April—Bere a Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Nnwuma Pa Ho Mmɔden!
1 Bere a ahum bɛn baabi a nnipa te no, ɛho behia sɛ wɔbɔ nkurɔfo kɔkɔ ntɛm. Dodow a ahum no bɛn no, dodow no ara na ɛsɛ sɛ wosi kɔkɔbɔ no so dua kɛse. Dɛn ntia? Efisɛ nnipa nkwa da asiane mu! Ebia nnipa binom ante kɔkɔbɔ a wɔde ama dedaw no. Ebia afoforo tee nanso wɔanyɛ ho hwee. Ɛte saa ara wɔ Onyankopɔn kɔkɔbɔ a wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛmfa mma ansa na ne trenee abufuw “ahum” no apra wiase bɔne yi mu biribiara a aka akɔ no ho. (Mmeb. 10:25) Daa nkwa a nnipa ɔpepepem pii benya no ho aba asɛm! Ɛsɛ sɛ yɛde kɔkɔbɔ no ma. Ɛsɛ sɛ ‘yɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden.’—Tito 2:11-14.
2 Wɔ mfe pii mu no, wɔakanyan Yehowa nkurɔfo ma wɔama Nkaedi bere no ayɛ bere titiriw a wɔde da nnamyɛ adi wɔ asɛnka mu. Wɔ 1939 mfiase no, Informant a Yɛn Ahenni Som abesi ananmu no de nkuranhyɛ yi mae: “Esiane sɛ fefɛw bere reba na wim tebea yɛ papa nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ [asafo no] adawurubɔfo bɛma nnɔnhwerew a wɔde kɔ asɛnka no abu abɔ ho, na bere a akwampaefo nya no akɔ anim. April yɛ ɔsram a ekura Kwasida anum. Memeneda anum nso na ɛwɔ mu. Ma Memeneda ne Kwasida biara a ɛwɔ April mu. . . nyɛ bere a wode bedi adanse paa.” Ná ɛyɛ botae a ɛnna fam a wɔde sii anuanom anim wɔ mfe 60 a atwam no mu! Afe yi nso adapɛn anum na ɛwɔ April ɔsram no mu te sɛ nea na 1939 de no te no ara pɛ. Nhyehyɛe bɛn na woreyɛ ama ɔsram yi? Kyerɛwtohɔ bɛn na woayɛ ama April 2000 wɔ wo Kalenda so? Yɛ nhyehyɛe sɛ wo ne Yehowa nkurɔfo bɛyɛ nnwuma pa a ɛsɔ ani wɔ ɔsram titiriw a yɛbɛyɛ honhom fam adwuma pii no mu.
3 Nea Yɛhwɛ Kwan sɛ Yebetumi Ayɛ: Ɛda a ɛho hia sen biara wɔ afe 2000 mu no ba wɔ ɔsram yi mu. Ɛyɛ April 19, bere a yɛkae Yesu wu no. Momma yɛnyere yɛn ho yiye nto nsa mfrɛ nnipa pii mma wɔmmra Nkaedi no ase sɛnea yebetumi. Sɛnea wɔde nyansahyɛ mae wɔ ɔsram a etwaam no mu no, kyerɛw wɔn a wobetumi aba Nkaedi no nyinaa din, na hwɛ hu sɛ woremmu w’ani ngu obiara so. Wɔn a ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn no mu bi ne ɔdawurubɔfo biara a wayɛ mmerɛw, yɛn Bible asuafo, wɔn a yɛsan kɔsra wɔn, wɔn a yɛne wɔn asua ade pɛn, yɛn mfɛfo adwumayɛfo, yɛn mfɛfo sukuufo, yɛn afipamfo, yɛn abusuafo, ne amannifo afoforo. So wɔn a wɔpɛ sɛ wɔba nyinaa ayɛ nhyehyɛe pɔtee bi a ebetumi ama wɔadu hɔ bere ano? Sɛ wonni bi a, so wubetumi afi ɔdɔ mu aboa wɔn? Yɛn nyinaa benya hokwan de ama wɔn a wɔbɛba nyinaa ani agye anadwo a yɛbɛyɛ Nkaedi no. Nkaedi no akyi no, yebetumi akɔ anigyefo a wɔte saa no nkyɛn de honhom fam mmoa foforo akɔma wɔn.
