Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/03 kr. 1
  • Kristofo Som Adwuma No—Yɛn Adwuma Titiriw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristofo Som Adwuma No—Yɛn Adwuma Titiriw
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Suasua Kristo wɔ W’asɛnka Adwuma no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Woreyɛ Wo Som Adwuma No Pɛpɛɛpɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Dɛn Ne Ade a Wode Di Kan Wɔ W’asetra Mu?
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Adwuma a Ɛwɔ Daa Akatua Ahorow
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 6/03 kr. 1

Kristofo Som Adwuma No—Yɛn Adwuma Titiriw

1 Yɛn nyinaa wɔ nnwuma ahorow a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Obi fiefo a ɔbɛhwɛ wɔn no yɛ ɔsoro ahwehwɛde. (1 Tim. 5:8) Nanso, ɛnsɛ sɛ adwuma a ɛbata saa ɔsoro ahwehwɛde no ho no kata Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no so.—Mat. 24:14; 28:19, 20.

2 Yesu yɛɛ nhwɛso maa yɛn a ɛsɛ sɛ yesuasua bere a ‘yɛhwehwɛ ahenni no kan no.’ (Mat. 6:33; 1 Pet. 2:21) Ɛwom sɛ na onni pii honam fam de, nanso ɔyɛɛ N’agya no apɛde koraa. (Luka 4:43; 9:58; Yoh. 4:34) Ɔyeree ne ho sɛ ɔde hokwan biara a obenya no bedi adanse. (Luka 23:43; 1 Tim. 6:13) Ɔhyɛɛ n’asuafo no nkuran sɛ wonnya anigye a emu yɛ den saa ara mma otwa adwuma no.—Mat. 9:37, 38.

3 Yesu a Yebesuasua No Nnɛ: Yebetumi asuasua Yesu nhwɛso denam mmɔden a yɛbɛbɔ de akwati akɛsesɛm na yɛde yɛn asetra agyina Kristofo som adwuma so no so. Sɛ yɛwɔ asetram ahiade titiriw a, momma yentie Bible kɔkɔbɔ a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so hwehwɛ wiase yi mu nneɛma pii no. (Mat. 6:19, 20; 1 Tim. 6:8) Hwɛ ye a eye sɛ yɛbɛpere anya kyɛfa kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu! Sɛ yehyia tebea a emu yɛ den a, momma yɛnyere yɛn ho sɛnea Yesu yɛe no, na ɛnsɛ sɛ yɛma asetra yi mu dadwen ahorow kata yɛn adwuma titiriw a ɛne sɛ yɛbɛka Ahenni ho asɛmpa no so.—Luka 8:14; 9:59-62.

4 Wɔn a wɔwɔ asɛyɛde pii mpo de asɛnka adwuma no di kan wɔ asetram. Onua bi a n’abusua sõ, ɔwɔ dibea wɔ adwumam, na ɔsom sɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu ka sɛ: “Mibu asɛnka adwuma no sɛ m’adwuma.” Onuawa kwampaefo bi ka sɛ: “Akwampae adwuma no som bo sen honam fam adwuma a edi mũ koraa.”

5 Ɛmfa ho tebea biara a yɛwom no, momma yenni Yesu nhwɛso akyi. Ɔkwan bɛn so? Sɛ́ yɛde Kristofo som adwuma no bɛyɛ yɛn adwuma titiriw.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena