Video a Ɛsɛ sɛ Yesusuw Ho Anibere So
“Video yi ma wodwen nsɛm ho ankasa!”
“Ɛkaa me koma paa!”
“Epusuw me!”
1 Da a edi kan a wohwɛɛ Young People Ask—How Can I Make Real Friends? video no, saa na wotee nka? Bere bi a atwam no, nnamfo bɔne a onuabarima kumaa bi ne wɔn bɔe nti, ohyiaa nsɛnnennen wɔ n’asetram. Wɔn fekubɔ no ma n’ani fii nokware no so, na ɛsɛee ɔne Yehowa ntam abusuabɔ. Saa bere no na woyii Real Friends video no adi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Bere a mehwɛɛ video no mpɛn pii no, misui. Medaa Yehowa ase sɛ minyaa mmoa wɔ bere a ɛsɛ mu.” Video no kaa no ma ɔyɛɛ nsakrae wɔ n’asetram na ɛma ɔfaa nnamfo pa. Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛda adi sɛ munim nea mmerante ne mmabaa refa mu nnɛ.” Awofo ne mmabun, dɛn nti na monsan nhwɛ video yi wɔ mo abusua adesua a edi hɔ mu? Sɛ ɔfã biara si a, munnyina na mumfi mo pɛ mu nsusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho yiye.
2 Nnianim Asɛm: Dɛn na adamfo pa kyerɛ?—Mmeb. 18:24.
3 Nneɛma a Esiw Adamfofa Kwan: Sɛ wote nka sɛ wɔabu ani agu wo so a, wobɛyɛ dɛn atumi adi so? (Filip. 2:4) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ sɛ wobɛsesa wo su, na henanom na wɔbɛboa wo ma woayɛ saa? Dɛn na ɛbɛma woanya nnamfo pii, na ɛhe na wubetumi anya wɔn?—2 Kor. 6:13.
4 Wo ne Onyankopɔn Adamfofa: Wobɛyɛ dɛn atumi ne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den, na dɛn nti na mfaso wɔ saa a wobɛyɛ so? (Dw. 34:8) Henanom paa na wobetumi ama wo ne Onyankopɔn adamfofa no mu ayɛ den?
5 Nnamfo Bɔne: Henanom na wɔyɛ nnamfo bɔne? (1 Kor. 15:33) Ɔkwan bɛn so na nnamfo bɔne betumi asɛe wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ? Dɛn na wusua fi Bible mu asɛm a ɛfa Dina ho no mu?—Gen. 34:1, 2, 7, 19.
6 Ɛnnɛ Bere Mu Drama: Ɔkwan bɛn so na ankonamyɛ nyaa Tara so nkɛntɛnso? Dɛn na ɔyɛ de kyerɛe sɛ ɔne wiasefo mmofra fekubɔ no fata? Asiane bɛn na wɔma ohyiae? Dɛn nti na n’awofo antumi anhu asiane a na ɔwom no, nanso su bɛn na wɔdaa no adi de boaa no ma ɔsan siesiee ɔne Onyankopɔn ntam? Dɛn na onuawa kwampaefo bi yɛ de kyerɛe sɛ ɔyɛ Tara adamfo pa? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo tie nea Mmebusɛm 13:20 ne Yeremia 17:9 ka no? Asuade titiriw bɛn na Tara nyae?
7 Awiei: Nneɛma bɛn na woasua afi video yi mu? Wobɛyɛ dɛn atumi de aboa afoforo?—Dw. 71:17.