Yɛ Otiefo Pa
1 Egye mmɔdenbɔ na obi atumi ayɛ otiefo pa. Afei nso ɛsɛ sɛ nea ɔretie asɛm no nya ɔpɛ sɛ obesua biribi afi nea ɔretie no mu na ama ɔde adi dwuma. Enti Yesu kyerɛɛ hia a ɛho hia sɛ obi hwɛ ‘sɛnea otie asɛm no yiye.’—Luka 8:18.
2 Eyi ho hia titiriw bere a yɛakɔ asafo nhyiam, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam no. Saa mmere yi na ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie nsɛm no yiye. (Heb. 2:1) Nneɛma a ɛbɛboa wo na ama woatumi ayɛ otiefo pa wɔ Kristofo nhyiam a ɛtete saa ase no bi ni.
◼ Nya anisɔ kɛse ma nhyiam ahorow no. Nhyiam ahorow yi yɛ akwan titiriw a ‘Yehowa fa so kyerɛkyerɛ yɛn denam ofiepanyin nokwafo’ no so.—Yes. 54:13; Luka 12:42.
◼ Di kan sua ade. Sua nneɛma a yebesusuw ho no, na hwɛ sɛ wode wo Bible ne nhoma a yɛresua no bɛka wo ho aba.
◼ Bere a nhyiam no rekɔ so no, bɔ mmɔden sɛ wode w’adwene besi nea ɛrekɔ so no so. Wo ne wɔn a wɔte wo nkyɛn no nnkasa na nhwɛ nea atiefo afoforo reyɛ. Mfa w’adwene nkɔ nea wobɛyɛ bere a yɛapɔn nhyiam no so na mma biribi foforo a wopɛ sɛ woyɛ nntwetwe w’adwene.
◼ Susuw nsɛm a wɔreka no ho. Bisa wo ho sɛ: ‘Eyi fa me ho dɛn? Bere bɛn na metumi de adi dwuma?’
◼ Yɛ nsɛntitiriw ne kyerɛw nsɛm no ho kyerɛwtohɔ ntiantia. Eyi boa wo ma wokae nsɛm a wɔkae no na ɛma wutumi de di dwuma akyiri yi.
3 Boa Wo Mma Ma Wontie: Mmofra hia honhom fam nkyerɛkyerɛ. (Deut. 31:12) Wɔ tete no, na ɛsɛ sɛ ‘obiara a obetumi atie Onyankopɔn Mmara no na wate ase’ no yɛ aso bere a wɔrekenkan akyerɛ wɔn no. (Neh. 8:1-3) Sɛ awofo ma nhyiam no hia wɔn na wotie nea ɛrekɔ so no yiye a, akyinnye biara nni ho sɛ wɔn mma nso bɛyɛ saa ara. Ɛnyɛ papa sɛ wode agode anaa mfonini nhoma ba nhyiam no ase na woma mmofra de di agoru. Akɔneaba a wobedi wɔ agyananbea anaa adwensɔe no remma wontumi ntie asɛm no. Esiane sɛ ‘agyimisɛm kyekyere mmofra koma ho’ nti, ɛsɛ sɛ awofo bɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛhwɛ ama wɔn mma atra faako atie nhyiam no mu dwumadi no.—Mmeb. 22:15.
4 Sɛ yɛyɛ atiefo pa a, yebehu nyansa na ‘yɛn adenim bɛdɔɔso.’—Mmeb. 1:5.