Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/96 kr. 1
  • Asɛmpa a Eye Kyɛn So Ho Dawuru a Wɔbɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa a Eye Kyɛn So Ho Dawuru a Wɔbɔ
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔwɛn-Aban ne Nyan!—Bere a Ɛfata mu Nsɛmma Nhoma a Ɛka Nokware
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a Yɛde Bedi Dwuma Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛmma Nhoma Ka Ahenni no Ho Asɛm
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Fa Bere Si Hɔ ma Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1996
km 10/96 kr. 1

Asɛmpa a Eye Kyɛn So Ho Dawuru a Wɔbɔ

1 Ɔwɛn-Aban no de mfirihyia 117 agyina Bible mu nokware akyi. Seesei wotintim nea ɛba biara no, 18,950,000 wɔ kasa horow 125 mu. Nyan! nso fi bere tenten abɔ Onyankopɔn Asɛm ho dawuru, na seesei wotintim nea ɛba biara no 15,730,000 wɔ kasa horow 80 mu.—Fa toto Kolosefo 1:23 ho.

2 Nsɛmma Nhoma Horow Di Honhom Fam Ahiade Bi Ho Dwuma: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ho aba nnipa komapafo ɔpepem pii mfaso denam boa a aboa wɔn ma wɔanya wɔn honhom fam ahiade so. Wotintim nsɛm a ɛhyɛ gyidi den. Sɛ nhwɛso no, wɔ February 1, 1996, Ɔwɛn-Aban no mu no, yesuaa asɛm bi a ɛfa hia a ehia sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa ne N’asɛm so ho. March 1, 1996, Ɔwɛn-Aban no hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ pii wɔ Yehowa som adwuma no mu, na yɛnhwɛ no kwan. Hwɛ sɛnea Sefania nkɔmhyɛ a wosusuw ho kɔɔ akyiri no hyɛ nkuran! Afei nso na Kristofo Nokwaredi ho asɛm a ɛhyɛ gyidi den no wɔ March 15, 1996, Ɔwɛn-Aban no mu. May 15, 1996 de no nso sii mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛkenkan na yɛasua no daa no so dua. Saa nsɛm yi aboa ma ntease a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no mu adɔ, na anisɔ a yɛwɔ ma N’ahenni no ayɛ kɛse.

3 Bio nso, nsɛmma nhoma yi ka ɔbra pa, Kristofo abrabɔ ne nsɛm foforo a mfaso wɔ so. Ɛka nsɛm a ɛfa yɛn asetra ho ankasa. Ne saa nti, bere a yɛrehwɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛfa biribi a eye kyɛn so mpo kwan seesei no, yenya asetra pa.—Yes. 48:17; 1 Tim. 6:19.

4 Nsɛm a wɔakyerɛw wɔ kratafa 4 wɔ Nyan! a ɛba biara mu a yebesusuw ho no ma yɛn ntease pa a yegyina so kamfo nsɛmma nhoma yi sɛ nhoma a wɔkenkan a eye kyɛn so ma nnipa a wɔwɔ baabiara, mpanyin ne mmofra nyinaa. Ɛka wɔ hɔ sɛ: “Nyan! ma abusua mũ nyinaa adwenem bue. Ɛkyerɛ ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so gyina nnɛyi nsɛnnennen ano. Ɛde nsɛm a asisi ho amanneɛbɔ ma, ɛka nnipa a wɔwɔ nsase ahorow so ho asɛm, ɛpɛɛpɛɛ ɔsom ne nyansahu mu. Nanso ɛyɛ pii ka ho. Ɛhwehwɛ nsɛm mu kɔ akyiri na ɛda nea nsɛm a asisi no kyerɛ ankasa adi, nanso enni afã biara wɔ amammuisɛm mu, na ɛmma abusuakuw bi so nsen ɔfoforo. Nea ɛsen biara no, nsɛmma nhoma yi ma wonya Ɔbɔadeɛ no bɔhyɛ a ɛfa wiase nhyehyɛe foforo a asomdwoe ne dwoodwoo asetra wom a ɛreba abesi mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne a amumɔyɛ wom no ananmu no mu awerɛhyem.”

5 Ma Afoforo Nsɛmma Nhoma no Bi: Da ayamye adi wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no kyekyɛ mu. (Fa toto 1 Timoteo 6:18 ho.) Ma ebi mmɛn wo sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi de bi ama obiara a wubehyia no. (Ɔsɛnk. 11:6) Yɛn nyinaa, a adawurubɔfo a wɔyɛ mmofra ne wɔn a wɔyɛ foforofo ka ho, betumi de yɛn ho ahyɛ nsɛmma nhoma a yɛbɛma wɔakra mu akosi ase wɔ ɔsram yi mu denam nnianim nsɛm tiawa a egyina nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de a ɛba nnansa yi de mu no so. Kenkan emu nsɛm no yiye, na fi nokwaredi ne ahotoso mu fa ma.

6 Ɔwɛn-Aban ne Nyan! kura nsɛm a onipa biara hia. Ma a yɛbɛma afoforo akra no yɛ ɔkwan biako a yebetumi afa so aboa afoforo ma wɔahu sɛ ɛrenkyɛ na biribi a eye kyɛn so aba!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena