“Momma Mo Kanea Nhyerɛn”
1. Dɛn na yɛanya hokwan sɛ yɛde bɛma afoforo?
1 Hann a ɛyɛ fɛ a epue fi ahemadakye kosi adesae no hyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam. Nanso, na ɛyɛ hann foforo koraa na na Yesu reka ho asɛm akyerɛ n’asuafo no sɛ wonnya no—“nkwa hann.” (Yoh. 8:12) Saa hann a efi Onyankopɔn hɔ a yebenya no yɛ hokwan soronko a asɛyɛde a emu yɛ duru bata ho. Yesu kae sɛ: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim” na ama afoforo anya so mfaso. (Mat. 5:16) Wɔ wiase a aduru sum tumm wɔ honhom fam yi mu no, ɛsɛ sɛ yɛma afoforo nya hann no bi, na nnɛ paa ne bere a wohia sen biara! Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn kanea ahyerɛn te sɛ Kristo?
2. Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ hann a efi Onyankopɔn hɔ a ɔbɛma afoforo ahu no ho hia?
2 Denam Asɛnka So: Yesu de ne bere, n’ahoɔden, ne nea ɔwɔ biara boaa nkurɔfo ma wohuu nokware hann no wɔ wɔn afie mu, mmɔnten ne mmepɔw so, kyerɛ sɛ baabiara a obenya nnipa. Ohui sɛ nokware hann a efi Onyankopɔn hɔ a ɔbɛma nkurɔfo ahu no bɛma wɔanya mfaso a ɛtena hɔ daa. (Yoh. 12:46) Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa nnipa pii no, Yesu siesiee n’asuafo no ma wɔbɛyɛɛ “wiase hann.” (Mat. 5:14) Wɔnam nneɛma pa a wɔyɛ maa afoforo ne nokware hann a efi Onyankopɔn hɔ a wɔmaa afoforo hui no so maa wɔn kanea hyerɛn.
3. Yɛbɛyɛ dɛn afi yɛn komam akyerɛ nokware hann no ho anisɔ?
3 Onyankopɔn nkurɔfo bu asɛyɛde a ɛne sɛ ‘wɔnkɔ so nnantew sɛ hann mma’ no aniberesɛm, na wɔka asɛm no wɔ baabiara a wobenya nnipa. (Efe. 5:8) Bible anaa yɛn Kristofo nhoma ahorow a yɛbɛkenkan wɔ adwumam anaa sukuu mu ma afoforo ahu bere a yɛregye yɛn ahome no betumi abue kwan ma yɛne wɔn abɔ Bible mu nkɔmmɔ. Onuawa kumaa bi faa saa kwan yi so maa ne sukuufo 12 nhoma na ɔne wɔn mu biako fii Bible adesua ase!
4. Dɛn nti na ‘yɛn kanea a yɛbɛma ahyerɛn’ no nso hwehwɛ sɛ yɛbɔ ɔbra pa?
4 Denam Nnwuma Pa So: Ɛsɛ sɛ yɛn da biara da abrabɔ nso ma yɛn kanea hyerɛn. (Efe. 5:9) Sɛ yɛbɔ yɛn bra sɛ Kristofo bere a yɛwɔ adwumam, sukuu mu ne mmɔnten so a, ebue kwan ma yɛka Bible mu nokware no kyerɛ afoforo. (1 Pet. 2:12) Sɛ nhwɛso no, suban pa a abarimaa bi a wadi mfe anum daa no adi no kaa ne kyerɛkyerɛfo ma ɔfrɛɛ n’awofo ne wɔn kasae. Ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ, “Minhuu abofra a okura abrabɔ pa mu saa da!” Nokwarem no, yɛn asɛnka adwuma ne yɛn abrabɔ pa no twetwe afoforo ba “nkwa hann” no ho, na ɛde ayeyi brɛ yɛn Nyankopɔn no.