Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/03 kr. 7
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Wubetumi Agye Anuanom Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Ahotoso Ho Hia Ma Asetra a Anigye Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 2/03 kr. 7

Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

1 Sɛ yebegyina pintinn wɔ gyidi no mu wɔ wiase a ɛsakra bere nyinaa no mu a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. Dɛn na eyi a yɛbɛyɛ no kyerɛ ankasa? Ɔkwan bɛn so na yɛn ho a yɛde to Yehowa so no ka yɛn ankasa ne yɛn abusua asetra? Ɔkwan bɛn so na ɛboa yɛn ma yɛko tia Satan wiase no nkɛntɛnso? Ɔmansin nhyiam dwumadi ma 2003 ɔsom afe no bua nsɛmmisa yi. N’asɛmti ne “Fa Wo Ho To Yehowa So na Yɛ Papa.”—Dw. 37:3.

2 Ɛnyɛ mmere atitiriw anaa mmere a yehia mmoa denneennen nkutoo mu na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. Ɛyɛ yɛn da biara da asetra mu adeyɛ. Wosi eyi so dua wɔ ɔkasa a edi kan, “Momfa Mo Ho Nto Yehowa So Daa” no mu. (Dw. 62:8) Ɔkasa a wɔakyekyɛm anan, “Ahotoso a Yebenya Wɔ Yehowa Mu” no bɛkyerɛ sɛnea yebenya Bible mu nsɛm a yebetumi de adi dwuma ma aboa yɛn ma yɛayɛ yɛn aware yiye, adi ɔhaw ahorow a ɛba abusua mu ho dwuma na ama yɛanya yɛn honam fam ahiade.

3 Satan wiase no bɔ mmɔden sɛ ɛbɛhyɛ yɛn ma yɛagye papa ne bɔne ho adwene a wɔakyinkyim no no atom na ama yɛn adwene atu afra wɔ nea ehia ne nea enhia ho. (Yes. 5:20) Ɔkasa “Monhwɛ Yiye Wɔ Asetra Mu Ahuhude Ho” ne “Monkwati Bɔne—Monyɛ Papa” no bɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yebedi Yehowa gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn so no mu den.—Amos 5:14.

4 Sɛ Yehowa de mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no ba awiei a, ebehia sɛ Onyankopɔn asomfo de wɔn ho to no so koraa. Wosi eyi so dua wɔ baguam ɔkasa, “Ogye a Yebenya Afi Wiase Amanehunu Mu Abɛn” no mu. Wɔ ɛno akyi no, wɔbɛma yɛapɛɛpɛɛ yɛn ho mu wɔ ɔfã a ɛne “So Wobebu Wo sɛ Wofata sɛ Wokɔ Onyankopɔn Ahenni Mu?” no mu. Wɔde afotu a ɛne sɛ “Fa Wo Ho To Yehowa Bɔhyɛ Ahorow So” no na ebewie dwumadi no.

5 Ɔmansin nhyiam biara mu ade titiriw ne asubɔ kasa. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ wɔbɔ no asu no ka ho asɛm kyerɛ ɔhwɛfo guamtrani no ntɛm ara na ama wayɛ nhyehyɛe a ehia no.

6 Wɔ mmere a nneɛma tumi sakra bere biara yi mu no, Yehowa nkutoo na yebetumi anya ne mu ahotoso ne asomdwoe. (Dw. 118:8, 9) Momma yɛn nyinaa nhyɛ ne mu ahotoso a yɛwɔ no mu den denam ɔmansin nhyiam dwumadi no nyinaa a yɛbɛkɔ akotie no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena