
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wode Reasoning Nhoma no Reyɛ Adwuma?
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Fa Reasoning Nhoma No Di Dwuma Wɔ Wo Som Adwuma Afã Horow Nyinaa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Sɛnea Yebetumi ne Afoforo Asusuw Nsɛm Ho
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Reasoning From The Scriptures Nhoma No Mmoa So
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 8/88 kr. 3

Nya Reasoning Nhoma no mu mfaso Horow no Bi

1 Adwuma kɛse bɛn ara na Yehowa de ama ne nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so sɛ wɔnyɛ wɔ nna a edi akyiri yi mu sɛɛ yi! (Mat. 24:14; 28:19, 20) Sɛ ɔsoro mmoa a yɛde bɛyɛ saa wiase nyinaa ɔsatu yi nnim a, anka yɛrentumi nyɛ. Hwɛ aseda ara a yɛde ma sɛ yɛwɔ abɔfo mmoa wɔ daa asɛmpa no a yɛka no mu!​—Adi. 14:6, 7.

2 Egye nokware mmɔdenbɔ wɔ yɛn fam sɛ asɛmpakafo sɛnea ɛbɛyɛ a yebedu nnipa a wofi “aman ne mmusua ne kasa . . . nyinaa mu” no komam. Nanso, ɛdenam Yehowa asase so ahyehyɛde no so no, wama yɛn mmoa a yehia na yɛde ayɛ eyi no. Nsiesiei a ɛte saa no mu biako ne Reasoning From the Scriptures nhoma a nsɛm a ɛsom bo pii a wobetumi de adi dwuma wɔ nnipa ahorow ahorow nkɔmmɔbɔ mu wɔ ne nsɛmti 76 no mu no.

3 Akyinnye biara nni ho sɛ saa nhoma yi a wɔde di dwuma wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no reboa wo honhom fam. Nanso so worebɔ mmɔden de nsɛm yi adi dwuma wɔ wo som adwuma mu? So wutumi hu nkɔso wɔ sɛnea wutumi ne nkurɔfo susuw nsɛm ho no mu? Ɛwom sɛ ebia w’ankasa wubebua sɛ yiw de, nanso wɔabɔ amanneɛ sɛ anuanom mmarima ne mmea pii mmfa Reasoning nhoma no nni dwuma, na sɛ ebinom rekɔ asɛnka a wɔmmfa nkɔ. Dɛn nti na eyi te saa? Ebia ɛte saa efisɛ wonhuu bo a nhoma no mu nsɛm som no. Pii a wɔde Reasoning nhoma no di dwuma no ahu sɛ wotumi de ho to so sɛ wobenya mmoa wɔ bere pa mu na wɔanya mmuae ama nsɛm pii a nkurɔfo bisa no.

4 Emu nneɛma a ɛboa kɛse no bi ne index a efi ase wɔ kratafa 439 no. Ɛmmfa asɛntitiriw biara mu biribiara mma, nanso ɛma nea wubetumi adan akɔ so a wubehu sɛ ɛho wɔ mfaso bere a wudi tebea horow bi ho dwuma no.

5 Sɛ nhwɛso no, ɛtɔ mmere bi a yehyia nkurɔfo a wobisa yɛn nsɛm a ɛfa Bible no so a wobetumi de ho ato ho. Ebia wɔbɛbɔ mmɔden akasa atia Kyerɛwnsɛm no anaasɛ nea Yehowa Adansefo gye di no. Ebia wobebisa nsɛm te sɛ, “Ɛhe na Kain nyaa ne yere no?” Ɛwom sɛ wurennya eyi wɔ “Principal Subjects” a ɛwɔ nhoma no anim hɔ no ase hɔ de, nanso sɛ wohwɛ index no mu wɔ “Cain” ase a, wubehu sɛ asemmisa no ho mmuae wɔ nkratafa 301-2. Anaasɛ ebia obi bɛka sɛ abɔnefo sɛe no ne Onyankopɔn dɔ no nhyia. Sɛ wohwɛ “Love” ase wɔ index no mu a, wɔdan wo kɔ kratafa 48, faako a wubehu ɔkwan a wobɛfa so ne onipa no asusuw asɛm no ho.

6 Ade foforo a ɛboa nso ne “Scriptures Often Misapplied” a ɛwɔ kratafa 445 no. Ebia ofiewura no bebisa asɛm afa Bible mu asɛm bi ho anaasɛ ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔde bedi dwuma de aboa atoro gyidi bi. Ebia ɔbɛfa 1 Tesalonikafo 4:13-18 aka de aboa atoro gyidi a ɛne sɛ ebinom bɛforo akɔ soro a wɔrennwu wɔ asase so ha no. Wɔdan adwene kɔ kratafa 312 a wubenya nkyekyem ahorow yi ho nsɛm no so. Sɛ obi gye akyinnye sɛ wɔbɛhyew asase no na ɔdan adwene kɔ 2 Petro 3:7 so a, wubenya nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ wɔ nkratafa 113 ne 436. Enti sɛ wobisa wo sɛ kyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm bi mu a, ma wo Reasoning nhoma no mmɛn wo na hwɛ sɛ wɔde saa kyerɛwsɛm no bae wɔ nhoma no fã yi mu anaa.

7 Mmofra ne mpanyin nyinaa betumi anya nhoma yi mu mfaso horow no bi. Ɛnyɛ den sɛ wɔde bedi dwuma, nanso egye mmɔdenbɔ ne sua a wosuasua. Hu nnianim 41 a wɔde ama wɔ nkratafa 9-15 no mu yiye. Afei nso, akwan 47 wɔ hɔ a wode bɛyɛ wɔn a wobetumi asiw nkɔmmɔbɔ kwan no ho adwuma a wɔahyehyɛ wɔ nkratafa 15-24. So worebɔ mmɔden sɛ wode emu bi bedi dwuma, titiriw nea ebetumi atu mpɔn kɛse bere a wone nkurɔfo kasa wɔ w’asasesin mu no?

8 Yɛn ani gye hokwan a yɛwɔ sɛ yɛbɛka asɛm wɔ nna a edi akyiri yi mu no ho. Ɛda adi sɛ Yehowa ama yɛn nea ɛbɛma yɛn adwuma no atu mpɔn. Momma yɛnkɔ so mfa nnwinade a ɛsom bo kɛse no mu biako, Reasoning nhoma no nni dwuma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena