Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/93 kr. 5
  • So Wubetumi Ayɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetumi Ayɛ?
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Botae a Ɛfata a Yɛde Besi Yɛn Ani so wɔ Ɔsom Afe Foforo no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Akwampaefo Boafo Adwuma—Woasɔ Ahwɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • So Wutumi Yɛ Akwampaefo Boafo?
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 8/93 kr. 5

So Wubetumi Ayɛ?

1 Wubisa sɛ ‘mɛyɛ dɛn?’ Mmebusɛm 3:27 bua sɛ: “Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.” So “ɛwɔ wo tumi mu” sɛ wobɛtrɛw wo dwumadi ahorow mu na woanya akwampaefo aboafo anaa daa akwampaefo adwuma mu kyɛfa? So wubetumi ayɛ saa?

2 Hwɛ nkuranhyɛ ara a ɛyɛ sɛ yɛkenkan wɔ 1993 Yearbook no mu sɛ, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, yenyaa daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo 3,584 wɔ Ghana, kyerɛ sɛ na adawurubɔfo 10 biara mu 1 yɛ ɔkwampaefo. Yiw, nnipa 488 de wɔn ho hyɛɛ daa akwampae adwuma no mu wɔ afe a etwaam no mu. Eyi kyerɛ sɛ ɔsram biara adawurubɔfo bɛyɛ 40 hwehwɛɛ wɔn nsɛm tebea mu hui sɛ wobetumi ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu.

3 Akwampaefo aboafo adwuma yɛ ɔkwan a wɔfa so yɛ afoforo yiye. Afe a etwaam no yenyaa akwampaefo aboafo dodow nkɔanim 3,168. Eye paa. Adawurubɔfo pii rehwehwɛ akwan a wɔbɛfa so ayɛ akwampaefo aboafo adwuma mpɛn pii wɔ afe no nyinaa mu.

4 Nea ɛbɛyɛ na woahu sɛ ebia ‘wubetumi ayɛ’ anaa wuntumi nyɛ no, ehia sɛ wudi kan susuw ɔpɛ a wowɔ wɔ wo komam no ho. (Mat. 22:37-39) Asomafo no Nnwuma 20:35 ka sɛ: “Ɔma mu wɔ [anigye] sen ogye.” Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wofi wɔn komam de honhom fam mmoa ma no wɔ ɔpɛ a ɛteɛ no. Sɛ wubetumi ayɛ ɔdawurubɔfo anaa ɔkwampaefo a ɔsow aba a, saa ɔpɛ no ho hia.

5 Nea ɛto so abien no, susuw wo mprempren nsɛm tebea horow ho. So wubetumi ayɛ nsakrae wɔ wo da biara nsɛm mu na wode wo bere nyinaa asom? Ɛnyɛ obiara na obetumi ayɛ saa. Nanso bere a wɔde mpaebɔ ahwehwɛ wɔn ho mu akyi no, afe biara nnipa mpempem pii nya ɔkwan a wɔfa so ‘yɛ.’ (Kol. 4.5; w77 kr. 701) Sɛ nhwɛso no, mmusua bi paw asram pɔtee ma abusua no mufo bi anaa wɔn nyinaa yɛ akwampaefo aboafo adwuma. Mmusua afoforo nso boa abusua no muni biako honam fam ma ɔyɛ daa ɔkwampaefo. So mo abusua no asusuw eyi a mubetumi ayɛ no ho?—Hwɛ Mmebusɛm 11:25.

6 Afoforo a woboa wɔn ma wohu nokware no na ɛde nokware akomatɔyam ba, sɛ ebia wosom sɛ ɔdawurubɔfo anaasɛ ɔkwampaefo no. Yenim sɛ afoforo a wɔyɛ wɔn yiye de nokware anigye ba, ne titiriw sɛ ɛwɔ ‘yɛn tumi mu sɛ yɛbɛyɛ’ a.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena