Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/99 kr. 2
  • October Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • October Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase October 4
  • Dapɛn a Efi Ase October 11
  • Dapɛn a Efi Ase October 18
  • Dapɛn a Efi Ase October 25
Yɛn Ahenni Som—1999
km 10/99 kr. 2

October Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase October 4

Dwom 130

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ahorow a wɔapaw.

17 min: “Yehowa a Yebeyi No Ayɛ Daa.” Nsɛmmisa ne mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Sɛ bere ma kwan a, ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa a egyina nkyekyem 3 anaa 4 so. Hyɛ atiefo nkuran ma wɔmfa nyansahyɛ a wɔde ama no nni dwuma.

18 min: Nya Nsɛmma Nhoma Ho Anigye! Kyerɛ nsɛmma nhoma dodow a mo asafo no de mae ɔsram a etwaam no. Sɛ mode eyi toto nea mogye fi Asafo ti hɔ no ho a, ɛte sɛn? Sɛ nea ɛka no dɔɔso dodo a, dɛn na mubetumi ayɛ wɔ ho? To nsa frɛ atiefo ma wɔnkyerɛ wɔn adwene wɔ nea edidi so yi ho: (1) Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara kyerɛ nsɛmma nhoma dodow bi a ɛfata a obegye. (2) Bu Memeneda biara sɛ Nsɛmma nhoma satu Da. (3) Yɛ nsɛmma nhoma a wode bɛma ɔsram biara ho nhyehyɛe na fa ka w’asɛnka nhyehyɛe ho. (4) Yɛ bɔnnɔ so adansedi a wɔde nsɛmma nhoma fi nkɔmmɔbɔ ase ho nhyehyɛe pii. (5) Paw nsɛmma nhoma pɔtee bi a wode bɛma adwumayɛfo ne nhomanimfo a wɔn ani betumi agye ho kɛse. (6) Yɛ wɔn a woma wɔn nsɛmma nhoma no ho kyerɛwtohɔ pa, na fa wɔn yɛ wɔn a woma wɔn bi daa a wode nea ɛba foforo biara bɛkɔ akɔma wɔn. (7) Fa nsɛmma nhoma dedaw biara a wowɔ di dwuma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a emu biara renka. Fa nsɛmma nhoma a aba foforo no bi kyerɛ na si nsɛm a afoforo ani betumi agye ho so dua. Ma ɔpanyin ne abofra bi nyɛ sɛnea wɔn mu biara de nsɛmma nhoma ma ho ɔyɛkyerɛ tiawa.—Hwɛ krataa a ɛhyɛ September 1995 Yɛn Ahenni Som mu no mu.

Dwom 105 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 11

Dwom 194

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

15 min: Asafo mu ahiade.

20 min: “Sɛnea Yenya Anigye Pii Wɔ Nhyiam Mu.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ma nhwɛso pɔtee bi a ɛkyerɛ sɛnea yebetumi akyerɛ afoforo ho anigye na yɛahyɛ yɛn ho nkuran wɔ nhyiam ase. To nsa frɛ atiefo ma wɔnka wɔn ankasa suahu ahorow.

Dwom 152 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 18

Dwom 196

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne asɛnka mu osuahu ahorow.

13 min: “So Worekɔ Asafo Foforo Mu?” Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran a ɔkyerɛwfo ma. Sɛ adawurubɔfo hu sɛ ɛfata sɛ wotu kɔ asafo foforo mu a, ɛyɛ nea ehia sɛ wobehu beae foforo a wɔrekɔ no yiye na amma wɔantɔ sin wɔ honhom fam. Si so dua sɛ ehia sɛ wɔma asafo mu mpanyimfo hu nhyehyɛe a ɛte sɛɛ na wɔma wɔboa wɔn denam nkitaho a mpanyimfo no ne asafo foforo no bedi ansa no so.

22 min: “Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Yudani?” Nsɛmmisa ne mmuae. Kyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛda Yudafo a wodi Torah no akyi katee, wɔn a wonni akyi katee ne wɔn a wotumi yɛ nsakrae wɔ atetesɛm mu ma ɛne wɔn asetra hyia no mu. (Hwɛ Mankind’s Search for God, nkratafa 226-7.) Kyerɛ nneɛma a yɛne Yudani adwene betumi ahyia wɔ ho no. Ma wɔnyɛ asɛm a wɔka kyerɛ ho ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yie. Sɛ wopɛ Yudasom ho nsɛm pii a, hwɛ krataa a ɛhyɛ February 1998 Yɛn Ahenni Som mu; Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no, nkratafa 14-15; ne Mankind’s Search for God, ti 9.

Dwom 142 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 25

Dwom 179

15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Boa obiara ma onsiesie ne ho sɛ ɔde Ahwehwɛde nhomawa anaa Nimdeɛ nhoma bɛma wɔ November mu. Kyerɛkyerɛ sɛnea yɛde asɛm, “So Onyankopɔn tie mpaebɔ?” bedi dwuma mu. Fa nsɛm a ɛwɔ adesua a ɛto so 7 wɔ nhomawa no mu anaa ti 16, nkyekyem 12-14, wɔ nhoma no mu di dwuma. Ma wonnyina kyerɛwsɛm biako pɛ so nyɛ asɛm a wɔka kyerɛ ho ɔyɛkyerɛ tiawa.

15 min: Sɛnea Yɛhwehwɛ Bible mu Nsɛmmisa Ho Mmuae. Ɔdawurubɔfo a onigyeni bi abisa no Bible mu asɛm kɔ asafo mu ɔsomfo bi hɔ. Sɛ anka ɔsomfo no bɛma no mmuae no, ɔkyerɛ no sɛnea obetumi ahwehwɛ mmuae no. Nea edi kan no, ɔka nyansahyɛ a ɛwɔ School Guidebook adesua a ɛto so 7, nkyekyem 8-9 no ho asɛm. Na afei wɔn nyinaa hwehwɛ asɛm bi a wɔtaa bisa wɔ wɔn asasesin no mu ho mmuae. Wɔhwehwɛ nhoma ahorow a asɛm no wom mu na wohu nea enti a ntease wɔ mmuae a Bible no de ma wɔ asɛmmisa no ho mu. Hyɛ atiefo nkuran ma wɔnyɛ adesua a ɛte saa a mfaso wɔ so a wɔde hwehwɛ Bible mu mmuae no.

15 min: Botae Horow a Yebetumi De Asisi Yɛn Anim. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Susuw botae horow a mfaso wɔ so a wɔada no adi wɔ adaka a ɛwɔ March 15, 1997, Ɔwɛn-Aban no mu, kratafa 11 no ho. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa ne ho nhyɛ akwampae boafo anaa daa akwampae adwuma no mu. Kyerɛ sɛnea yebetumi anya mfaso afi botae horow yi a yebetumi adu ho no mu. To nsa frɛ atiefo binom ma wɔnka anigye a wɔn ankasa anya wɔ teokrase botae horow a woduu ho mu no.

Dwom 151 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena