Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔafi Ɔkra Nyinaa Mu Asom Yehowa
1 Yehowa hwehwɛ ma ɛfata sɛ yɛn nyinaa fi ɔkra nyinaa mu som no. (Marko 12:30; Kol. 3:23) Ɛwom sɛ nea yetumi yɛ sonsonoe de, nanso yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de som no sɛ ankorankoro.—Mat. 13:23.
2 So yebetumi aboa yɛn mma kɛse wɔ eyi mu? So akwan bi wɔ hɔ a yebetumi afa so de nkuranhyɛ pii ama wɔn a yɛne wɔn sua Bible no? So ebinom wɔ asafo no mu a sɛ yɛma wɔn mmoa ahorow bi a etumi yɛ adwuma a, wobetumi anya nkɔso a edi mũ na ɛdɔɔso wɔ wɔn som mu?
ƆKWAN A YƐBƐFA SO ABOA
3 Nnipa pii wɔ hɔ a wɔba asafo nhyiam horow no daa. Ebinom afata sɛ wobenya asɛnka mu kyɛfa. Eyi fata nkamfo. Nanso, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔasi gyinae sɛ wobehyira wɔn ho so agye asubɔ. So yebetumi aboa wɔn wɔ eyi mu? So yɛne wɔn ankasa abɔ nkɔmmɔ a ɛka koma? Ebia asɛm “Ɛdɛn na Esiw Me Asubɔ ho Kwan?” a ɛwɔ April 1, 1982 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 15-18 no mu nkɔmmɔbɔ penpen a efi ayamye mu bɛboa.
4 Wɔn a wɔabɔ wɔn asu nanso wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wode wɔn ho bɛma aso hokwan ahorow a wɔn tumi ne wɔn nsɛm tebea horow bɛma ho kwan mu no nso wɔ hɔ. Ebia ebinom yɛ adawurubɔfo a wɔkɔ asɛnka daa a wɔyɛ akwampaefo aboafo bere ne bere mu. So wobetumi ayɛ nsakrae ahorow bi a ehia na ama wɔabɛyɛ daa akwampaefo aboafo? So ebetumi ayɛ yiye sɛ ebinom a wɔyɛ daa akwampaefo aboafo no betumi abɛyɛ daa akwampaefo? Ɛtɔ mmere bi a, afotusɛm a nyansahyɛ pa ka ho a efi ɔwofo, ɔpanyin, anaasɛ obi a ɔyɛ daa ɔkwampaefo dedaw hɔ no bɛkanyan wɔn a wɔtete saa no ma wɔasom akodu baabi a wɔn tumi ne wɔn nsɛm tebea horow bɛma kwan biara.—2 Tim. 4:2.
FA NKURANHYƐ MA
5 Ebia afoforo bɛfata sɛ wɔpaw wɔn sɛ asafo mu asomfo anaa mpanyimfo bere a wɔayɛ nkuranhyɛ a ɛho hia ho ade na ‘wɔapɛ’ hokwan ahorow a ɛte saa no akyi no. (1 Tim. 3:1) Ɛdenam mmoa a eye a wɔde ma wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu no a ebinom de bedi dwuma no so no. wobetumi abɛyɛ baguam akasafo pa. So wubetumi asusuw hokwan afoforo a sɛ ebinom a wɔwɔ w’abusua no anaa asafo no mu nya mmoa a wobetumi afata ama ho? Ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa?
6 Ɛsɛ sɛ yɛde ɔsom a eye sen biara a yebetumi no ma Yehowa. (Adi. 4:11) Yɛpɛ sɛ yefi yɛn kra nyinaa mu yɛ n’apɛde na yɛboa afoforo ma wɔyɛ saa ara. (Efe. 6:6) Wɔn a wogye mmoa ne nkuranhyɛ a ɛbɛma wɔafi ɔkra nyinaa mu asom Yehowa no so no betumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma wɔn “akatua a ɛsɛ.”—Kol. 3:24, NW.