Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/00 kr. 1
  • ‘Asɛm a Wɔka Wɔ Bere a Ɛfata Mu’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Asɛm a Wɔka Wɔ Bere a Ɛfata Mu’
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Nkɔmmɔ No Ara Mfa Ne Ho Mmra
    Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Nsɛmmisa a Wɔde Di Dwuma Ɔkwan a Etu Mpɔn So
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Sɛnea Wubetu Mpɔn Wɔ Nkɔmmɔbɔ Mu
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Filipo Bɔ Etiopiani Panyin Bi Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 11/00 kr. 1

‘Asɛm a Wɔka Wɔ Bere a Ɛfata Mu’

1 So ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛka asɛm no akyerɛ nkurɔfo? Wote nka sɛ ɛsɛ sɛ woka asɛm bi a edi mu paa ansa na w’atiefo ani agye? Bere a Yesu somaa n’asomafo no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mat. 10:7) Na ɛnyɛ den sɛ wɔbɛka asɛm no akyerɛ afoforo. Saa ara na ɛte nnɛ.

2 Mpɛn pii no, nsɛm kakraa bi na ɛsɛ sɛ yɛka de fi nkɔmmɔbɔ ase. Bere a Filipo hyiaa Etiopiani piani no, obisaa no sɛ: “So wote nea wokan yi ase anaa?” (Aso. 8:30) Hwɛ sɛnea mfaso baa ‘asɛm a wɔkae wɔ bere a ɛfata mu’ no so!—Meb. 25:11.

3 Wubetumi afa saa kwan yi so wɔ asɛnka mu. Ɔkwan bɛn so? Ɛne sɛ wobɛma w’ani ada hɔ na woaka asɛm a ɛfata wɔ ne bere mu. Bisa asɛm bi na tie sɛnea wobebua.

4 Nsɛmmisa a Ɛfata: Sɛ wopɛ sɛ wufi nkɔmmɔbɔ ase a, wubetumi abisa nsɛm yi mu biara:

◼ “So moka Awurade Mpaebɔ (anaa, ‘Yɛn Agya a Wowɔ Soro’) wɔ mo som mu?” (Mat. 6:9, 10) Ka mu asɛm bi na fa eyi toa so: “Ebinom bisa sɛ, ‘Dɛn ne Onyankopɔn din a Yesu kae sɛ ɛho ntew no?’ Afoforo nso bisa sɛ, ‘Dɛn ne Ahenni a Yesu kae sɛ yɛmmɔ ho mpae no?’ So woanya eyinom ho mmuae a ɛfata?”

◼ “So woasusuw ho pɛn sɛ: ‘Dɛn ne asetra atirimpɔw?’” Kyerɛ sɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ ho hia wɔ ha.—Ɔsɛnk. 12:13; Yoh. 17:3.

◼ “Wususuw sɛ owu befi hɔ da bi?” Fa asɛm a ɛwɔ Yesaia 25:8 ne Adiyisɛm 21:4 no ma mmuae a ɛfata.

◼ “So ɔhaw a ɛwɔ wiase no ano aduru ankasa wɔ hɔ?” Kyerɛ sɛ Onyankopɔn ka sɛ ‘yɛnnɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho!’—Mat. 22:39.

◼ “So asiane bi a ebesi wɔ wim bɛma yɛn asase yi asɛe da bi?” Ka Bible bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ asase rensɛe da biara da no ho asɛm.—Dw. 104:5.

5 Fa ɔkwantiaa so ka asɛmpa no kyerɛ wɔ ayamye mu. Yehowa behyira “asɛm” biara a wobɛka de akyerɛkyerɛ nokware no mu akyerɛ afoforo no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena