Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/95 kr. 1
  • Kristofo Abrabɔ Wɔ Sukuu Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristofo Abrabɔ Wɔ Sukuu Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛ Den Honhom Mu, Ma Wo Ho Ntew Mma Yehowa Som
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Siesie Wo Ho Honhom Mu Ma Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Kristofo Mmofra​—Munnyina Pintinn Wɔ Gyidi No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Wo Gyidi Betumi Ama Woagyina Nea Ɛreba No Ano Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 8/95 kr. 1

Kristofo Abrabɔ Wɔ Sukuu Mu

1 Sɛ woyɛ Kristoni abofra a woda so kɔ sukuu a, wuhia gyidi a ɛyɛ den na woatumi akura wo mudi mu. Wowɔ ayɔnkofo bɔne ne tebea a ebetumi asɔ wo gyidi ahwɛ mu. Ɛho hia sɛ wode Petro afotu a ese: “Mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na . . . wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam” no bedi dwuma. (1 Pet. 2:12) Ehia sɛ wunya akokoduru, na wusi wo bo, ansa na woatumi agyina asɛnnennen yi ano.

2 Wɔde nkɛntɛnso bɔne a egu nnipa ho fĩ a ɛne ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim, kasafĩ, tawa, ne nnubɔne nom ho nsɛm pii haw wo bere a wowɔ sukuu anaa wowɔ fie. Wuhyia sɔhwɛ ahorow a ebetumi asɛe edin a woagye wɔ abrabɔ pa mu no, da biara da. Te sɛ mpanyin no, sɛ wubetumi agyina sɔhwɛ ahorow a ɛtete saa ano a, ɛsɛ sɛ wo nso ‘wopere gyidi no ho.’—Yuda 3; hwɛ July 15, 1991, Ɔwɛn-Aban, (Vol. 112, No. 14) nkratafa 23-6.

3 Wɔyɛ ɔman ho dɔ ho guasodeyɛ ahorow wɔ sukuu mu, na wodi wiasefo nnapɔnna. Wunim ɔman ne nyamesom nnapɔnna a wɔhyɛ ho nkuran wɔ wo sukuu mu? Sɛ tebea bi a ɛyɛ den sɔre a, wubetumi ‘anya ahonim pa, na wɔn a wogu w’abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu’?—1 Pet. 3:16.

4 Ebia sukuu agumadi anaa anigyede ahorow ho akɔnnɔ bɛsɔ wo ahwɛ. Ɛsɛ sɛ woma w’ani da hɔ na wuhu sɛnea nneɛma a ɛte sɛ nea ɛyɛ anigye yi betumi ama woagyae wo gyidi mu asiesie. Ɛho hia sɛ wopaw nnamfo a wubetumi ne wɔn ‘anya awerɛkyekye,’ a mo mu biara bɛhyɛ ne yɔnko gyidi den.—Rom. 1:12.

5 Wubetumi Agyina, Denam Yehowa Mmoa So: Satan sɔ wo gyidi hwɛ bere nyinaa. Sɔhwɛ ahorow a ɛsɛ sɛ wugyina ano no mu betumi ayɛ den, nanso ɛso akatua no ma ne nyinaa yɛ nea ɛfata. (1 Pet. 1:6, 7) Wuntumi nnyina denam w’ankasa ahoɔden so; ɛsɛ sɛ wohwehwɛ Yehowa hɔ mmoa. Yesu hyɛɛ n’asuafo nkuran sɛ: “Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu.” (Mat. 26:41) Nteɛso ne ahosodi ho hia.—1 Kor. 9:27.

6 Kae bere nyinaa sɛ wubebu w’abrabɔ ho akontaa akyerɛ Yehowa. (Ɔsɛnk. 11:9) Ɛwom sɛ ebia afoforo renhu nea woyɛ de, nanso Yehowa hu na obebu ho atɛn. (Heb. 4:13) Ɛsɛ sɛ ɔpɛ a emu yɛ den a wowɔ sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ n’ani no ka wo ma ‘wode osuro ne ahopopo yɛ w’ankasa nkwagye ho adwuma wie.’ (Fil. 2:12) Onyankopɔn Asɛm no a wobɛkenkan no da biara da no yɛ mmoa kɛse. Afotu pa ne nhwɛso fɛfɛ a wubetumi asuasua ayɛ ma.—Heb. 12:1-3.

7 Awofo, mode mmoa a ɛho hia ma. Ɛho hia sɛ mohwɛ mo mma, na muhu ɔhaw ahorow a wohyia, na mode mmoa ma bere a ɛho hia no. Mo ne mo mma wɔ abusuabɔ pa? Moama wɔanya Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow ho ntease a ɛfata? Sɛ mo mma hyia nhyɛso anaa sɔhwɛ a, wogyina pintinn, anaasɛ wɔpa abaw ntɛm? Wɔn aba mu bu esiane sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ soronko wɔ wɔn atipɛnfo ho nti? Sɛ́ awofo no, ɛyɛ mo asɛyɛde sɛ moboa wɔn. (Deut. 6:6, 7) Sɛ moyɛ mo adwuma yiye a, mubetumi aboa wɔn ma wɔadi nkonim wɔ gyidi ho ko no mu.—Mmeb. 22:6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena