Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/03 kr. 1
  • Suasua Yehowa Papayɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Suasua Yehowa Papayɛ
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Hwɛ Sɛnea Ne Papayɛ Dɔɔso Fa!”
    Bɛn Yehowa
  • Papayɛ—Wobɛyɛ Dɛn Asua?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Yehowa Papayɛ A Ɛdɔɔso Noh
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Yehowa—Papayɛ Ho Nhwɛsofo A Ɔsen Biara
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 8/03 kr. 1

Suasua Yehowa Papayɛ

1 Bere a yɛrehwɛ owiatɔe bi a ɛyɛ fɛ anaa yɛanya aduan bi a ɛyɛ dɛ adi no, so ɛnka yɛn mma yɛnna Yehowa, papayɛ nyinaa Fibea, no ase? Ne papayɛ kanyan yɛn ma yenya ɔpɛ sɛ yebesuasua no. (Dw. 119:66, 68; Efe. 5:1) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada papayɛ su adi?

2 Papayɛ a Yɛbɛda no Adi Akyerɛ Wɔn a Wonnye Nni: Ɔkwan biako a yebetumi afa so asuasua Yehowa papayɛ ne sɛ yebefi komam asusuw wɔn a wɔne yɛn nni gyidi koro mu no ho. (Gal. 6:10) Papayɛ a yɛbɛda no adi wɔ akwan a mfaso wɔ so so no betumi anya sɛnea wobu Yehowa Adansefo ne asɛm a yɛka no so nkɛntɛnso pa.

3 Sɛ nhwɛso no, bere a na onua aberantewaa kwampaefo bi retwɛn oduruyɛfo wɔ ayaresabea no, na aberewa bi a na ɛte sɛ nea ne yare mu yɛ den sen wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa de no toa no so. Bere a eduu onua no so sɛ ɔbɛkɔ akohu oduruyɛfo no, ɔmaa aberewa no mmom kohuu no. Akyiri yi, ɔsan hyiaa aberewa no, na saa bere yi de, na ɛyɛ gua so, na aberewa no ani gyei sɛ ohuu no. Ɛwom sɛ kan no, na n’ani nnye asɛmpa no ho de, nanso ɔkae sɛ afei na wahu sɛ Yehowa Adansefo dɔ wɔn yɔnko nnipa ampa. Wɔne no fii Bible adesua a wɔyɛ no daa ase.

4 Yɛn Nuanom a Yɛbɛda Papayɛ Adi Akyerɛ Wɔn: Yesuasua Yehowa papayɛ nso bere a yɛbɔ mmɔden boa yɛn mfɛfo gyidifo no. Sɛ asiane si a, yɛka nnipa a wodi kan de mmoa ma yɛn nuanom no ho. Yɛda su a ɛte saa ara adi bere a yɛboa wɔn a wohia kar de akɔ nhyiam ahorow, yɛkɔsra wɔn a wonni ahoɔden, na yɛtrɛw yɛn dɔ mu ma ɛso wɔn a yɛne wɔn mmɔ kɛse wɔ asafo no mu so no.—2 Kor. 6:11-13; Heb. 13:16.

5 Ɔkwan foforo a Yehowa fa so da papayɛ adi ne ‘krado a wayɛ sɛ ɔde befiri’ no. (Dw. 86:5) Yebetumi ada yɛn papayɛ adi denam afoforo a yɛde befiri wɔn no so, na yɛnam saayɛ so asuasua Yehowa. (Efe. 4:32) Eyi boa ma yɛne yɛn mfɛfo gyidifo fekubɔ ‘yɛ papa ne anigye.’—Dw. 133:1-3.

6 Ɛmmra sɛ Yehowa papayɛ bebrebe no bɛka yɛn ma yɛayi no ayɛ na ama yɛanya anigye. Na ɛmmra sɛ ɛbɛkanyan yɛn ma yɛabɔ mmɔden asuasua ne papayɛ wɔ nea yɛyɛ nyinaa mu.—Dw. 145:7; Yer. 31:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena