Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/04 kr. 8
  • Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
    Yɛn Ahenni Som—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2004
km 8/04 kr. 8

Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho

Ɔwɛn-Aban Aug. 1

“Esiane sɛ adesamma mu apaapae nti, ebinom te nka sɛ nniso biako a ebedi wiase nyinaa so ne ɔkwan koro a ɛbɛma yɛanya wiase asomdwoe. Wususuw sɛ biribi a ɛte saa betumi ayɛ yiye? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Daniel 2:44.] Nsɛmma nhoma yi ka nea Onyankopɔn Ahenni reyɛ nnɛ ne sɛnea ɛde asomdwoe bɛba wiase nyinaa nnansa yi ara no ho asɛm.”

Nyan! Aug. 8

“Sɛ yɛte nsɛm a ɛfa mmofra a wosisi wɔn ho a, ɛyɛ yɛn nyinaa awerɛhow. Ebia woabisa pɛn sɛ ‘So Onyankopɔn dwene yɛn ho?’ [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Dwom 72:12-14.] Nsɛmma nhoma yi ka sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ mmofra ho ne sɛnea ɛrenkyɛ koraa ɔbɛma wɔn a wɔrehu amane no ho atɔ wɔn daa no ho asɛm.”

Ɔwɛn-Aban Aug. 15

“Ɛnnɛ, nkurɔfo hwehwɛ aware ne mmofra ntetee ho afotu fi mmeae pii. Wususuw sɛ ɛhe na yebetumi anya afotu pa? [Twɛn ma ommua.] Ɔwɛn-Aban yi susuw abusua asetra ho afotu bi a nyansa wom a efi adesamma Bɔfo hɔ no ho.” Kenkan Dwom 32:8.

Nyan! Aug. 22

“Wususuw sɛ ɛho hia sɛ agyanom ma wɔn ani ku wɔn mma abrabɔ ho? [Twɛn ma ommua.] Nyan! yi ka sɛnea agyanom a wɔn mma nhu wɔn no ho haw reyɛ kɛse fa. Ɛsan nso kyerɛkyerɛ sɛnea agyanom betumi anya wɔn mma so nkɛntɛnso pa no mu.” Kenkan Mmebusɛm 13:1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena