Yehowa Adansefo 2003 “Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” Ɔmantam Nhyiam
1 Yehowa nam ne diyifo nokwafo Yesaia so hyɛe sɛ: “Me nkurɔfo, muntie me, na me man, monyɛ aso mma me.” (Yes. 51:4) Wɔ awiei bere yi a nneɛma mu rekɔ so yɛ den kɛse no, so yennye ntom sɛ Yehowa mmara a yebetie no ho hia sen bere biara? Akwan a yɛnam so ‘yɛ aso’ ma Yehowa no mu biako ne sɛ yebedi n’ahyɛde a ɛne sɛ yenhyiam nsom no no so. Hwɛ sɛnea yɛhwɛ hokwan titiriw a yɛn afe afe ɔmantam nhyiam ahorow ma yenya no kwan! Yehowa Adansefo Sodikuw no ayɛ nhyehyɛe bio sɛ yɛnyɛ ɔmantam nhyiam ahorow wɔ Ghana wɔ afe 2003 mu.
2 Sɛnea wɔdaa no adi wɔ July 1, 2002, Ɔwɛn-Aban no mu no, wɔbɛyɛ amanaman ntam nhyiam ahorow nso wɔ Accra ne Kumasi a nhyiamfo a wofi Europa ne Afrika Mfinimfini ne Atɔe fam bɛba bi. Esiane sɛ Ghana nkurow abien pɛ mu na wɔbɛyɛ amanaman ntam nhyiam no nti, asafo ahorow a wɔbɛkyerɛ sɛ wɔnkɔ saa nhyiam no bi nkutoo na wobetumi akɔ bi. Nanso amanaman ntam nhyiam mu nneɛma bi bɛda adi wɔ ɔmantam nhyiam ahorow no ase. Anyɛ yiye koraa no, wɔnam telefon so bɛma mmeae foforo anan ate nea ɛbɛkɔ so wɔ ase no bi. Asɛmpatrɛwfo nso bɛkɔ nhyiam ahorow a wɔbɛyɛ wɔ mmeae bi no ase, na yebenya hokwan atie wɔn suahu ahorow no bi. Dɛn na yebetumi ayɛ de anya nhyehyɛe a wɔreyɛ mprempren ama yɛn afe yi nhyiam ahorow no so mfaso akosi ase?
3 Kɔ Da Biara: Nea ɛbɛyɛ na yɛanya nkyerɛkyerɛ a akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no de ma so mfaso koraa no, yɛbɛhwɛ ahu sɛ yɛbɛkɔ akotie dwumadi no nyinaa. (Mat. 24:45) So ɛho behia sɛ wosrɛ kwan fi w’adwumawura hɔ na ama woatumi akɔ nhyiam no da biara? Ansa na Nehemia resrɛ Ɔhene Artasasta kwan akɔ Yerusalem akosi afasu no, ‘ɔbɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae.’ (Neh. 2:4) Ɛsɛ sɛ wo nso wobɔ Yehowa mpae saa ara de hwehwɛ akokoduru a wode bɛsrɛ kwan afi w’adwumawura hɔ de akɔ nhyiam no nyinaa. Na sɛ w’adwumawura no mpɛ sɛ ɔbɛma wo kwan nso ɛ? Ebia kyerɛ a wobɛkyerɛkyerɛ mu sɛ nkyerɛkyerɛ a yenya wɔ yɛn nhyiam ahorow ase no boa ma yɛyɛ adwumayɛfo a wodi nokware, wɔyɛ nsi, na wotumi de ho to wɔn so no bɛma wayɛ ho biribi pa. Afei nso, sɛ yɛwɔ abusuafo a wonnye nni a, ɛbɛyɛ nea ɔdɔ wom sɛ yɛbɛka yɛn nhyiam no ho nhyehyɛe ho asɛm akyerɛ wɔn ntɛm.
4 Dabere Akwammisa Ho Akwankyerɛ: Yɛde “Room Request” nkratasin remena asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam no so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wo a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ “Room Request” kratasin no bi na fa ma mo asafo mu ɔkyerɛwfo ma ɔnhwɛ sɛ biribiara ayɛ pɛpɛɛpɛ, na afei fa mena faako a wobɛkɔ nhyiam no. ƐNSƐ sɛ wode “Room Request” nkratasin ne nhyiam no ho nkrataa foforo mena baa dwumadibea no wɔ Accra.
5 Yebenya dabere no bi wɔ ankorankoro afie mu. Wɔde adan yi bɛma wɔ nhyiam bere no mu NKUTOO. Ɛsɛ sɛ wɔn a wonya saa dabere no hwɛ hu sɛ wɔne wɔn mma de obu bɛyɛ ade wɔ wɔn fiewura no fie hɔ, na wɔrentu ofiewura no nneɛma mpansam anaa wɔnsɛe no, anaasɛ wɔnkɔ ofie no fã bi a wonni hokwan sɛ wɔkɔ hɔ no. Sɛ afiewuranom hyia ɔhaw a ɛtete saa a, ɛsɛ sɛ wɔma dabere sohwɛfo no aso te ntɛm ara wɔ nhyiam no ase, na n’ani begye ho sɛ ɔbɛboa.
6 Wɔn a wɔmfa wɔn “Room Request” nkratasin nkɔ ansa na wɔadu kurow a wɔbɛyɛ nhyiam no wom mu no ma nhyiam so ahwɛfo no hyia ɔhaw ahorow, efisɛ ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ dabere ma saa nhyiamfo no wɔ bere tiaa bi mu. Nhyehyɛe a wɔma ɛka akyi saa no ho ka betumi ayɛ kɛse. Enti, ɛsɛ sɛ nhyiamfo a wɔpɛ sɛ nhyiam so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wɔn no nyinaa hyehyɛ “Room Request” nkratasin no na wɔde mena nhyiam so ahwɛfo no bere tenten ansa na nhyiam no adu so. Ntoaso sukuu ahorow a wɔma nhyiamfo dabere no bi hwehwɛ sɛ nhyiamfo no tua anadwo biara a wɔda hɔ no ho sika kɛse mprempren. Enti ehia sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yebetua sika wɔ dabere ho, sɛ́ ɛyɛ sukuu adan anaa obi fie no.
7 Wɔn a Wɔwɔ Ahiade Soronko a Yɛbɛboa Wɔn: So ebinom wɔ w’asafo mu a ebia wobehia mmoa na ama wɔatumi akɔ nhyiam no? Wɔn a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wonni ahoɔden, ne bere nyinaa asomfo a wɔwɔ ahiade soronko no abusuafo a wɔyɛ Kristofo no titiriw na wodi wɔn ahiade no ho dwuma, nanso mpanyimfo ne afoforo a wonim saafo no tebea nso betumi afi ɔdɔ mu ayɛ mmoa.
8 Asafo Ɔsom Boayikuw no bɛhwɛ “Room Request” nkratasin a adawurubɔfo a wɔwɔ ahiade soronko de ba nyinaa mu. Ɛsɛ sɛ ɔsom boayikuw no tumi hu sɛ ebia abisade no mu biara yɛ ahiade soronko a wɔn ankasa ntumi nni ho dwuma anaa. Wɔyɛ nsiesiei a ɛte saa no ma adawurubɔfo a wɔwɔ gyinabea pa ne wɔn mma a wɔda su pa adi nkutoo. Sɛ Dabere Dwumadibea no wɔ nsɛmmisa bi a ɛfa ahiade soronko ho abisade bi ho a, wɔne asafo no kyerɛwfo no bedi nkitaho.
9 Nhyiam Foforo a Wobɛkɔ: Wɔakyerɛ sɛ asafo biara nkɔ nhyiam a ɛbɛn wɔn pɛɛ no. Ebia anuanom binom bɛpɛ sɛ wɔkɔ amanaman ntam nhyiam no bi, ɛmfa ho sɛ wɔnkyerɛe sɛ wɔn mansin no nkɔ bi no. Bere a eyi bɛma wɔanya hokwan ne nhyiamfo a wofi amannɔne abɔ fekuw no, akyinnye biara nni ho sɛ ɛde ɔhaw bɛba baabi a wɔbɛyɛ nhyiam no, na ama atirimpɔw a ɛne sɛ wɔbɛma nhyiamfo a wɔbɛba no dodow ayɛ nea ɛsɛ no ayɛ ɔkwa. Enti yɛsrɛ sɛ ɛnsɛ sɛ anuanom a wɔwɔ amansin a wɔnkyerɛe sɛ wɔnkɔ amanaman ntam nhyiam no kɔ agumadibea hɔ. Yɛsrɛ sɛ monkɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ monkɔ bi no nkutoo.
10 Nanso, ebia wɔ asafo ahorow a ɛwɔ nkuraase bi fam no, nneɛma te sɛ kasa, ɔkwan no tenten, ne lɔre a wobenya no bɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no. Asafo ahorow a wɔwɔ tebea a ɛte sɛɛ mu no wɔ hokwan sɛ wɔkɔ ɔmantam nhyiam foforo. Ɛho nhia sɛ wɔkyerɛw baa dwumadibea bisa ho kwan. Nanso, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wosi gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no bɔ ɔmansin sohwɛfo no amanneɛ ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenyɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛsra wɔn dapɛn a wonni hɔ no. Sɛ́ asafo no bɛkɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ anaa foforo no, ɛsɛ sɛ anuanom a wɔhwɛ akwantu nhyehyɛe so no hwɛ hu sɛ kar biara a wɔbɛyɛ ho nhyehyɛe no wɔ ahoɔden na ɛyɛ nea asɛm biara nni ho.
11 Bolgatanga Nhyiam: Yɛbɛyɛ “Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” Ɔmantam Nhyiam no biako wɔ Bolgatanga fi January 2 kosi 4, 2004, wɔ Twi ne Frafra kasa mu. Yɛhyɛ anuanom a wɔwɔ ɔman yi anafo fam a wobetumi akɔ nhyiam yi bi no nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ bi. Ebia afe yi nso baa dwumadibea no bɛyɛ lɔre ho nhyehyɛe soronko ama akwantu no. Yɛhyɛ wɔn a wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ no nkuran sɛ wonni adanse wɔ afie afie ne bɔnnɔ so bere a wɔwɔ Bolgatanga no. Yɛhyɛ wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa nkuran sɛ womfi ase nsiesie wɔn ho mma nhyiam no.
12 Adwuma a Edi Nhyiam Anim: Yɛn ani asɔ mo mmoa wɔ eyi mu wɔ bere a atwam mu no yiye. Sɛnea yɛyɛ daa no, yɛbɛbɔ apata, ahwehwɛ dabere ne ade. Yɛwɔ ahotoso sɛ wɔn a wɔwɔ asafo ahorow a ɛbemmɛn nyinaa mu no bɛyɛ nhyehyɛe abenya adwuma a ɛho hia yi mu kyɛfa kɛse wɔ dapɛn awiei ne dapɛn no mu. Sɛ anuanom pii betumi ayɛ nhyehyɛe akɔ hɔ akɔtoto biribiara bere a aka da koro anaa nnanu ma yɛafi nhyiam no biara ase a, anka eyi bɛboa yiye. Esiane sɛ ntoboa na yɛde yɛ nhyiam ahorow no ho biribiara nti, sɛ yɛkɔyɛ adwuma a edi nhyiam anim no a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nhyiam so ahwɛfo no bɛma yɛn aduan.
13 Fi Wo Pɛ Mu Tu Wo Ho Ma: Bere a nhyiam no rekɔ so no, atuhoamafo ɔhaha pii boa ma nneɛma kɔ so yiye wɔ dwumadibea ahorow hɔ. Wɔn a wogye ahɔho wɔ nhyiambea hɔ ne beae a wɔde kar sisi no kyerɛ yɛn baabi a ɛsɛ sɛ yɛtra na wɔhwɛ yɛn kar so. Ahotew Dwumadibea no nya hokwan sɛ ɛbɛma din pa a yɛwɔ sɛ yɛn ho tew no atra hɔ, na wɔma beae a yɛsom wɔ hɔ bere tiaa bi no tew sen sɛnea yɛkɔtoe no. So yebetumi aboa dwumadibea yi ne afoforo a wobetumi de yɛn ayɛ adwuma no? So wubetu wo ho ama aboa na ama wo ne wo nuanom asom ‘nokoro mu’?—Sef. 3:9.
14 Aduan Ho Nhyehyɛe: Mfe kakra atwam fi bere a yefii nhyehyɛe a ɛne sɛ “yɛrenyɛ aduan biara” wɔ yɛn ɔmantam ne ɔmansin nhyiam biara ase no. Yɛhwɛ kwan sɛ nhyiamfo nyinaa de biribi a emu yɛ hare befi fie aba abedi na wɔanom wɔ awia ahomegye bere no mu. Eyi ma yetumi tra nhyiambea hɔ ne afoforo bɔ fekuw na yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran sen sɛ yebepue akɔhwehwɛ aduan ne anonne esiane sɛ yɛansiesie yɛn ho nti. Sɛ yetuu kwan fii baabi na yɛbaa kurow a wɔyɛ nhyiam no wom mu mpo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe da biara sɛ yebedi kan anya biribi a emu yɛ hare a yɛn ankasa ne yɛn anigyefo bedi wɔ awia ahomegye bere no mu na amma yɛanhyɛ afoforo nkuran ma wɔannan yɛn nhyiambea hɔ aguadibea. Nsakrae yi ma yeyi yɛn adwene fi aduan so de si honhom fam nneɛma a ɛho hia so.
15 Baabiara a yɛbɛtra adidi wɔ ahomegye bere no mu no, momma yɛnhwɛ yiye sɛ yɛrensɛe nkongua no so anaasɛ yɛremfa nwura mpete hɔ. Wɔde nneɛma a wɔde nwura gu mu besisi nhyiam no biara ase. Yɛsrɛ sɛ momfa nwura ngu eyinom mu.
16 Nhyiam Baagye ne Nea Wɔde Hyem: Efi September rekɔ no, wɔde ɔmantam nhyiam lapɛl baagye a ɛwɔ Engiresi kasa mu bɛka nhoma a wɔde kɔma asafo ahorow no ho. Ɛho renhia sɛ mobɛkra eyi. Wɔbɛhwɛ asafo biara kɛse ho de baagye akɔma wɔn. Sɛ asafo no hia baagye foforo a, ɛsɛ sɛ wɔde “Literature Request Form” (S-14) no kra bi. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ yɛmfa rɔba a wɔde baagye hyem no mmena. Ɛho hia sɛ mode “Literature Request Form” (S-14) no kra bi ma asafo no muni biara a ohia bi no. Monkae sɛ yɛremfa lapɛl baagye ne nea wɔde hyem no bi mma nhyiam no ase.
17 Dwumadi a Wɔkyere Gu Kasɛt Anaa Video So: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyere dwumadi gu kasɛt so na wɔn ankasa de adi dwuma no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase na ɛntwetwe wɔn adwene so. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden ne akasam nhama no. Yɛn ani sɔ mmoa a moyɛ wɔ eyi mu no kɛse.
18 Yɛyɛ Ahwɛde Ma Nnipa Nyinaa: So nkurɔfo hu nsonsonoe a ɛda Yehowa Adansefo ne wiasefo ntam no? Ɛte saa ankasa! Hyɛ nsɛm bi a kuropɔn bi mu ahɔhodan mu mpanyimfo bi kae no nsow: “Nhyiamfo ahorow pii ba ha bere nyinaa, nanso mone nnipa a moyɛ nea yɛhwehwɛ fi mo hɔ na mo yam ye sen biara.” “Dapɛn a etwaam no, nyamesom kuw foforo bi bɛsoɛɛ ha. Nsonsonoe a ɛda mo ne wɔn ntam no da adi pefee.” “Yenim sɛ yebetumi de yɛn ho ato mo mmoa ne mo biakoyɛ so bere nyinaa.” So nsɛm a ɛtete saa no mmoa yɛn mma yenhu sɛnea “nyansa a efi soro” anya yɛn nipasu so nkɛntɛnso pa no? (Yak. 3:17) Esiane sɛ yɛyɛ ‘ahwɛde ma wiase’ nti, ɛmmra sɛ yɛn abrabɔ bɛda anuonyam ne nidi a yɛn Nyankopɔn, Yehowa, wɔ no bi adi bere nyinaa.—1 Kor. 4:9.
19 Bere a yɛn nhyiam ahorow no yɛ anigye bere no, yɛmpɛ sɛ yɛbɛma nkurɔfo anya adwene sɛ adidi, ɔnom, ne anigye titiriw nti na yɛba ase. Ɛrenyɛ nea ɛfata sɛ yɛbɛtra ase abɔ fekuw na yɛakasa denneennen ma akyɛ. Wɔ nhyiam bi ase no, bere a na nhyiamfo bi retwɛn wɔn bɔs wɔ da a wɔretu afi baabi a wɔkɔdae no, wofii ase too nnwom anɔpa nnɔn 3, de haw mpɔtam hɔfo nyinaa. Momma yɛnkwati saa nneyɛe yi.—1 Kor. 10:31, 32.
20 Esiane sɛ ‘wiase yi su resakra’ nti, yehia sɛ yɛn mantam nhyiam ahorow no bɛboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi honhom fam nneɛma so. (1 Kor. 7:31) Ebegye mmɔdenbɔ na ama woatumi ayɛ nhyehyɛe akɔ da biara, nanso mmɔdenbɔ no fata. Wɔasiesie afe yi “Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” Ɔmantam Nhyiam no na aboa yɛn ma yɛakɔ so agyina pintinn bere a yɛtwɛn atemmu a Yehowa de reba Satan wiase no so no. Ɛmmra sɛ yɛremma biribiara nsiw yɛn kwan mma nsiesiei a Yehowa ayɛ ama yɛn no mmɔ yɛn.—Yes. 51:4, 5.
[Kratafa 3 adaka]
Dwumadi Mmere
Fida ne Memeneda
Anɔpa 9:30 kosi Anwummere 5:00
Kwasida
Anɔpa 9:30 kosi Anwummere 4:05