Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/93 kr. 5
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1993
Yɛn Ahenni Som—1993
km 8/93 kr. 5

Asemmisa Afã

◼ Nsonsonoe bɛn na ɛda obi a watwe ne ho ne ɔdawurubɔfo a wayɛ mmerɛw ntam?

Obi a watwe ne ho yɛ obi a ‘ɛwom sɛ ɔyɛ asafo no muni a wɔabɔ no asu de, nanso ɔboapa pow ne Kristofo gyinabea, ɔpow asafo no na ɔka sɛ ɔmpɛ sɛ wɔbɛfrɛ no Yehowa Adansefo mu biako bio.’ (Yɛn Som Adwuma, kr. 149) Ebia waka no pen akyerɛ mpanyimfo no sɛ ɔnyɛ Yehowa Adansefo mu biako bio.

Ebia ɔdawurubɔfo bi nam ne nneyɛe so bɛtwe ne ho—ɔde ne ho kɔbɔ wiasefo ahyehyɛde bi a ne botae ne Bible no bɔ abira ho. (Fa toto Yesaia 2:4 ho.) Kristoni a ɔde ne ho kɔbɔ nyamesom foforo ho no twe ne ho fi Kristofo ahyehyɛde no ho.—Hwɛ The Watchtower, October 15, 1986 de, kratafa 31.

Sɛ obi twe ne ho a, wɔbɛbɔ asafo no amanneɛ tiawa. Ɛno akyi no, wobebu no sɛnea wobu obi a wɔatu no ara pɛ.—1 Yoh. 2:19; 2 Yoh. 10, 11; June 1993 Yɛn Ahenni Som, Asemmisa Afã.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ Kristoni bi yɛ mmerɛw wɔ honhom mu na wankɔ asɛnka asram asia a, ɔdan obi a wayɛ mmerɛw. Bere a wayɛ mmerɛw no, ebia obegyae nhyiam horow nso kɔ. ‘Ebia na onipa a ɔte sɛɛ no nsua Onyankopɔn Asɛm no daa, anaa ebia ɔrehyia nsɛnnennen anaa ɔtaa.’ (Yɛn Som Adwuma, kr. 150) Enti wɔ Yehowa ani so no, Kristoni a wayɛ mmerɛw tebea yɛ soronko koraa wɔ obi a watwe ne ho de ho.

Yebetumi agyina Romafo 15:1 so aboa obi a wayɛ mmerɛw, efisɛ ɔnte sɛ obi a watwe ne ho, ɔda so ara yɛ onua. Momma yɛn nyinaa mmoa mma yɛnhyɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw wɔ yɛn asasesin no mu ‘nsa a ayɛ bɛtɛɛ no den’ mfa nsuasua Yehowa ne ne Ba no.—Yes. 35:3; hwɛ November 1983 Yɛn Ahenni Som, nkratafa 1 ne 2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena