Sɛnea Yenya Anigye Pii Wɔ Nhyiam Mu
1 Nhyiam a yɛbɛkɔ ho hia na yɛayɛ den wɔ honhom fam. Anigye a yenya wɔ nhyiam mu no gyina nea yɛyɛ ansa na nhyiam no afi ase, bere a nhyiam no rekɔ so ne bere a yɛapɔn no so. Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn ho ne afoforo na yɛn nyinaa anya anigye kɛse wɔ nhyiam a yɛbɛkɔ daa mu?
2 Ansa na Yɛbɛkɔ Nhyiam No: Ahosiesie ne anigye a yenya wɔ nhyiam ase no wɔ abusuabɔ. Sɛ yedi kan siesie yɛn ho yiye ansa na yɛakɔ nhyiam a, ɛma yetumi tie asɛm no yiye na yenya mu kyɛfa. Afei nso, ɛsɛ sɛ yesiesie nhyiam ase dwumadi biara a wɔde ama yɛn no yiye na yenya adwene sɛ yɛbɛma nsɛm a ɛwɔ mu no nyinaa ada adi pɛpɛɛpɛ sɛnea wɔakyerɛ no na yɛma yɛn atiefo ani gye ho. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ hwɛ mpɛn pii. Sɛ yɛma nhyiam yɛ anigye na ɛma denhyɛ a, ɛma yetumi nya nkɔso ne anigye pii.—1 Tim. 4:15, 16.
3 Bere a Nhyiam no Rekɔ So No: Mmuae a yɛbɛma wɔ nhyiam ase no betumi ama yɛanya mu anigye kɛse. Ɛsɛ sɛ asafo no muni biara bu afã a wɔakyerɛ sɛ atiefo mfa wɔn ho nhyem no sɛ wɔn ankasa dwumadi. Mmuae a ɛyɛ tiaa na ɛyɛ tee no taa yɛ nea mfaso wɔ so kɛse. Osuahu tiaa a ɛma denhyɛ a yɛbɛka no betumi ayɛ nea ɛhyɛ nkuran na ɛyɛ anigye, enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ saa wɔ bere a ɛfata mu. (Mmeb. 15:23; Aso. 15:3) Sɛ yenya dwumadi wɔ nhyiam ase a, ɛsɛ sɛ yefi ɔhyew ne ahotoso mu di ho dwuma, na yɛma no yɛ anigye, nea ɛfata na mfaso wɔ so.
4 Bere a Yɛapɔn No: Nkɔmmɔ a yebefi yɛn pɛ mu ne afoforo abɔ, anigye a yɛde bekyiakyia yɛn ho, ne nsɛntitiriw a wɔkae wɔ nhyiam no mu a yɛbɛkaakae yɛn ho no so betumi aba yɛn nyinaa mfaso. Anigye a yɛbɛkyerɛ bere a yehu sɛ mmofra, mpanyin, ne wɔn a wɔyɛ foforo ma mmuae no betumi ama yɛanya ɔdɔ kɛse ama yɛn ho. Sɛ anka yɛbɛka wɔn a wɔantumi amma nhyiam no anim no, ɛsɛ sɛ yɛka anigye a yenyae ho asɛm kyerɛ wɔn mmom sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔakɔ nhyiam.—Heb. 10:24, 25.
5 Mommma yɛmmma nhyehyɛe a wɔayɛ na yɛatumi ahyɛ yɛn ho yɛn ho den no mmmɔ yɛn. (Rom. 1:11, 12) Sɛ yɛbɔ mmɔden biara a yebetumi de anya nhyiam biara mu kyɛfa a, yɛn nyinaa betumi anya anigye wɔ Kristofo nhyiam a yɛbɛkɔ no mu.