Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/01 kr. 8
  • Ɔfã 2—Nhyira a Yehowa Dɔ Ho Anisɔ De Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã 2—Nhyira a Yehowa Dɔ Ho Anisɔ De Ba
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔfã 1—Nhyira a Yehowa Dɔ Ho Anisɔ De Ba
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Wubetumi Adi Adanse Wɔ Bɔnnɔ So!
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Telefon So Adansedi a Etu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Wonnyaee Adansedi
    Yɛn Ahenni Som—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 12/01 kr. 8

Ɔfã 2—Nhyira a Yehowa Dɔ Ho Anisɔ De Ba

1 Wɔ asɛm yi fã a ɛwɔ ɔsram a etwaam no mu no, yesii akwan anan a yebetumi afa so ada Yehowa dɔ ho anisɔ a yɛwɔ no adi wɔ ɔsom adwuma no mu so dua. (1 Yoh. 4:9-11) Yɛde akwan foforo anum a yɛbɛfa so ayɛ eyi aka ho. Sɛ yenya afoforo a wɔboa wɔn wɔ honhom fam no mu kyɛfa kɛse a, yenya nhyira.

2 Bɔnnɔ so Adansedi: Eyi yɛ ɔkwan a etu mpɔn a yɛfa so nya nnipa a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn no de nhoma a ɛboa wɔn ma wɔn. Eye sɛ ‘yebenya bere a ɛfata’ na bere nyinaa yɛadi obiara a yehyia no no adanse. (Efe. 5:16) Ebia ebehia sɛ yenya akokoduru de di adanse wɔ saa kwan yi so, nanso sɛ yɛn ani sɔ Onyankopɔn dɔ na yehu nkurɔfo ahiade a, yɛde hokwan biara bedi adanse.—2 Tim. 1:7, 8.

3 Ɔsɛmpatrɛwfo bi nyaa nhyira pii bere a ɔne ne yɔnko kwantuni bi fii ase bɔɔ nkɔmmɔ wɔ taksi mu no. Ɔbarima yi kyerɛɛ ho anigye. Ɔkɔyɛɛ sankɔhwɛ na wofii Bible adesua ase. Ɔbarima no baa nokware no mu na onyaa nkɔso ma ɔbɛyɛɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu!

4 Nkrataakyerɛw: Ebia ɔhonam mu mmerɛwyɛ anaa wim tebea a ɛnyɛ papa nti, yentumi nkɔ afie afie. Yebetumi akyerɛw nkrataa de adi ankorankoro a yenim wɔn, wɔn a wɔn adɔfo awuwu, wɔn a yɛanto wɔn wɔ fie wɔ asasesin no mu adanse. Yebetumi de yɛn nkratawa a ɛyɛ ne bere mu de no biako a ekura Bible mu asɛm bi a ɛkanyan anigye na ɛhyɛ onipa no nkuran sɛ, sɛ ɔwɔ nsɛmmisa bi a ɔnkyerɛw yɛn no aka krataa no ho. Fa w’ankasa anaasɛ mo Ahenni Asa address di dwuma; Yɛsrɛ sɛ ɛnsɛ sɛ mode baa dwumadibea no address di dwuma.

5 Telefon so Adansedi: Eyi yɛ ɔkwan pa a yɛfa so nya nnipa a yɛnto wɔn wɔ afie afie adwuma no mu no. Sɛ yɛde nhumu, ayamye, anifere, ne ahokwaw yɛ a, yebetumi ama wɔatie yɛn ankasa. February 2001 Yɛn Ahenni Som no de sɛnea yebetumi ama biribi pa afi mu aba ho nyansahyɛ pa ma wɔ kratafa 5-6.

6 Bere a onuawa bi de telefon redi adanse no, obisaa ɔbea bi sɛ ebia wasusuw nea ɔne n’abusua benya daakye no ho akɔ akyiri anaa. Ɔbea no kae sɛ wayɛ saa. Ɔdaa no adi sɛ abasamtu nti, ɔne afoforo mmmɔ wɔ fie. Esiane tema a onuawa no nya maa ɔbea no nti, ɔpenee so sɛ wonhyia wɔ gua bi a ɛbɛn wɔn no so. Nea efii mu bae ne sɛ ɔbea no penee ntɛm ara sɛ ɔne no nyɛ Bible adesua!

7 Ahɔho a Yebegye Wɔn Fɛw So: Sɛ yɛdɔ yɛn afipamfo a, yɛde yɛn ani bɛto fam sɛ yebehu ɔhɔho biara a ɔba beae a yehyiam no na yɛama n’ani aka. (Rom. 15:7) Ma onhu sɛ waba wɔn a wodwen ne honhom fam yiyedi ho ankasa mu. Tema a yebenya ama no ne Bible adesua a yɛbɛka sɛ yɛne no bɛyɛ no betumi akanyan no ma woagye yɛn mmoa no atom.

8 Yɛn Abrabɔ Pa: Yɛnam yɛn abrabɔ pa so hyɛ nokware no anuonyam. (Tito 2:10) Sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no ka yɛn ho asɛmpa sɛ Yehowa Adansefo a, ɛhyɛ yɛn Nyankopɔn anuonyam. (1 Pet. 2:12) Eyi nso betumi aboa afoforo ma wɔafi ase anantew nkwa kwan no so.

9 Dɛn nti na yensusuw akwan anum yi ho mfa nna anisɔ a yɛwɔ ma ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ ma yɛn no adi na yɛmfa nni dwuma? (1 Yoh. 4:16) Sɛ woyɛ saa a, wubenya nhyira pii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena