“Migyinaa Pintinn! Migyinaa Pintinn! Migyinaa Pintinn!”
1 Asɛm yi a Kristoni nokwafo bi a onyaa ne ti didii mu wɔ Okunkɛse no mu kae no twe adwene si sɛnea Adansefo ɔpepem—ebinom awuwu na ebinom nso te ase—sii wɔn bo sɛ wobekura wɔn gyidi mu ɛmfa ho Nasi atirimmɔden no so. (Efe. 6:11, 13) Wɔada wɔn suahu a ɛyɛ anigye na ɛhyɛ nkuran no adi wɔ Jehovah’s Witnesses Stand Firm Against Nazi Assault video a ɛka koma no mu. Yɛhyɛ asafo ahorow no mufo nyinaa nkuran sɛ wɔnhwɛ na wɔnka nea wohui a ɛhyɛ nkuran no nkyerɛ wɔn ho wɔn ho.
2 Fa w’adwene si nsɛmmisa a ɛte sɛ eyinom so: (1) Dɛn na ɛmaa Yehowa Adansefo sii wɔn bo sɛ wɔrennyina Nasi nniso no akyi? (2a) Nkyia bɛn na ɛde akameakame bae? (2b) Ɔkwan bɛn so na eyi kaa Adansefo mmusua? (3) Adansefo baahe na wɔde wɔn koguu nneduaban ahorow mu, dɛn na na wɔde hyɛ wɔn nsow, na polisifo ne wɔn dii no dɛn? (4) Dɛn na yɛn nuanom anyɛ na ama wɔanya ahofadi? (5a) Ɔkwan bɛn so ne bere bɛn na Yehowa Adansefo kasa tiaa Hitler atirimmɔdensɛm no? (5b) Eyi maa Hitler yɛɛ n’ade dɛn? (6) Ɔkwan bɛn so na biako a Yehowa nkurɔfo yɛe no bɔɔ wɔne afoforo nkwa ho ban wɔ honam fam ne honhom fam? (7) Ahenni nnwom bɛn na wɔhyehyɛe wɔ nneduaban bi mu? (8) Nhwɛso bɛn na mmarima, mmea, ne mmofra, anokwafo yɛe a ɛhyɛ wo nkuran ma wudi nokware ma Yehowa ɛmfa ho nea ɛbɛba biara? (Hwɛ 1999 Yearbook, kratafa 144-7 nso.) (9) Sɛ́ Yehowa Dansefo no, video yi ma wote nka dɛn wɔ wiase no fã a wonyɛ no ho?
3 Akokoduru ho nhwɛso a Yehowa Adansefo daa no adi a ɛwɔ Stand Firm video no mu no betumi aboa mmofra, wɔn a wɔnyɛ Adansefo mpo, ma wɔatumi agyina afoforo ho abotare a wonnya, atipɛnfo nhyɛso, ne ahonim ano. Sɛ woyɛ aberante anaa ababaa a wokɔ ntoaso sukuu anaa sukuupɔn bi a, so wubetumi ama w’akyerɛkyerɛfo no de video yi aboa mo adesuakuw no? Wubetumi de video yi bi ama wɔn na woakyerɛkyerɛ mu sɛ ɛka abakɔsɛm a nnipa pii nnim anaasɛ ɛka abrabɔ ho nsɛm.
4 Stand Firm video no yɛ adwinnade a ɛsom bo kɛse a ɛboa ma yehu sɛnea Onyankopɔn kyerɛkyerɛ yɛn na yɛanya honhom fam ahoɔden a ɛbɛma yɛayɛ nea ɛsɔ n’ani. (1 Kor. 16:13) Boa wɔn a wɔn ani gye nokware no ho nyinaa ma wɔnhwɛ bi.