Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/03 kr. 4
  • Mmabun—Monto Nhyɛase Pa Mma Daakye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmabun—Monto Nhyɛase Pa Mma Daakye
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yosia Nyaa Nnamfo Pa
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Ɔhobrɛasefo Yosia Nyaa Yehowa Anim dom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Ná Yosia Ani Gye Onyankopɔn Mmara Ho
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • “Monhwehwɛ Yehowa na Munnya Nkwa”
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 9/03 kr. 4

Mmabun—Monto Nhyɛase Pa Mma Daakye

1. Dɛn nti na ehia sɛ Kristofo mmabun nya gyidi a emu yɛ den?

1 Dɛn paa ne ade titiriw a wodwen ho? Dɛn na wususuw ho? So nea wodwen ho titiriw no gyina nneɛma a ɛwɔ hɔ nnɛ so, anaasɛ ɛfa daakye ho a egyina nea Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no so? (Mat. 6:24, 31-33; Luka 8:14) Ehia gyidi a emu yɛ den na ama obi ayɛ Onyankopɔn bɔhyɛ no ho biribi, sɛnea yebetumi ahu afi Abraham ne Mose nhwɛso no mu no. (Heb. 11:8-10, 24-26) Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya gyidi a ɛte saa na wode ‘ato nhyɛase pa ama daakye’?—1 Tim. 6:19.

2. Dɛn na yesua fi Ɔhene Yosia nhwɛso no mu?

2 Hwehwɛ Yehowa: Sɛ wo ne w’abusua nya honhom fam dwumadi mu kyɛfa a, ɛfata nkamfo. Nanso mma ɛnyɛ wo sɛ nhyehyɛe a ɛte saa no bɛma wo gyidi mu ayɛ den ɔkwan biara so. Nea ɛbɛyɛ na woanya “Onyankopɔn ho nimdeɛ” no, ɛsɛ sɛ w’ankasa wohwehwɛ Yehowa. (Mmeb. 2:3-5; 1 Be. 28:9) Ɔhene Yosia a na ɔyɛ abofra no yɛɛ saa. Ɛmfa ho sɛ wɔtetee no wɔ beae a na enye mma honhom fam nkɔso no, “ofii ase hwehwɛɛ n’agya Dawid Nyankopɔn” bere a na wadi mfe 15 no.—2 Be. 34:3.

3. Ɔkwan bɛn so na Kristofo mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ahwehwɛ Yehowa?

3 Ɔkwan bɛn so na wubetumi ahwehwɛ Yehowa? Denam nea wugye di a wobɛhwehwɛ mu yiye na ‘woasɔ ahwɛ’ sɛ ɛne nokware no ampa so. (Rom. 12:2) Sɛ nhwɛso no, so wubetumi akyerɛkyerɛ nea Bible ka fa mogya ho no mu, anaa wubetumi de adanse ama de akyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni fii ase dii tumi wɔ soro wɔ 1914 mu? “Nokware nimdeɛ” a wubenya no ho hia na wode ato nhyɛase pa ama daakye.—1 Tim. 2:3, 4.

4. Ɔkwan bɛn so na adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu betumi ama wɔn nkɔso ada adi?

4 Hwehwɛ a Yosia hwehwɛɛ Onyankopɔn no sow aba pa. Ansa na ɔrenya mfe 20 no, ɔde akokoduru yii atoro som fii asase no so. (2 Be. 34:3-7) Saa ara nso na wo honhom fam nkɔso nam wo nneyɛe so bɛda adi. (1 Tim. 4:15) Sɛ woyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ wo asu a, bɔ mmɔden sɛ wobɛma wo som adwuma atu mpɔn. Mma nsɛmma nhoma a wode ma kɛkɛ no ara nnnɔɔso mmma wo. Fa yɛ wo botae sɛ wode Bible bedi dwuma, akyerɛkyerɛ mu akyerɛ nkurɔfo, na woaboa wɔn a wɔkyerɛ ho anigye no. (Rom. 12:7) Eyi bɛboa wo ma woanyin wɔ honhom mu.

5. Hokwan ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ ma Kristofo a wɔabɔ asu a ɛbɛma wɔatrɛw wɔn som adwuma mu?

5 Fa Nea Wowɔ a Eye Sen Biara Ma Yehowa: Sɛ wode nsu mu asubɔ yɛ w’ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne a, wobɛyɛ obi a wɔahyɛ no somfo ama Onyankopɔn. (2 Kor. 3:5, 6) Eyi bue hokwan ahorow a ɛbɛma wode wo bere nyinaa asom Yehowa. Ebi ne akwampae ne afei Betel, asɛmpatrɛw, ne amanaman ntam som adwuma no. Ɔkwan foforo a ɛbɛma watumi atrɛw wo som adwuma mu ne sɛ wubesua kasa foforo anaa wubetu akɔsom wɔ mmeae a mmoa ho hia kɛse no.

6. Ɔkwan bɛn so na yɛn nyinaa betumi ato nhyɛase pa ama daakye?

6 Nokwarem no, ɛnyɛ yɛn nyinaa na yebetumi atu yɛn ho ama ɔsom hokwan ahorow yi, nanso yɛn mu biara betumi de nea ɔwɔ a ɛsen biara ama Yehowa. (Mat. 22:37) Sɛnea wo tebea te biara no, ma Yehowa a wobɛsom no no nyɛ w’asetram ade titiriw. (Dw. 16:5) Sɛ woyɛ saa a, na woreto nhyɛase pa ama daakye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena