Brochure Ahorow—Nnwinnade a Ɛsom Bo ma Ɔsom Adwuma No
1 Odwumfo a ne ho akokwaw taa fa nnwinnade ahorow a wɔayɛ emu biara ama adwuma pɔtee bi. Sɛ́ Ahenni adawurubɔfo no, yɛwɔ brochure ahorow pii a ɛbɛboa yɛn ma yɛde ahokokwaw adi nnipa a yɛka asɛm kyerɛ wɔn no ahiade ahorow ho dwuma. (Mmeb. 22:29) Wubetumi ahyia obi a wabotow wɔ ɔpon biako ano. Wɔ foforo ano no, ofiewura no hwehwɛ nniso a edi nokware, bere a obi foforo nso ntumi nhu sɛ ebia atirimpɔw bi wɔ asetra mu anaa no. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de yɛn brochure ahorow no aboa nnipa yi?
2 Sɛ wode “So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?” “brochure” rema a, wubetumi aka biribi sɛɛ:
◼ “Nnipa bi a wohu wiase no mu amanehunu ne nsisi no taa de ɛho asodi no nyinaa to Onyankopɔn so. Wosusuw sɛ esiane sɛ Onyankopɔn yɛ ade nyinaa so tumfoɔ nti, sɛ odwen yɛn ho ampa a, anka wama yɛn amanehunu aba awiei. Wote nka dɛn wɔ ɛno ho? [Twɛn ma ommua.] Dwom 72:12-14 kyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho ampa. Ɛnyɛ ɔno na ɔma amanehunu ne nsisi ba. Wahyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ obeyi nnebɔneyɛfo afi hɔ. Brochure yi a ɛne So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? no kyerɛ nea ɔbɛyɛ ne sɛnea yebetumi anya mu mfaso.” Ebia wubetumi de nsɛm a ɛwɔ kratafa 27 nkyekyem 22 no atoa nkɔmmɔbɔ no so.
3 Sɛ wode “Asetra Atirimpɔw” “brochure” no redi dwuma a, ebia wobɛpɛ sɛ wufi ase saa kwan yi so sɛ:
◼ “Sɛnea ɛte biara no, ɛkame ayɛ sɛ obiara susuw asetra atirimpɔw ho. So ɛne sɛ yɛbɛtra ase mfe 70 anaa 80 na afei yɛawuwu? Anaasɛ asetra kyerɛ pii sen saa? Wususuw ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Yehu Onyankopɔn atirimpɔw a ɛyɛ anigye ma onipa ne asase no wɔ ha wɔ Dwom 37:29.” Sɛ mokenkan kyerɛw nsɛm no wie a, dan kɔ mfonini a ɛwɔ kratafa 31 no so, na san ka sɛnea Paradise mu tra bɛyɛ ho asɛm.
4 Wubetumi de “Hwɛ!” “brochure” no akyerɛ denam anim ne akyi hɔ mfonini no nyinaa a wode bɛkyerɛ na woabisa eyi no so:
◼ “Wususuw sɛ dɛn na ebehia na wɔama asase no ayɛ te sɛ eyi? [Twɛn ma ommua.] Obiara a ɔwɔ mfonini yi mu no wɔ ofie ne adwuma a ɛyɛ anigye. Asomdwoe ne aduan pii a wobedi wɔ ha, na efĩ nni asase no so. Ɛwom sɛ adesamma nniso horow bɔ mmɔden kɛse de, nanso ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛma wiase a ɛte sɛɛ aba. Nanso Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛyɛ ‘nneɛma nyinaa foforo.’ [Bue kratafa 30, na kenkan Adiyisɛm 21:3, 4.] Brochure yi betumi aboa wo ma woahu nea ɛho hia sɛ woyɛ na woatra saa wiase foforo no mu.” Sɛ ɔda anigye a ɛfata adi a, bue kratafa 3, na kyerɛ sɛnea wɔyɛ Bible adesua.
5 Wubetumi afa ɔkwan yi so de “Asetra wɔ Asase So” “brochure” no adi dwuma:
◼ “Nnipa pii susuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ soro na ama wɔanya daa nkwa, nanso wususuw asase so a wobɛtra daa no ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ yebetumi anya daa nkwa, na ɛkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi adu saa botae no ho.” Kenkan Yohane 17:3. Afei fa mfonini 49 no kyerɛ ofiewura no na bisa sɛ: “Wobɛpɛ sɛ wotra wiase a ɛte sɛɛ mu?” Fa brochure no ma, na yɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe.
6 Brochure ahorow no kura nsɛmti a ɛyɛ ne bere mu de, ebua nkurɔfo nsemmisa na ɛde awerɛkyekye ma. Sɛ yɛde nnwinnade yi di dwuma ahokokwaw so a, yebetumi aboa nnipa komapafo ma ‘wɔaba nokware nimdeɛ mu.’—1 Tim. 2:4.