Nsrahwɛ a Ebetumi Ayɛ Nhyira
1 Anigye so na Sakeo gyee Yesu hɔho kɔɔ ne fie. Na hwɛ nhyira a efii saa nsrahwɛ no mu bae!—Luka 19:2-9.
2 Ɛnnɛ, Yesu Kristo, sɛ́ asafo no Ti no, ka kyerɛ mpanyimfo no sɛ ‘wɔnyɛn Onyankopɔn nguankuw no.’ (1 Pet. 5:2, 3; Yoh. 21:15-17) Asafo mu ahwɛfo fi ɔdɔ mu boa ankorankoro a wɔwɔ asafo no mu ka nkyerɛkyerɛ a wɔde ma wɔ asafo nhyiam ahorow ase ne asɛnka adwuma anim a wodi no ho. Enti, bere ne bere mu no, wubetumi ahwɛ kwan sɛ mpanyimfo no bɛba wo nkyɛn, ebetumi ayɛ wo fie, Ahenni Asa so, bere a mowɔ asɛnka mu, anaa mmere foforo. So ɛsɛ sɛ wusuro mpanyimfo no nsrahwɛ? Dabida. Wo nkyɛn a wɔba no nkyerɛ sɛ woretɔ sin wɔ ɔkwan bi so. Ɛnde, ahwɛfo nsrahwɛ no atirimpɔw ne dɛn?
3 Paulo kae sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔsra anuanom ‘kɔhwɛ sɛnea wɔn ho te.’ (Aso. 15:36) Yiw, sɛ́ ahwɛfo a wɔwɔ dɔ no, mpanyimfo no ani kũ sɛnea wo ho te ho. Wɔpɛ sɛ wɔma honhom fam mmoa a ɛso betumi aba wo mfaso na ahyɛ wo den. Ɔhwɛ a ɛte saa na yɛn Hwɛfo a ɔwɔ dɔ, Yehowa, pɛ sɛ yɛn mu biara nya.—Hes. 34:11.
4 Kyerɛ Mpanyimfo no Nsrahwɛ Ho Anigye: Nea enti a na Paulo kɔsra ne nuanom ne sɛ ‘ɔde honhom dom akyɛde bi bɛma wɔn de ahyɛ wɔn den, na ɔne wɔn anya awerɛkyekye.’ (Rom. 1:11, 12) Yɛn nyinaa hia honhom fam nkuranhyɛ wɔ nna a edi akyiri yi mu, na yehia mmoa a ɛbɛma yɛakɔ so anantew gyidi no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ adwempa a wubenya wɔ ahwɛfo nsrahwɛ ho no bɛma woanya nkuranhyɛ a etu mpɔn.
5 Kyerɛ mfaso horow a wubetumi anya wɔ mpanyimfo no hwɛ adwuma no mu no ho anisɔ. Sɛ asɛm bi haw wo a, kae sɛ mpanyimfo no wɔ asafo no mu a wɔbɛboa wo. Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛka biribiara a ebetumi aka wo honhom fam yiyedi ho asɛm akyerɛ wɔn. Kyerɛ Yehowa nhyehyɛe a ɔdɔ wom yi ho anisɔ, na ma w’ani nnye nhyira ahorow a nsrahwɛ a ɛte saa betumi de aba no ho.