Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/96 kr. 2
  • Yɛ W’asasesin Mu Adwuma Fefeefe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛ W’asasesin Mu Adwuma Fefeefe
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛbɛka Asɛm no wɔ Asasesin a Nnwuma Wom Mu
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Asasesin A Nnwuma Ahorow Wom Mu
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Wowɔ W’ankasa Asasesin?
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Asasesin a Nnwuma Wom
    Yɛn Ahenni Som—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1996
km 10/96 kr. 2

Yɛ W’asasesin Mu Adwuma Fefeefe

1 Wɔ atrae ahorow no, ɛtɔ mmere bi a yehu adwumayɛbea nketewa te sɛ aduantɔnbea, adidibea, anaa konkosibea. Sɛ wobɛyɛ saa adwumayɛbea ahorow yi mu adwuma aka asasesin nkae yi ho a, ɛsɛ sɛ wokɔ wɔn nkyɛn te sɛ nea woyɛ wɔ afie mu no.

2 Wubetumi de asɛm a wɔka kyerɛ a ɛnyɛ den tiawa adi dwuma, a ebia wobɛka sɛ: “Mewɔ biribi a mepɛ sɛ mede kyerɛ wo.” Sɛ ɛte sɛ nea adwumawura no nni adagyew saa bere no a, wubetumi ama no kratawa kɛkɛ, na woaka sɛ: “Mɛsan aba bio bere a wowɔ adagyew kakra no. Mɛpɛ sɛ mihu nea wodwen wɔ eyi ho.”

3 Ɛho nhia sɛ wusuro sɛ wobɛyɛ saa adwuma yi. Ɔdawurubɔfo bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Na mehwɛ kwan sɛ wɔrenkyerɛ ho anigye. Nanso, nea wɔyɛe wɔ Ahenni asɛm no ho no nte saa koraa ma ɛyɛɛ me nwonwa. Na wobu ade ankasa, na wɔdaa adamfofa su adi ma ɛkame ayɛ sɛ wogyee nsɛmma nhoma no wɔ baabiara.”

4 Ɔbea bi a ɔyɛ adwuma wɔ adwumakuw bi a esisi adan too nsa frɛɛ Adansefo no kɔɔ n’adwumayɛdan mu. Ogyee nsɛmma nhoma horow kae sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua. Wɔde Nimdeɛ nhoma no kyerɛɛ no, na wofii adesua ase amonom hɔ ara, wɔ n’adwumayɛdan no mu!

5 Nea ɛka w’asɛyɛde a ɛne sɛ wobɛyɛ w’asasesin mu adwuma fefeefe ho ne ankorankoro a wɔyɛ nnwuma wɔ wo mpɔtam hɔ no nkyɛn a wobɛkɔ. (Aso. 10:42) Yɛ nhyehyɛe kɔ saa mmeae yi te sɛ nea woyɛ wɔ nkurɔfo afie mu no ara. Ɛnyɛ yɛ nko na eyi bɛma woatumi ayɛ w’asasesin mu adwuma yiye, na mmom wubetumi anya osuahu ahorow a ɛyɛ anigye nso!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena