Wɔakyerɛ Ho Anigye Kɛse!
1 Kristofo mmusua a wɔwɔ mmaa nyinaa ada Young People Ask—How Can I Make Real Friends? video no ho anisɔ a wɔanya no adi. Agya bi a ɔwɔ United States kae sɛ bere a wɔhwɛ wiei no, ne mmabarima traa ase komm—wotumi tee video no mu biribiara ase! Amanneɛbɔ bi a efi Malawi ka sɛ ɛhɔnom anuanom mmerante ne mmabaa nso tumi tee ase efisɛ wɔn atipɛnfo de nhyɛso koro no ara ba wɔn so wɔ sukuu. Agya bi a ɔwɔ Germany kaa video yi ho asɛm sɛ: “Mibu no sɛ ɛyɛ me mpaebɔ ho mmuae.” Abeawa bi kae sɛ: “Meda mo ase sɛ mokae me sɛ Yehowa dwen me ho.” Asafo mu panyin bi a ɔwɔ New Zealand bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛboaa yɛn mma a wɔadu mpanyin afe so no mu biako ma ɔsan bɛfaa nkwa kwan no so.” Ɔwarefo bi a n’ani afi hwɛe na ɔkae sɛ: “Ɛkaa me nko a anka ɔbabun biara a ɔwɔ nokware no mu no ahwɛ video yi na akanyan no ma n’ankasa agye nokware no atom!” Mmusua, dɛn nti na monhwɛ bio? Ɛno akyi no, mommom mfa nsɛmmisa a edidi so yi nsusuw ho.
2 Nnianim Asɛm: Dɛn na adamfo pa kyerɛ?—Mmeb. 18:24.
3 Nneɛma a Esiw Adamfofa Kwan: Ɔkwan bɛn so na wubetumi adi te a wobɛte nka sɛ wɔabu ani agu wo so no so? (Fil. 2:4) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ sɛ wobɛma wo nipasu ayɛ papa, na henanom na wɔbɛboa wo ma woayɛ saa? Dɛn na ebebue kwan ma woanya nnamfo pii, na ɛhe na wubetumi anya wɔn?—2 Kor. 6:13.
4 Wone Onyankopɔn Adamfofa: Wobɛyɛ dɛn atumi ne Yehowa anya abusuabɔ, na dɛn nti na mfaso wɔ mmɔden a ɛte saa a wobɛbɔ no so? (Dw. 34:8) Henanom na wobetumi ama wo ne Onyankopɔn adamfofa no mu ayɛ den asen biara?
5 Nnamfo Bɔne: Henanom ne nnamfo bɔne? (1 Kor. 15:33) Ɔkwan bɛn so na nnamfo bɔne betumi asɛe wo wɔ honhom fam? Dɛn na Bible mu kyerɛwtohɔ a ɛfa Dina ho no kyerɛ wo?—Gen. 34:1, 2, 7, 19.
6 Ɛnnɛ Bere Mu Drama: Ɔkwan bɛn so na ankonamyɛ nyaa Tara so nkɛntɛnso? Ɔkwan bɛn so na ɔkyerɛe sɛ ɔne wiasefo mmofra fekubɔ no fata? Asiane bɛn na wɔma ohyiae? Dɛn nti na n’awofo antumi anhu asiane a na ɔwom no, nanso su bɛn na wɔdaa no adi de boaa no ma ɔsan yɛɛ den wɔ honhom fam? Ɔkwan bɛn so na onuawa kwampaefo bi daa no adi sɛ ɔyɛ Tara adamfo pa? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo tie nea Mmebusɛm 13:20 ne Yeremia 17:9 ka no? Asuade titiriw bɛn na Tara nyae?
7 Awiei: Asuade ahorow bɛn na woanya afi video yi mu? Ɔkwan bɛn so na wubetumi de aboa afoforo?—Dw. 71:17.