Dɛn Ne Ade a Wode Di Kan Wɔ W’asetra Mu?
1 Nyamesom ahyehyɛde pii de adɔe nnwuma a wɔbɛyɛ, te sɛ sukuu anaa ayaresabea a wobesisi na asi wɔn ani aso. Nanso, bere a Yehowa Adansefo mmu wɔn ani ngu “yiyeyɛ ne adekyɛ” so no, wɔde nkurɔfo a wɔbɛboa wɔn wɔ honhom fam no di kan.—Heb. 13:16.
2 Afeha a Edi Kan no Nhwɛso: Yesu yɛɛ nnwuma pa pii wɔ n’asase so som adwuma no mu, nanso na n’adwuma titiriw ne sɛ obedi nokware no ho adanse. (Luka 4:43; Yoh. 18:37; Aso. 10:38) Ɔde ahyɛde maa n’akyidifo no sɛ ‘wɔnkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa n’asuafo, na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn.’ (Mat. 28:19, 20) Na ɔkae sɛ wɔn a wɔbɛkyerɛ ne mu gyidi no bɛyɛ adwuma a na wafi ase no kɛse. (Yoh. 14:12) Yesu de asɛnka adwuma no dii kan efisɛ na ɛboa nkurɔfo ma wohu nkwagye kwan.—Yoh. 17:3.
3 Ɔsomafo Paulo buu n’asɛnka adwuma no sɛ ‘ade a etwa sɛ ɔyɛ,’ ahwehwɛde a na ontumi mmu n’ani ngu so. (1 Kor. 9:16, 17) Ná ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde biribiara bɛbɔ afɔre, obegyina sɔhwɛ biara ano, anaasɛ ɔbɛfa amanehunu biara a ehia sɛ ɔfa mu mu na ama watumi awie ne som adwuma no. (Aso. 20:22-24) Ɔsomafo Petro ne ne mfɛfo daa su a ɛte saa ara adi. Bere a na wɔde wɔn gu afiase na wɔhwe wɔn mpo no, “wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ . . . da biara.”—Aso. 5:40-42.
4 Yɛn nso ɛ? So yɛde Ahenni asɛmpa no ho dawuru a yɛbɛbɔ na yɛayɛ asuafo no di kan wɔ yɛn asetram? Te sɛ Yesu no, so yedwen wɔn a “wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo” no ho ankasa? (Mat. 9:36) Nsɛm a ɛresisi wɔ wiase nnansa yi ne Bible nkɔmhyɛ ma ɛda adi pefee sɛ nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei nnansa yi ara! Hia a asɛnka adwuma no ho hia a yɛbɛma atra yɛn adwenem no bɛka yɛn ma yɛakɔ so de nsi aka asɛm no.
5 Susuw Wo Nsɛm Tebea Ho: Esiane sɛ ankorankoro nsɛm tebea taa sakra nti, eye sɛ bere ne bere mu no yesusuw ho hwɛ sɛ ebia yebetumi ayɛ nsakrae bi na ama yɛanya asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse anaa. Ná onuawa bi ayɛ daa akwampae adwuma no wɔ 1950, 1960, ne 1970 mfe no mu, nanso esiane yare nti ohui sɛ na ɛsɛ sɛ ogyae. Nanso bere bi akyi no, ne ho tɔɔ no. Nnansa yi, ɔsan susuw ne nsɛm tebea ho na osii ne bo sɛ ɔbɛyɛ akwampae adwuma no bio. Hwɛ anigye ara a onyae sɛ ɔkɔɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu bere a na wadi mfe 90 no! Na wo nso ɛ? So worebɛkɔ pɛnhyen anaasɛ worebewie sukuu? So nsakrae a ɛbɛba w’asetra mu no bɛma woatumi ayɛ akwampae adwuma?
6 Bere a Yesu hui sɛ ‘Marta de nnwuma pii haw ne ho no,’ ofi ɔdɔ mu ka kyerɛɛ no sɛ sɛ ɔtew ne nnwuma so a, obenya nhyira pii. (Luka 10:40-42) So wubetumi atew nneɛma a woyɛ wɔ w’asetra mu no so? So ehia ankasa sɛ okunu ne ɔyere nyinaa yɛ adwuma gye akatua? Sɛ wɔyɛ nsakrae a, so obiako akatua a ogye betumi ahwɛ abusua no? Nnipa pii anya honhom fam mfaso denam nsakrae horow a wɔyɛe na ɛmaa wotumi nyaa asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse no so.
7 Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bedi nhwɛso a Yesu ne asomafo no yɛe no akyi! Sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de nya adwuma a ɛho hia a ɛne Ahenni ho asɛmpa a yɛbɛka no mu kyɛfa pii a, ɛda adi pefee sɛ yebenya Yehowa nhyira.—Luka 9:57-62.