Nya Bɛn Yehowa Nhoma a Yebesua no so Mfaso
1 Wɔ “Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi” Ɔmantam Nhyiam ase no, yɛn ani gyei bere a yɛn nsa kaa Bɛn Yehowa nhoma no. Nnipa pii kenkan no ntɛm ara. Na akyinnye biara nni ho sɛ afe asɛm ma 2003: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo” no kaa nnipa pii koma ma wɔkenkanee.—Yak. 4:8.
2 Ɔsram yi, yɛbɛhyɛ ase asua Bɛn Yehowa nhoma no wɔ Asafo Nhoma Adesua ase. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya adesua no so mfaso kɛse? Ahosiesie ho hia. Adapɛn abien na yɛde besua ti biara, na nkyekyɛm kakraa bi na ɛwɔ adesua a yɛbɛyɛ no dapɛn biara mu. Eyi bɛma yɛanya bere pii de ama mmuae a efi komam a yɛasiesie no yiye. Bio nso, wɔ dapɛn a yebesusuw ntimu a ɛwɔ ti no mu ho no, yebesua nkyekyɛm kakraa bi na ama yɛanya bere de asusuw afã atitiriw a ɛwɔ nhoma no mu no ho.
3 Efi ti 2 rekɔ no, adaka bi wɔ eti biara mu a wɔato din “Nsɛmmisa a Ɛsɛ sɛ Wususuw Ho.” Bere a yɛasusuw nkyekyɛm a etwa to wɔ asɛmti no ho awie no, nhoma adesua sohwɛfo no bɛma yɛasusuw nsɛmmisa a ɛwɔ adaka mu no ho. Ɔbɛhyɛ kuw no mufo nkuran ma wɔada wɔn nsusuwii adi, na ama wahu nneɛma pa a wonya fii Kyerɛwnsɛm a wosusuw ho no mu. (Mmeb. 20:5) Nsɛmmisa a wɔde ama wɔ adaka mu akyi no, ɛtɔ mmere bi a, obetumi abisa nsɛm te sɛ nea edidi so yi: “Dɛn na asɛm yi ka kyerɛ wo wɔ Yehowa ho? Ɔkwan bɛn so na ɛka w’asetra? Ɔkwan bɛn so na wode bɛboa afoforo?” Ne botae ne sɛ ɔbɛboa kuw no mufo ma wɔama mmuae a efi komam, na ɛnyɛ sɛ ɔde nsɛm nketenkete bɛsɔ wɔn ahwɛ.
4 Bɛn Yehowa nhoma no da nsow koraa. Ɛwom sɛ nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw” no ayɛ nyinaa hyɛ Yehowa anuonyam de, nanso nhoma yi atirimpɔw titiriw ne sɛ yɛde besusuw Yehowa su ahorow no ho. (Mat. 24:45-47) Hwɛ hokwan a ɛyɛ anigye a yebenya! Yebenya Yehowa nipasu a yebesua ho ade akɔ akyiri saa no so mfaso kɛse. Ɛmmra sɛ adesua no bɛboa yɛn ama yɛabɛn yɛn soro Agya no kɛse, na ɛmmra sɛ yɛde ahokokwaw bɛboa afoforo ama wɔayɛ saa nso.