4 ‘Nnwuma pa ho mmɔden’ a yɛbɛbɔ ansa na yɛayɛ Nkaedi no ne bere a yɛawie no yɛ ɔkwampa a yɛfa so ma Yehowa hu sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn nyinaa ankasa no. Esiane sɛ wim tebea ye wɔ mmeae pii nti, yɛn mu dodow no ara betumi ayɛ pii wɔ asɛmpaka adwuma no mu. Sɛ woyɛ ɔkwampaefo boafo a, wobɛpɛ sɛ woyɛ nea wubetumi biara na ama wode nnɔnhwerew 50 anaa nea ɛboro saa akɔ asɛnka. (Mat. 5:37) Di wo nhyehyɛe a woyɛe wɔ ɔsram no mfiase no akyi pɛpɛɛpɛ. (Ɔsɛnk. 3:1; 1 Kor. 14:40) Ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de aboa akwampaefo nyinaa denam hyɛ a yɛbɛhyɛ wɔn nkuran na yɛne wɔn ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu no so. (Fa toto 2 Ahene 10:15, 16 ho.) Sɛ yɛde nnamyɛ gu aba wɔ April mu a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya anigye kɛse ne nhyira afi Yehowa hɔ. (Mal. 3:10) Ebia eyi betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ akwampaefo aboafo anaasɛ daa akwampaefo. Ɛmmra sɛ honhom fam dwumadi pii a yɛbɛyɛ wɔ April mu no bɛkɔ so saa ara wɔ asram a edi hɔ no mu bere a yɛkɔ so bɔ Ahenni no ho dawuru daa no.
5 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa nkurɔfo mpempem pii befi ofie Bible adesua pii ase wɔ ɔsram yi mu. So wopɛ sɛ wutumi fi biako ase? Hyɛ da bɔ adesua ho mpae na yɛ wo mpaebɔ no ho adwuma. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani bɛsɔ ahobrɛase a wode bisa mmoa na ama woanya nipa komapafo bi akyerɛkyerɛ no no.—1 Yoh. 3:22.
6 Wo nso wubetumi afa saa kwan a asow aba yi so afi nkɔmmɔbɔ ase. Wubetumi de asɛmmisa yi fi ase: “So wususuw sɛ basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ sukuu ahorow mu no fi adaemone dwumadi anaasɛ ntetee a awofo mfa mma na ama aba saa?” Twɛn ma ommua. Sɛ onipa no ka sɛ “adaemone dwumadi” a, kenkan Adiyisɛm 12:9, 12 na si nea Ɔbonsam yɛ de ma basabasayɛ nya nkɔso wɔ wiase mu no so dua. Afei bue Ahwehwɛde nhomawa no adesua 4, na bisa onipa no sɛ ebia wasusuw baabi a Ɔbonsam fi bae no ho pɛn anaa. Monkenkan nkyekyem abien a edi kan no na munsusuw ho. Sɛ onipa no ka sɛ “ntetee a awofo mfa mma” na ama wɔyɛ basabasa wɔ sukuu ahorow mu a, kenkan 2 Timoteo 3:1-3 na kyerɛ su horow a ɛda adi sɛ ɛma ɔhaw yi ba no. Afei bue Ahwehwɛde nhomawa no adesua 8, monkenkan nkyekyem 5 no, na montoa nkɔmmɔbɔ no so. Sɛ wutumi yɛ nhyehyɛe na wosan kɔsra onipa no a, na worebɔ kwan ama Bible adesua a wo ne no bɛyɛ daa. Wɔ nsrahwɛ a edi hɔ mu no, bisa sɛ ebia onim obi foforo a n’ani begye ho sɛ ɔbɛte nea ɔresua no anaa.
7 Ɔkwan foforo a yɛbɛfa so ‘abɔ nnwuma pa ho mmɔden’ wɔ April mu ne sɛ yebenya asɛnka afã horow no mu kyɛfa. So woresusuw ho sɛ wubedi adanse wɔ ahomegyebea anaasɛ kar gyinabea? Wɔ bɔs anaa keteke gyinabea? Anaasɛ wobɛpɛ sɛ wobɔ mmɔden di adanse wɔ telefon so, wɔ mmɔnten so anaa nnwuma mu? Dɛn nti na wonyɛ eyinom wɔ ɔsram yi mu? Yehowa bɛboa wo ma woanya akokoduru a wuhia no. (Aso. 4:31; 1Tes. 2:2b) Ebia wubetumi ayɛ nhyehyɛe ne ɔkwampaefo anaa ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw wɔ asɛnka adwuma no afã horow yi mu ayɛ adwuma.
