Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Nov. 15
“Ebinom asusuw ho sɛ ebia yehia asɔredan ne asɔrefie ahorow a yɛbɛsom Onyankopɔn wɔ mu anaa. Wudwen ho dɛn? [Ma ommua.] Hwɛ nea Bible ka fa asɛm yi ho. [Kenkan Asomafo no Nnwuma 17:24.] Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ mmeae a wɔsom no? Nsɛmma nhoma yi de asɛmmisa yi ho mmuae a egyina Kyerɛwnsɛm so ma.”
Nyan! Nov. 22
“So wususuw sɛ da bi bɛba a nyansahu beyi nyarewa afi hɔ? [Ma ommua.] Engiresi Nyan! yi hwehwɛ nkɔso ahorow bi a nyansahu anya mu. Ɛkyerɛ nea enti a Ɔbɔadeɛ no nkutoo na ɔwɔ tumi a ɔde beyi yare ne owu afi hɔ no nso.” Kenkan Dwom 146:3-5, na fa nsɛmma nhoma no ma.
Ɔwɛn-Aban Dec. 1
“Nnansa yi, ɛkame ayɛ sɛ sikasɛm ho ayɛ den ama obiara. Saa ara na ɛte wɔ asɔre ahorow mu, na wɔkɔ so ka sika ho asɛm bere nyinaa. So ɛhaw wo? [Ma ommua. Afei kenkan 1 Tesalonikafo 2:9.] Ɔwɛn-Aban no susuw nea Bible ka fa asɛm yi ho no ho.”
Nyan! Dec. 8
“Esiane amumɔyɛfo ho hu nti, nnipa pii ntumi nhu sɛ ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wɔbɛforo wimhyɛn anaa. So eyi haw wo? [Ma ommua.] Bible gye tom sɛ asiane betumi ato obiara. [Kenkan Ɔsɛnkafo 9:11.] Nanso, Nyan! yi susuw ɔkwan a wubetumi afa so ama w’ahobammɔ atu mpɔn, na ama woanya abotɔyam bere a wote wimhyɛn mu ho.”