Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/01 kr. 1
  • Momma Yɛn Nyinaa Nni Yehowa ne Ne Ba no Ni

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Momma Yɛn Nyinaa Nni Yehowa ne Ne Ba no Ni
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Di Yehowa Ni​—Dɛn Ntia Na Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Momfa Nidi Mma Nea Nidi Sɛ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Munni Nnipa Nyinaa Ni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Di Afoforo Ni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 3/01 kr. 1

Momma Yɛn Nyinaa Nni Yehowa ne Ne Ba no Ni

Sɛnea Wɔn a Wɔbɛkɔ Nkaedi no April 8 no Nyinaa Betumi Anya So Mfaso Kɛse

1 Henanom na wodi wɔn ni wɔ ɔkwan soronko so nnɛ? Ɛyɛ wɔn a wiase no bu nea wotumi yɛ no paa no. Nanso, mpɛn pii no, ɛnkyɛ na wɔn werɛ afi wɔn nneyɛe. Na nneyɛe a adesamma nyinaa nya so mfaso ankasa no nso ɛ? Yɛde yɛn adwene besi nea ɛsen eyinom nyinaa so kɛse bere a yɛhyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã wɔ April 8, 2001, bere a owia akɔtɔ akyi no.

2 Hena na ɔfata nidi a ɛsen biara? Bible no bua sɛ: ‘Yehowa, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa.’ (Adi. 4:11) Sɛ Ɔbɔadeɛ no, Yehowa ne Otumfoɔ Pumpuni wɔ amansan no mu. Ɔfata nidi daa nyinaa!—1 Tim. 1:17.

3 Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no, yɛɛ nneɛma pa a ɛde daa nhyira bɛbrɛ adesamma. Osuasuaa N’agya pɛpɛɛpɛ. (Yoh. 5:19) Osetie a edi mu a ɔyɛe ne nokwaredi a ɔde somee no ma ‘ɔfata sɛ ogye tumi ne ahonya ne nyansa ne ahoɔden ne nidi ne anuonyam ne nhyira.’ (Adi. 5:12) N’agya dii no ni denam si a osii no Hene so. (Dw. 2:6-8) Yɛn nso yebenya hokwan adi Agya no ne Ɔba no ni bere a yɛhyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã wɔ April 8, 2001 mu no.

4 Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa kakraa bi na wɔde nidi ama Yehowa ne ne Ba no ankasa wɔ adesamma abakɔsɛm mu. Ɛtɔ da bi mpo a, na Israelfo a na wɔyɛ Onyankopɔn tete nkurɔfo no mfa ɔsom a edi mu mma Yehowa. Na eyi yɛ animtiaabu ankasa. (Mal. 1:6) Obu a ɛfata hwehwɛ sɛ yɛde nokwaredi yɛ osetie a egyina ɔdɔ ne nea Yehowa ne ne Ba no ayɛ ama yɛn no nyinaa ho anisɔ so. Nidi ne obu a ɛte saa a yɛde ma no kyerɛ sɛ yɛda osuro pa adi, na yegye Yehowa ne Yesu tom wɔ yɛn akwan nyinaa mu. Kristofo asafo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo na wɔaboa wɔn ma wɔayɛ saa ara.

5 Da Titiriw a Ɛsɛ sɛ Yɛda Nidi Adi: Nkaedi no yɛ Yehowa nkurɔfo nhyiam a ɛho hia sen biara afe biara. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom Yehowa na odi no ni no kɔ bi. (Luka 22:19) Yɛhwɛ kwan sɛ wɔ Adansefo ɔpepem 6 akyi no, anigyefo dodow a wɔbɛba no bɛma aboro ɔpepem 14. Hwɛ hokwan a ɛfata a yebenya de adi yɛn soro Agya no ni! Ɛwom sɛ afahyɛ no twe adwene si Yesu so de, nanso nidi ne obu a yɛkyerɛ wɔ nea watumi ayɛ ho no hyɛ Agya a ɔsomaa no no anuonyam.—Yoh. 5:23.

6 Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa afahyɛ titiriw yi? Yebetumi aboa anigyefo a wɔyɛ foforo no ma wɔanya so mfaso kɛse. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmra, na sɛ ɛho hia a, fi ayamye mu boa wɔn ma wɔmmra hɔ. Kyerɛkyerɛ ɔkasa no atirimpɔw mu kyerɛ wɔn. Fa wɔn kyia afoforo. Nea wohu ne nea wɔte betumi ama wɔabɛka yɛn ho ma yɛadi Yehowa ni.

7 Mmu tumi a dwumadi yi betumi anya wɔ afoforo so no adewa. Obi a ɔkɔ sukuupɔn kae sɛ: “Makɔ Awurade Adidi mpɛn pii wɔ m’asɔre mu, nanso eyi yɛ soronko koraa. Mahu sɛ eyi te sɛ nea Bible ka no pɛpɛɛpɛ, na misusuw sɛ mo na mowɔ nokware no.” Ofii ase kɔɔ nhyiam ahorow daa, na ankyɛ na wɔbɔɔ no asu.

8 Boa Wɔn a Wɔyɛ Foforo no Ma Wonnya Nkɔso: Hyɛ wɔn a wɔyɛ foforo a wɔba Nkaedi no nsow na kɔsra wɔn ntɛm ara wɔ nhyiam no akyi, na munsusuw nneɛma a ɛhyɛ nkuran a wosuae na wohui no ho. Ka nhyiam afoforo a ebetumi ama wɔanya Bible mu nimdeɛ pii no ho asɛm kyerɛ wɔn. Nimdeɛ nhoma no ti 17 asɛmti a ese “Hwehwɛ Ahobammɔ Wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu” no ho a mubesusuw no bɛma wɔahu honhom fam nsiesiei pii a wɔde ma wɔ asafo no mu a wɔn nsa betumi aka bi ntɛm ara no. Yɛ nhyehyɛe ma wɔnhwɛ Our Whole Association of Brothers video no bi na ama wɔn ankasa ahu Yehowa nkurɔfo biakoyɛ, wɔn anigye, ne wɔn nsiyɛ!

9 Ɛho hia sɛ wɔn a wɔyɛ foforo no hu sɛnea wɔn ankasa betumi adi Yehowa ni na wɔakyerɛ obu ama no. Kyerɛkyerɛ mu sɛ mpae a efi komam sɔ Yehowa ani na ɛma yenya honhom fam denhyɛ daa. (1 Yoh. 5:14) Fa Ahwehwɛde nhomawa no mu adesua a ɛto so 8 kosi 12 no kyerɛkyerɛ no abrabɔ ko a edi Yehowa ni. Bere a mususuw Yehowa Adansefo nhomawa no kratafa 30-1 ho no, hyɛ wɔn a wɔyɛ foforo no nkuran ma wonsusuw sɛnea wobetumi adi Yehowa ni ho, denam asɛnka adwuma a wɔbɛyɛ bi no so.

10 Anisɔ a yɛkyerɛ ma Yesu afɔrebɔ ne hokwan a yɛanya de resom sɛ n’asuafo no di Agya no ni na ɛma afoforo nya nhyira horow. Yesu hyɛɛ bɔ sɛ: “Na sɛ obi som me a, m’agya bedi no ni.”—Yoh. 12:26.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena