Asɛmmisa afã
◼ Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa ma yɛn asafo nhyiam ahorow atu mpɔn yiye?
Ebia ebinom bɛte nka sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo nkutoo na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔhwɛ ma asafo nhyiam ahorow tu mpɔn esiane sɛ wɔn na wɔhwɛ so na wodi emu dwumadi dodow no ara ho dwuma nti. Nokwarem no, yɛn nyinaa betumi aboa ma nhyiam ahorow no ayɛ anigye ne nea mfaso wɔ so. Yebetumi afa akwan du a edidi so yi so aboa ma yɛn nhyiam ahorow no atu mpɔn yiye:
Di kan siesie wo ho. Sɛ yesiesie yɛn ho yiye a, yɛn ani gye nhyiam horow no ho. Sɛ yɛn nyinaa yɛ eyi a, nhyiam ahorow no yɛ anigye kɛse, na ɛhyɛ nkuran yiye. Kɔ daa. Sɛ nnipa pii ba a, ɛhyɛ obiara a ɔba bi nkuran yiye, na ɛma anisɔ a yɛwɔ sɛ ɛho hia sɛ yɛkɔ bi no mu yɛ den. Du hɔ bere ano. Sɛ yɛtra ase ansa na dwumadi no afi ase a, yetumi nya dwom ne mpaebɔ a wɔde fi ase no mu kyɛfa, na ɛma yenya nhyiam no mu mfaso kosi ase. Siesie wo ho yiye ansa na woaba. Sɛ yɛde yɛn Bible ne nhoma ahorow a wɔde di dwuma wɔ nhyiam no mu no ba a, yebetumi adi akyiri na yɛate nea wɔreka ho asɛm no ase yiye. Mma nneɛma ntwetwe w’adwene. Sɛ yɛtra ase yiye a, yebetumi atie asɛm no yiye. Nsɛm a yɛbɛka agu afoforo aso mu ne adwensɔe akɔneaba a yebedi betumi atwetwe yɛne afoforo adwene. Nya mu kyɛfa. Sɛ yɛn mu dodow no ara ma yɛn nsa so ma mmuae a, yɛn gyidi a yɛda no adi no hyɛ nnipa pii nkuran ma wɔyɛ den. Ma wo mmuae nyɛ ntiantiaa. Eyi ma nnipa pii nya hokwan kasa bi. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn mmuae ntiantiaa no fa asɛmti a yɛresua no ho. Yɛ wo dwumadi ahorow. Sɛ́ yɛyɛ nkurɔfo a yenya Teokrase Ɔsom Sukuu anaasɛ yenya kyɛfa wɔ Ɔsom Nhyiam mu no, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye, na yedi kan bobɔ so, na yɛbɔ mmɔden bɛyɛ dwumadi a wɔde ahyɛ yɛn nsa no. Kamfo wɔn a wonya mu kyɛfa no. Ka anisɔ a wowɔ wɔ mmɔden a afoforo bɔ ho no kyerɛ wɔn. Eyi hyɛ wɔn den, na ɛhyɛ wɔn nkuran ma bere foforo no wɔbɔ mmɔden sen saa mpo. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran. Ayamye mu a yebefi akyia ne nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran a yɛbɛbɔ ansa na nhyiam ahorow no afi ase, ne bere a yɛapɔn no, ma anigye ne mfaso horow a yenya wɔ asafo nhyiam ahorow ase no yɛ kɛse.