8 Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ pii wɔ adansedi adwuma no mu no bɛpɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ bɔnnɔ so adansedi mu. Mpɛn pii no nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wo ne obi bɛbɔ nkɔmmɔ wɔ adamfofa kwan so. Bisa asɛm bi a mo ani gye ho kɛkɛ bere a ebia wofa ɔkwan a wɔka ho asɛm wɔ nkyekyem 6 no so no. Bɔ mmɔden fa mmere nketenkete bi mpo a ɛbɛsɛe kwa no di dwuma. Yɛntow sika nketenkete ngu esiane sɛ ɛnsom bo ahe biara nti. Dɛn nti na womfa simma anum, du, anaa dunnum nni adanse wɔ bɔnnɔ so na mfaso mma so?
9 Bere a Ɛsɛ sɛ Yedwen Nneɛma Ho: Susuw nsɛntitiriw a wɔfaa ɔkwan a tumi kɛse wom so daa no adi wɔ drama a wɔyɛe wɔ afe a etwaam no “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam ase no mu no ho. Drama a wɔato din sɛ Anigye a Yɛbɛkyerɛ Ama Yɛn Honhom Fam Agyapade no ma yehuu nsonsonoe a na ɛda Yakob ne Esau ntam no yiye. Esau kae sɛ na n’ani gye honhom fam nneɛma ho te sɛ Yakob ara pɛ, nanso Esau nnwuma ankyerɛ sɛ ɛte saa. (Gen. 25:29-34) Kɔkɔbɔ a tumi wom bɛn ara na ɛyɛ ma yɛn sɛɛ yi! Te sɛ Yakob no, momma yɛnyere yɛn ho nhwehwɛ na yɛmpere nnya Yehowa nhyira. (Gen. 32:24-29) Dɛn nti na mommma yɛnnkanyan yɛn ho bio wɔ April ne asram a edi hɔ no, na amma yɛammu yɛn honhom fam agyapade a ɛsom bo no adewa da?
10 “[Yehowa, NW] da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm.” (Sef. 1:14) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ Ahenni asɛmpa no dawuru. Nnipa nkwa da asiane mu! Ɛmmra sɛ ɔsram yi bɛyɛ nhyira titiriw ama Yehowa nkurɔfo bere a yɛde biakoyɛ kyerɛ sɛ ‘yɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden’ no.
[Kratafa 4 adaka]
NkaediHo Nkaebɔ Ahorow
Afe yi Nkaedi afahyɛ no si Wukuda, April 19. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hyɛ nsɛm a edidi so yi nsow:
◼ Sɛ morehyɛ bere ama nhyiam no a, monhwɛ nhu sɛ wɔremfa abodoo ne bobesa no mfa nnipa no anim kosi sɛ owia bɛtɔ.
◼ Ɛsɛ sɛ moka bere ne beae pɔtee a mubedi afahyɛ no kyerɛ obiara, a ɔkasafo no nso ka ho.
◼ Ɛsɛ sɛ munya abodoo ne bobesa a ɛfata no na mode sisi hɔ. Mommfa afe a etwaam no bobesa a ɛkae no nnyɛ.—Monhwɛ February 1, 1985, Ɔwɛn-Aban, kratafa 27.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan de mprɛte, glass ne ɔpon so tam a ɛfata kɔ asa no so na mohyehyɛ.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan siesie Ahenni Asa anaa beae foforo a mubehyia no fɛfɛɛfɛ.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan paw wɔn a wobegye ahɔho ne wɔn a wɔde abodoo ne bobesa no bɛfa nnipa no anim no na mokyerɛ wɔn ɔkwampa a ɛsɛ sɛ wɔfa so ne sɛnea wɔbɛyɛ wɔn nnwuma no.
◼ Ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe de abodoo ne bobesa no bi kɔma wɔn a wɔasra wɔn no muni biara a onni ahoɔden na ontumi mma no.
◼ Sɛ wobedi afahyɛ no bɛboro biako wɔ Ahenni Asa koro so a, ɛsɛ sɛ nkitahodi pa ba asafo ahorow no ntam na ama wɔakwati nkyereso a enhia wɔ abrannaa no so, ɔpon no ano, anammɔn kwan a ɔmanfo fa so, ne baabi a wɔde kar sisi no.