Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/01 kr. 1
  • “Momma Mo Kanea Nhyerɛn”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Momma Mo Kanea Nhyerɛn”
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Momma Mo Kanea Nhyerɛn”
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • “Momma Mo Kanea Nhyerɛn” Na Ɛnhyɛ Yehowa Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Onyankopɔn Hann Hyerɛn Esum Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Di Wiase Hann No Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 1/01 kr. 1

“Momma Mo Kanea Nhyerɛn”

1 Wiase a yɛte mu no aduru sum wɔ abrabɔ ne honhom fam. Nokware hann no ma esum “nnwuma a ɛnsow aba no” da adi sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu na wakwati atantanne a edi awu yi. Ne saa nti, ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ: “Monnantew sɛ hann mma.”—Efe. 5:8, 11.

2 “Hann aba” da nsow koraa wɔ esum a ɛwɔ wiase no ho. (Efe. 5:9) Sɛ yebetumi asow aba a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ yebu bra pa sɛ Kristofo na yɛtra ase sɛ nkurɔfo a wɔsɔ Yesu ani. Ɛsɛ sɛ yenya nokware no ho komapa ne anigye nso. Ɛsɛ sɛ aba a ɛte saa da adi wɔ yɛn asetra ne ɔsom adwuma no mu.

3 Monhyerɛn Wɔ Baabiara: Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim.” (Mat. 5:16) Te sɛ Yesu no, yɛda Yehowa hann adi denam Onyankopɔn Ahenni ne n’atirimpɔw a yɛka ho asɛm no so. Yɛhyerɛn sɛ akanea bere a yɛkɔ nkurɔfo afie ne bere a yɛka nokware no ho asɛm wɔ adwumam, sukuu mu, yɛn afipamfo mu, anaa baabiara a hokwan bɛsɔre no.—Fil. 2:15.

4 Yesu kae sɛ ebinom bɛtan hann no. (Yoh. 3:20) Enti sɛ dodow no ara po sɛ wɔmma ‘Kristo anuonyam asɛmpa no hann no nharan mma’ wɔn a, emmu yɛn abam. (2 Kor. 4:4) Yehowa nim nea ɛwɔ nnipa koma mu na ɔmpɛ nnebɔneyɛfo wɔ ne nkurɔfo mu.

5 Sɛ yɛfa Yehowa akwan so na yɛkɔ so hyerɛn wɔ honhom fam a, yebetumi ama nkurɔfo ahu. Sɛ wɔnam yɛn abrabɔ so hu sɛ ‘yɛwɔ nkwa hann’ no a, ebetumi akanyan wɔn ma wɔn nso abehu hann no.—Yoh. 8:12.

6 Sɛ yɛma yɛn kanea—hyerɛn a, ɛde anuonyamhyɛ brɛ Ɔbɔadeɛ no na ɛboa komapafo ma wohu no na wonya daa nkwa anidaso. (1 Pet. 2:12) Esiane sɛ yɛwɔ hann no nti, momma yɛmfa mmoa afoforo mma womfi honhom fam sum no mu na wɔmmɛyɛ hann nnwuma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena