Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/98 kr. 1
  • Ɛsɛ sɛ Yɛkɔ Nkurɔfo Nkyɛn Mpɛn Pii

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛsɛ sɛ Yɛkɔ Nkurɔfo Nkyɛn Mpɛn Pii
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Yɛayɛ Yɛn Asasesin no Mu Adwuma Mpɛn Pii!”
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Dɛn Nti na Yɛkɔ So Ara Kɔ Nkurɔfo Nkyɛn?
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Mommmrɛ Papayɛ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nea Enti a Yɛsan Kɔ Mpɛn Pii
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 12/98 kr. 1

Ɛsɛ sɛ Yɛkɔ Nkurɔfo Nkyɛn Mpɛn Pii

1 Bere a edi kan a obi ne wo bɔɔ asɛmpa no ho nkɔmmɔ no, so wokyerɛɛ ho anigye? Sɛ woanyɛ saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ wode aseda ma sɛ Yehowa Adansefo baa wo nkyɛn mpɛn pii kosii sɛ awiei koraa no wopenee so sɛ wo ne wɔn bɛyɛ Bible adesua. Ɛyɛ papa sɛ wubesusuw ɛno ho bere a wokɔ so yɛ w’asasesin mu adwuma no.

2 Nkurɔfo asetra kɔ so sakra bere nyinaa. Wohyia ɔhaw ne tebea afoforo, wɔte nsɛm a ɛhaw adwene a esisi wɔ baabi a wɔte anaa wiase no mu no, wohyia sikasɛm mu ahokyere, na yare ne owu ka wɔn mmusua. Nneɛma a ɛtete saa betumi aka wɔn ma wɔanya ɔpɛ sɛ wobehu nea ɛde ɔhaw ahorow yi ba. Ɛsɛ sɛ yehu nneɛma a ɛhaw nkurɔfo adwene no na afei ama yɛahu awerɛkyekyesɛm a yɛbɛka akyerɛ wɔn.

3 Eyi Yɛ Adwuma a Egye Nkwa: Susuw adwumayɛfo a wogye nkurɔfo fi asiane mu no ho. Ɛwom mpo sɛ ebia wɔn a wonwuwui no mu kakraa bi pɛ na ebinom behu wɔn wɔ baabi a wɔrehwehwɛ hɔ de, nanso wɔmma wɔn abam mmu na wonnyae esiane sɛ wɔn mfɛfo adwumayɛfo binom hu wɔn a wonwuwui no mu pii wɔ mmeae foforo nti. Yɛn nkwagye adwuma no nnya mmaa awiei ɛ. Afe biara yehu nnipa ɔpehaha pii a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ti didi mu wɔ “ahohiahia kɛse” no mu.—Adi. 7:9, 14.

4 “Obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa, NW] din no benya nkwa.” (Rom. 10:13-15) Ɛsɛ sɛ saa nsɛm yi ka yɛn mu biara ma yehu hia a ehia sɛ yɛkɔ so ka asɛmpa no. Efi bere a edi kan a yewiee yɛn asasesin mu adwuma no, mmofra a wɔwom no anyinyin, na mprempren wɔadu sɛnea wɔn ankasa betumi asusuw wɔn daakye ne asetram atirimpɔw ho anibere so. Yenni ɔkwan biara a yebetumi afa so ahu nea obetie ankasa. (Ɔsɛnk. 11:6) Kan asɔretiafo pii abegye nokware no. Ɛnyɛ yɛn adwuma ne sɛ yebebu nkurɔfo atɛn, na mmom sɛ yɛbɛkɔ so ama wɔanya hokwan ate na wɔagye wɔn nkwa afi saa wiase dedaw yi mu. Sɛnea Yesu asuafo a wodi kan no yɛe no, ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so kɔ’ nkurɔfo nkyɛn na yɛbɔ mmɔden kanyan wɔn anigye wɔ Ahenni nkrasɛm no ho.—Mat. 10:6, 7.

5 Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ hokwan da so wɔ hɔ sɛ yɛka asɛmpa no da Yehowa mmoborohunu adi. (2 Pet. 3:9) Bere a yɛma afoforo te asɛm no mpɛn pii no, yɛda Onyankopɔn dɔ adi, na wɔ saa kwan yi so no, yeyi no ayɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena