Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/99 kr. 1
  • To Nsa Frɛ Wɔn Ma Wɔmmra

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • To Nsa Frɛ Wɔn Ma Wɔmmra
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Suban a Ɛma Yɛkɔ Yɛn Nhyiam Ahorow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yehyiam Som?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Wokɔ Yehowa Adansefo Nhyiam a Ɛbɛboa Wo Sɛn?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • ‘Momma Yɛnkɔ Yehowa Fi’
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 3/99 kr. 1

To Nsa Frɛ Wɔn Ma Wɔmmra

1 Wɔde ɔfrɛ bi a wɔde too nkurɔfo anim mfehaha bi ni no reto gua seesei wɔ nsase 233 so wɔ wiase nyinaa sɛ: “Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa, NW] bepɔw so . . . na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.” (Yes. 2:3) Akwan a eye sen biara a yebetumi afa so aboa nkurɔfo ama wɔanya honhom fam nkɔso a ɛkowie daa nkwa mu ne sɛ yɛbɛkyerɛ wɔn kwan aba Yehowa ahyehyɛde mu.

2 Ebia adawurubɔfo binom bɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛto nsa afrɛ nkurɔfo aba Ahenni Asa so kosi sɛ wobehu sɛ wɔanya nkɔso pii wɔ wɔn Bible adesua mu. Nanso, ɛtɔ mmere bi a ebinom tumi fi ase kɔ asafo nhyiam horow ansa na wɔne wɔn afi Bible adesua mpo ase. Ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛde anigye bɛto nsa afrɛ nkurɔfo ahyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmra nhyiam horow.

3 Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ: Sɛ wunya hokwan ahorow a, fa di dwuma yiye fa to nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra yɛn nhyiam horow ase. Ka kyerɛ wɔn sɛ wontua sika ansa na wɔaba yɛn nhyiam ahorow no bi, na yennyigye tow da. Kyerɛkyerɛ ɔkwan a wɔfa so yɛ nhyiam ahorow no mu. Da no adi sɛ ɛyɛ Bible adesua nhyehyɛe ankasa, na obiara tumi nya nhoma a adesua no gyina so no bi hwɛ mu. Ma wonhu sɛ ɛsono wɔn a wɔba no biara ne ne nsɛm tebea na wɔn asetram gyinabea gu ahorow. Ka kyerɛ wɔn sɛ nnipa a wɔtete mpɔtam hɔ na ɛba, na mmofra a wɔn mfe gu ahorow nyinaa tumi ba bi. Ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn a yɛne wɔn sua ade no, na yɛka kyerɛ wɔn sɛ yɛbɛpɛ sɛ yɛfa ɔkwan biara a yebetumi so boa wɔn ma wotumi ba.

4 Nsɛm a etwa to a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no biako ne ɔfrɛ a ɛhyɛ nkuran a wɔde to gua sɛ wommenya Yehowa nsiesiei ma nkwa no mu kyɛfa yi: “Na honhom no ne ayeforo no se: Bra! . . . Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.” (Adi. 22:17) Yentumi mfa biribiara nsesa to a yɛbɛto nsa afrɛ afoforo sɛ wɔmmra yɛn nhyiam horow ase no.

5 Yesaia 60:8 ka ayeyifo afoforo ɔpehaha pii a wɔreba Nyankopɔn nkurɔfo asafo ahorow mu nnɛ no ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ mmorɔnoma a “wotu sɛ omununkum, ne mmorɔnoma a wɔba wɔn ahunaniankasa mu.” Yɛn nyinaa betumi ato nsa afrɛ wɔn a wɔyɛ afoforo no aba yɛn nhyiam horow ase, na yɛama wɔn ani aka. Saa kwan yi so no na yɛreboa Yehowa ma wayɛ anoboaboa adwuma no ntɛm.—Yes. 60:22.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena