Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/03 kr. 3
  • Som Nyankopɔn Nhoma no a Yebesua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Som Nyankopɔn Nhoma no a Yebesua
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • United In Worship No A Yebesua Wɔ Asafo Adesua Ase
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nya Bɛn Yehowa Nhoma a Yebesua no so Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Fa Nhoma Foforo No Boa Afoforo
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • So Wode Nhoma Foforo No Redi Dwuma?
    Yɛn Ahenni Som—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 9/03 kr. 3

Som Nyankopɔn Nhoma no a Yebesua

Wɔasiesie Som Nokware Nyankopɔn Koro No sɛ wɔne afoforofo a wɔasua Nimdeɛ nhoma no awie no nsua. Sua a yebesua saa nhoma yi wɔ Asafo Nhoma Adesua ase no besiesie yɛn ma yɛde nhoma yi adi dwuma wɔ asɛnka mu na aboa yɛn ma yɛahyɛ ɔdɔ ne anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu den. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya Som Nyankopɔn nhoma no a yebesua no so mfaso kɛse?

Adesua no Sohwɛ: Esiane sɛ yebesua ti biako dapɛn biara nti, ɛho behia sɛ nhoma adesua so ahwɛfo fi nyansam hyehyɛ bere no yiye. Ɛnsɛ sɛ wosusuw nsɛm ho kɔ akyiri wɔ nkyekyɛm ahorow a edi kan no mu na ama wɔanya bere pii de asusuw nsɛm a ɛho hia paa a ɛtaa pue wɔ ti no fa a etwa to mu no ho. Nsɛm a ɛwɔ ntĩmu adaka no mu a mubesusuw ho kakra wɔ adesua no mu biara awiei no bɛboa wɔn a wɔbae no ma wɔakae nsɛntitiriw no.

Nsɛmmisa a wɔakyekyɛm a wɔde susuw nsɛm ho pue wɔ Som Nyankopɔn nhoma no atiri bɛyɛ fã mu. Mubetumi ahu eyi ho nhwɛso wɔ kratafã 48-49. Ɛho nhia sɛ mobɛkenkan nsɛmmisa a ɛte saa no aka nkyekyɛm no ho. Sɛ kuw no resusuw nsɛm no ho a, ɛsɛ sɛ adesua sohwɛfo no ma wɔkenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no na mususuw ho sɛnea bere bɛma kwan.

Di Kan Siesie Wo Ho: Ahosiesie pa a yɛbɛyɛ ama adesua no kyerɛ pii sen mmuae a yɛbɛsensan ase ara kɛkɛ. Kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so a yebesusuw ho anibere so no bɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn mmuae ne ne titiriw, yɛn koma. (Esra 7:10) Yɛn nyinaa betumi ahyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran denam mmuae a ɛfata a yɛbɛma no so.—Rom. 1:11, 12.

Som Nyankopɔn nhoma no a yebesua no bɛboa yɛn ma yɛabɛn Yehowa na ebesiesie yɛn ma yɛaboa nnipa komapafo ma wɔabɛka yɛn ho ma yɛasom no. (Dw. 95:6; Yak. 4:8) Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa benya honhom fam nhyehyɛe yi so mfaso kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena