Mmofra Bisa Sɛ. . .
So Ɛsɛ Sɛ Mekɔ Sukuu?
JACK ayɛ obi a ɔhwɛ mmofra sukuukɔ ho nsɛm so wɔ nea ɛboro mfirihyia 25 mu. Enti na ɛsɛ sɛ abofra a wankɔ sukuu no ba Jack anim wɔ ɔkwan biara so na ɔde anoyi bi a ɔntee dedaw ba. Ɔka sɛ, “Mmofra no aka biribiara akyerɛ me, te sɛ ‘Ná misusuw sɛ merebɛyare nnɛ’ . . . ’Me nanabarima a ɔwɔ Alaska wui.’” So ɛyɛ anoyi a Jack “ani gye ho”? Ná efi mmarimaa baasa a wɔkyerɛe sɛ “wɔantumi anhu faako a sukuu no wɔ esiane omununkum a na asi kɛse nti” no hɔ.
Ɛbɛyɛ den sɛ wubetumi akyerɛ sɛ saa anoyi ahorow yi yɛ “bɔsrɛmka”—anuɔdensɛm ara kwa. Nanso, ɛda adwene bi a ɛte sɛ nea wokura wɔ sukuu ho wɔ wiase nyinaa adi. Bere a wobisa wɔn sɛnea wɔte nka wɔ sukuu ho no, mmofra taa da anibiannaso (“Misusuw sɛ eye”) anaa wɔn ani a ennye ho koraa (“Sukuu yɛ abofono! Mempɛ”) adi. Ɛnde, wote nka dɛn wɔ sukuu ho? So anyɛ yiye koraa no, ɛtɔ bere bi a wo ne mmofra a wɔteɛm sɛ, “So ɛsɛ sɛ mekɔ sukuu” no yɛ adwene?
Sɛ saa a, ebia wutumi hyɛ wo nkate horow no so na wokɔ. Nanso, mmofra a wɔn dodow rekɔ anim bɔ wɔn tirim wɔ animtiaabu mu sɛ wɔrenkɔ (a ɛno ma nnipa te sɛ Jack yɛ wɔn a wonni adagyew wɔ adwuma mu.) Wɔ United States nkutoo no, da biara adesuafo a wɔwɔ mfitiase ne ntoaso sukuu ahorow mu bɛyɛ ɔpepem abien ne fã nkɔ sukuu! Asɛm bi a epuei wɔ The New York Times mu nnansa yi de kaa ho sɛ mmofra pii (bɛyɛ nkyem abiɛsa mu biako!) nkɔ koraa wɔ New York Kurom ntoaso sukuu ahorow mu “araa ma ɛreyɛ ayɛ nea wontumi nkyerɛ wɔn ade.”
Nanso, wɔn a wɔkɔ sukuu na wɔda wɔn ani a ennye ho no adi wɔ anifere kwan ahorow so wɔ hɔ.
Sukuu Ho Adwennwene
Ná Jennifer bɔ mmɔden wɔ mfitiase sukuu mu, nanso bere a ɔkɔɔ mfinimfini sukuu no, na ɛyɛ den ansa na watumi apaase wɔ sɔhwɛ ahorow no mu. Ne na ka sɛ: “Ɛte sɛnea biribiara mfa ne ho. Ɔyɛ mmɔtohɔ, ɔda pii na afei bere a aka simma kakraa bi no ɔde ahopere di sukuu nneɛma ahorow a ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ fie no ho dwuma—sɛ ɔyɛ mpo de a.”
Gary bɛsɔre sɛ ɔrekɔ sukuu na mpofirim ara ɔbɛyare ne yafunu. Ose, “Mebɛn sukuu dan no, na fifiri fi me kɛse, meyɛ basaa . . . ɛsɛ sɛ mesan m’akyi kɔ me fi.”
Ɛno ne akwan horow a mmofra baanu no faa so yɛɛ wɔn ade wɔ sukuu mu ɔbrɛ ne ɔhaw ahorow no ho. Germanfo wɔ asɛmfua bi mpo ma eyi—“schulangst,” anaa sukuu ho adwennwene. Na dɛn na ɛma ɛba saa? Ebinom, te sɛ Jennifer no, hu sɛ mfinimfini sukuukɔ yɛ nea ɛma wɔn ani tane. Fi a wɔafi mfitiase sukuu mu akɔ sukuu akɛse mu a akyerɛkyerɛfo pii wɔ hɔ no yɛ nea ɛdɔɔso dodo ma mmofra a wɔte sɛɛ. Sɛ́ ɔkwan a wɔrefa so abɔ wɔn ho ban no, wɔmma biribiara nkanyan wɔn na wotwa sukuukɔ mu. Bere a wɔayi wɔn adwene afi so no, wɔbɛyɛ wɔn a wɔnenam sukuu no mu ara kwa, a nea ɛbɛma wɔakɔ so atra hɔ nkutoo na wɔyɛ.
Wɔ afoforo, te sɛ Gary fam no, sukuu mu basabasayɛ, mfɛfo nsɛmmɔnedi ne hyɛ a wɔhyɛ wo sɛ bɔ mmɔden kɛse ma sukuu ho osuro kɛse fi ase—biribi a nnuruyɛfo frɛ no “sukuu ho hu.” Ebia wɔn a wɔte sɛɛ (bere a wɔn awofonom akorɔkorɔ wɔn kakra no) bɛkɔ sukuu, nanso wɔyɛ basaa bere nyinaa na ɛma wɔyare araa kosi sɛ wobedi ehu no so. Ɔbenfo Jonathan Kellerman a ɔwɔ Southern California Sukuupɔn mu no buu akontaa sɛ “sukuu ho hu” ka “mmofra 60 mu biako” wɔ United States. Na sukuu ho hu no mu betumi ayɛ den dɛn? Sɛ nhwɛso no, na Robert adi mfirihyia du pɛ. Nanso ná ɛsɛ sɛ ɔbarima bi a ɔyɛ ogya ho adwuma kasa kyerɛ no na wanhuruw amfi baabi a ɔwɔ wɔ sukuu dan no atifi no. Dɛn nti na na ɔpɛ sɛ ɔyɛ ade a asiane wom yi? “Ɔmpɛ sukuu,” saa na New York Post bɔɔ amanneɛ
Amanneɛbɔ foforo ne sɛ wɔ 1978 mu no, anyɛ yiye koraa no, Germanfo mmofra baasa biara mu biako a onnya nnii mfirihyia 16 yɛɛ nneɛma ahorow a ɛkyerɛ sɛ ebia sukuu ho adwennwene haw wɔn. Mmɔden ahorow 14,000 a Germanfo mmofra binom bɔe sɛ wobekum wɔn ho saa afe no yɛ nea emu pii fi saa dadwene yi. Na wɔ 1978 mu, sɛnea asɛm foforo bi kyerɛ no, “Japanfo adesuafo bɛboro 800 a wɔadi fi mfe 5 kosi 19 ankasa kunkum wɔn ho . . . esiane ɔhaw ahorow a ɛfa sukuu ho nti.”
Nanso ntetee a wonya nyɛɛ ade a wɔasuro bere nyinaa. Nokwarem no, na mmofra a wɔwɔ Bible mmere mu no ani gye ho kɛse sɛ wobesua ade. Dɛn na ɛmaa ɛno bɛyɛɛ soronko?
Ntetee—Tete Agyanom Kwan So
Onipa a odi kan, Adam, nsa kaa ntetee a ɛyɛ anigye fii Onyankopɔn hɔ tẽe. (Genesis 1:28-30) Ɛnyɛ abrabɔ pa ho akwankyerɛ nko na nhyehyɛe a ɛyɛ pɛ a Onyankopɔn de mae no ma onyae, na mmom nea ebetumi aba sɛ ɛka ho ne ahyɛde a ɛne sɛ ɔbɛdɔw Eden turo no mu na wahwɛ hɔ. Wɔde hyɛɛ Adam nsa nso sɛ ɔntoto mmoa no din, na na saa adwuma kɛse yi gye tumi a wɔde hwɛ ade yiye ne ɔkasa ho nimdeɛ.—Genesis 2:15-19.
Adam nso de saa nimdeɛ yi woo n’asefo. Na wɔ mfehaha pii mu no, tete agyanom a wɔyɛ mmusua ti nso kyerɛkyerɛɛ wɔn mma ade. Sɛ nhwɛso no, awofo na wɔde nkyerɛkyerɛ mae wɔ Israel man no mu wɔ mfe a na wɔyɛ nkoa wɔ Misraim no nyinaa mu. Mmofra a wɔtetee wɔn wɔ hɔ no antumi ankɔ Misrifo sukuu ahorow a eye a wɔkyerɛkyerɛɛ Mose “Misrifo nyansa nyinaa” no. (Asomafo no Nnwuma 7:22) Nanso, na Israelfo no nim nhoma—wotumi kenkan na wotumi kyerɛw nso!—Deuteronomium 6:9.
Akyiri yi, Onyankopɔn ka kyerɛɛ awofo sɛ: Montete mo mma ‘wɔ mo afitra mu no mo kwan so nantew mu ne mo nna mu ne mo sɔre mu.’ (Deuteronomium 6:7) Enti wɔmaa Yudafo mmofra nyaa ntetee a eye kyɛn so. Akwantu ahorow a ɛyɛ anigye a wɔde kɔ ahenkurow Yerusalem mu mprɛnsa afe biara wɔ afahyɛ mmere horow mu no nyɛ nea ɛmaa mmofra no suaa biribi faa sɛnea asase no te ho nea edi kan nko, na mmom ɛma wonyaa hokwan hyiaa nnipa a wofi ɔman no mu nyinaa nso! (Deuteronomium 16:16) Mmarimaa nyaa adwumayɛ ho ntetee na wɔkyerɛɛ wɔn nsaanodwuma. Ɛnyɛ ofie nnwuma mu nko na mmea bɛyɛɛ wɔn a wɔn ho akokwaw, na mmom na wɔn ho akokwaw wɔ adetɔ ne adetɔn mu nso. (Mmebusɛm 31:10-31) Ná sukuu ho adwennwene anaa ɛho hu biara nni hɔ mma Israelfo mmofra!
Nanso dɛn ankasa na ɛmaa adesua wɔ Israel tumi yɛɛ yiye? Ampa, awofo ho a na ɛwɔ asɛm no mu no maa adesua bɛyɛɛ adeyɛ a na anigye wom kɛse. Nanso nea na ɛho hia titiriw ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na adesua wɔ Israel wɔ botae a emu da hɔ pefee no: sɛ wɔbɛboa mmofra ma wɔahu na wɔadɔ Yehowa Nyankopɔn. (Deuteronomium 6:4-7) Enti biribiara a wosuae yɛ nea na ɛfa wɔn som ho. Sɛ nhwɛso no, ɛda adi sɛ Salomo suaa nneɛma te sɛ kyinhyia a asase so nsu di, mmoa su horow, mmoawa nneyɛe ne nneɛma ahorow a ɛyɛ nwonwa a ɛfa nipadua no ho no ho ade. Na wɔ honhom akwankyerɛ ase no, ɔkaa nsɛm ahorow a ɛyɛ nokware wɔ nyansahu mu! (Ɔsɛnkafo 1:7, 12-14; 12:6; Mmebusɛm 6:6-8; 30:24-28) Nanso, ɔde ne nhumu wɔ nyansahu mu no dii dwuma de maa Onyankopɔn som kɔɔ so, na ɛnyɛ nyansahu a ennye wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ nni! “Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so,” saa na ne nhwehwɛmu a ɔyɛe no ma ɔkae. (Ɔsɛnkafo 12:13) Enti, na saa bere no mu adesua yɛ nea ɛwɔ atirimpɔw ankasa ne tumi a ano yɛ den a ɛkanyan wɔn.
Ade a Yebesua Afi Bere a Atwam no Mu
Asetra asakra kɛse fi tete agyanom mmere no so. Nanso, awofo a wosuro Onyankopɔn bɔ mmɔden ara sɛ wɔde abrabɔ pa ho akwankyerɛ bɛma wɔn mma. Ɛwom sɛ awofo pii gye tom sɛ wonni bere anaa nneɛma ahorow a wohia na ama wɔatumi de ntetee ankasa ama wɔn mma no de. Na ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma nneɛma atitiriw a ɛho hia na ama wɔatumi atra nnɛyi wiase no mu no. Enti sukuu ahorow no agye asɛyɛde a ɛne honam fam ntetee a wɔde bɛma mmofra no pii ato wɔn ho so.
Nokwarem no, sukuu ahorow no rentumi mfa awofo a wɔwɔ ɔdɔ nkate no mma. Afei nso, ɔhaw ahorow pii kã sukuu nhyehyɛe horow no wɔ wiase nyinaa mprempren basabasayɛ, nnubɔne, mfɛfo ayayadeyɛ, nhomasua gyinapɛn horow a ɛrekɔ fam ne ɔbrasɛe, sɛ yɛbɛbobɔ kakraa bi din a. Enti ebia wubedi yaw wɔ adwene a ɛne sɛ wɔbɛhyɛ wo ma woakɔ sukuu no ho. Nanso, kae nea ɛmaa adesua yɛɛ anigye maa mmofra wɔ Bible mmere no mu no: Ɛyɛ ɔpɛ a na wɔwɔ sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn. Wosuaa akenkan—na na wɔkenkan ade yiye—sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akenkan n’Asɛm no na wɔate ase. Wosuaa adebɔ ho ade sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔbɔadeɛ no ho anisɔ a wɔwɔ no bɛyɛ kɛse. Wosuaa nsaanodwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi asɛyɛde a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa a ɛne wɔn mmusua a wɔbɛhwɛ no ho dwuma. So wubetumi asua biribi afi eyi mu? So ebetumi aba sɛ, sɛ wunya su a ɛte saa ara a, ebia ɛbɛma sɛnea wote nka wɔ sukuu ho no asesa koraa?
Ebia wurentumi mpaw nea wopɛ na mmom sukuu no ara na ɛsɛ sɛ wokɔ, nanso ɛnsɛ sɛ wubu eyi sɛ adeyɛ a enye! Mfaso horow pii wɔ sukuukɔ mu, sɛ wunya ho adwene a eye a. Dɛn ne sukuukɔ mu mfaso horow no? Na ɔkwan bɛn so na wubetumi agyina ɔhaw ahorow ankasa te sɛ sukuu mu basabasayɛ ne nnubɔne ano? Nsɛm ahorow a ɛbɛba akyiri yi bɛbɔ mmɔden abua nsemmisa ahorow yi.
[Kratafa 16 mfoni]
Mmofra binom da wɔn ani a ennye sukuu ho no adi denam wɔn ho a wɔmfa nhyɛ adesua mu no so
[Kratafa 17 mfoni]
Wɔ tete Israel no, Onyankopɔn ho dɔ kaa mmofra ma wɔde nea wosuae dii dwuma