Boa Afoforo Ma Wɔnhyɛ Yehowa Anuonyam
1 Wɔreka asɛm bi a ɛho hia akyerɛ nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu. Na monkotow nea ɔyɛɛ soro ne asase ne ɛpo ne asuti no.” (Adi. 14:6, 7) Ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛrenya saa dawurubɔ no mu kyɛfa. Dɛn na ehia sɛ nkurɔfo hu fa Yehowa ho na ama wɔasuro no asom no?
2 Ne Din: Ehia sɛ nkurɔfo tumi de nokware Nyankopɔn koro no din hu no wɔ atoro anyame pii a wɔsom wɔn nnɛ no mu. (Deut. 4:35; 1 Kor. 8:5, 6) Nokwarem no, Bible akyerɛwfo de Yehowa din a ɛso nni no dii dwuma bɛboro mpɛn 7,000. Ɛwom sɛ yɛde nhumu di dwuma yiye de hu bere a ɛfata sɛ yɛda Onyankopɔn din adi de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛde hintaw da anaasɛ yɛkwati sɛ yɛde bedi dwuma. Nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ adesamma nyinaa behu ne din.—Dw. 83:18.
3 Ne Nipasu: Sɛ nkurɔfo bɛhyɛ Yehowa anuonyam a, ehia sɛ wohu Onyankopɔn ko a ɔyɛ. Ɛsɛ sɛ yɛma wohu ne dɔ a ɛkyɛn so, ne nyansa a ɛsen biara, n’atɛntrenee a edi mu koraa, ne tumi a ɔwɔ wɔ biribiara so no de ka ne mmɔborohunu, n’adɔe, ne ne su afoforo a ɛyɛ nwonwa no ho. (Ex. 34:6, 7) Ɛsɛ sɛ wosua nso sɛ wobenya Onyankopɔn ho osuro pa, adi no ni, na wogye tom sɛ yɛn nkwa ankasa gyina Yehowa anim dom a yebenya no so.—Dw. 89:7.
4 Onyankopɔn a Yɛbɛbɛn No: Sɛ wobegye nkurɔfo wɔ Onyankopɔn atemmu a ɛreba no mu a, ɛsɛ sɛ wɔde gyidi frɛ Yehowa. (Rom. 10:13, 14; 2 Tes. 1:8) Eyi hwehwɛ pii sen sɛ wobenya Onyankopɔn din ne ne su ahorow ho nimdeɛ kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ yɛboa nkurɔfo ma wɔne Yehowa nya abusuabɔ, na wofi wɔn koma nyinaa mu de wɔn ho to no so. (Mmeb. 3:5, 6) Bere a wɔde nea wosua di dwuma, fi wɔn komam bɔ Onyankopɔn mpae, na wohu sɛ ɔboa wɔn wɔ asetra mu no, wɔn gyidi bɛyɛ kɛse, na ɛbɛboa wɔn ma wɔabɛn Yehowa.—Dw. 34:8.
5 Momma yɛmfa nnamyɛ nka Onyankopɔn din ho asɛm na yɛmmoa afoforo mma wonnya ne mu ahotoso a edi mu na wonsuro no. Yebetumi aboa afoforo pii ma wɔabehu Yehowa na wɔahyɛ no anuonyam sɛ wɔn “nkwagye Nyankopɔn.”—Dw. 25:5.