San Kɔ Anigyefo a Wunyaa Wɔn no Nkyɛn
1 Yɛn mu pii atumi de nsɛmma nhoma ne brochure ahorow amema. Ɛho hia sɛ yɛsan kɔ wɔn nkyɛn na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma wɔn anigye no ayɛ kɛse. Eyi a yebetumi ayɛ no begyina sɛnea yebesiesie yɛn ho yiye ansa na yɛakɔ sankɔhwɛ no so.
2 Kae sɛ nneɛma a ɛhaw mpanyimfo no nso haw mmofra mu dodow no ara. May Awake! no kura nsɛm a ɛpɛɛpɛɛ ɔhaw ahorow a mmofra hyia mprempren no mu. Nsɛm yi de nhumu a ebetumi aboa mmofra ne wɔn awofo na ama wɔahu nea ɛho hia ankasa wɔ asetra mu ma.
3 Sɛ wode May 8 “Awake!” no mae a, wubetumi ayɛ nhyehyɛe de May 22 de no nso akɔma no. Wubetumi aka sɛ:
◼ “Nea etwa to a mede maa wo no kura anidaso a ɛwɔ hɔ ma mmofra ho nsɛm. Ɛsɛ sɛ yɛn mma nyin wɔ wiase a enni anidaso titiriw biara mu. Wɔn mu pii tew atua de da ɛyaw a wodi adi. Nanso ebinom kari pɛ na wokura gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn mu. Awake a aba foforo no mu nsɛm yi kyerɛkyerɛ sɛnea asennibea kɛse bi gyee abofra bi gyinabea toom no mu. Misusuw sɛ w‘ani bɛsɔ nea ɛwɔ ka no ho.”
4 Wubetumi afa ɔkwan yi so de “brochure” ama:
◼ “M‘ani gyee asase yi daakye ho nkɔmmɔ tiawa a yɛbɔɔ nnaano no ho. So wubetumi ahu sɛnea asetra bɛyɛ wɔ ha bere a Onyankopɔn ma nsɛmmɔnedi ne amanehunu ba awiei no? [Fa mfonini a ɛwɔ What Is The Purpose of Life?—How Can You Find It? kratafa 31 kyerɛ no] Hyɛ Bible nkyekyem ahorow a ɛwɔ nkratafa 29 ne 30 a ɛka nhyira horow a Onyankopɔn Ahenni de bɛba no nsow. [Paw kyerɛwsɛm no biako kenkan no tee fi brochure no mu] Mɛpɛ sɛ mede begyaw wo.”
5 Sɛ wosan kɔ hɔ a, ebia wubehu sɛ ofiewura no nya n’ankasa asɔre nhoma na ɔte nka sɛ ɛdɔɔso. Wubsetumi aka sɛ:
◼ “Ɔsom a yewom mfa ho, ɔhaw koro no ara mu pii—nsɛmmɔnedi, ɔyare a emu yɛ den, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho haw—ka yɛn nyinaa, anaa ɛnte saa? [Twɛn ma ommua.] So wote nka sɛ ɔhaw ahorow yi ano aduru ankasa bi wɔ hɔ? [Kenkan 2 Petro 3:13.] Wɔaka yɛn nhoma no atirimpɔw wɔ Ɔwɛn-Aban no kratafa 2. [Kenkan asɛm biako anaa abien a woapaw.] Nnipa pii a wɔnyɛ Yehowa Adansefo ani gye sɛ wɔbɛkenkan yɛn nhoma ahorow no esiane nsɛm a anidaso wom a egyina Bible so a ekura no nti.” Sɛ ofiewura no kyerɛ anigye a, kyerɛkyerɛ yɛn ofie Bible adesua nhyehyɛe no mu kyerɛ no.
6 Wubetumi afa ɔkwan yi so:
◼ “Bere a etwa to a mebaa ha no, yɛkaa daakye anidaso a ɛwɔ hɔ ma yɛn wiase no ho asɛm. Wususuw amanneɛbɔ yi ho dɛn? [Ka asɛm bi a ɛhaw adwene a asi.] Sɛ nkurɔfo te nneɛma a ɛte sɛɛ ho asɛm a, ɛmma wontumi nhu nea ɛbɛba wiase yi so, ɛnte saa? Yegye di sɛ nneɛma a ɛtete sɛɛ no kyerɛ sɛ yɛwɔ ‘nna a edi akyiri’ a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Bible mu wɔ 2 Timoteo 3:1-5 no mu.” Bere a woakenkan emu nsɛntitiriw no, wubetumi abisa sɛ wahu nnipa a saa nkyerɛkyerɛmu no fata wɔn. Montoa so nsusuw Reasoning nhoma no nkratafa 234-8 hɔ nsɛmti nketewa no biako ho.
7 Sɛ yesiesie yɛn ho yiye na yɛkyerɛ nokwarem sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɛboa wɔn a, yebetumi anya ahotoso sɛ nnipa komapafo betie.—Yoh. 10:27, 28.