Kɔ So Yɛ Ade Ntɛm So!
1 Ná Yesu nim sɛ bere a ɔde bɛyɛ N’agya adwuma awie wɔ asase so no sua. (Yoh. 9:4) Enti ɔde ntɛmpɛ yɛɛ ne som adwuma no na ɔtetee n’asuafo no ma wɔyɛɛ saa ara. (Luka 4:42-44; 8:1; 10:2-4) Ná honam fam nneɛma a obenya ho nhia no kɛse. (Mat. 8:20) Ne saa nti, otumi wiee adwuma a Yehowa de hyɛɛ ne nsa no.—Yoh. 17:4.
2 Bere a Aka Sua: Bere a ɛsɛ sɛ yɛde ka asɛmpa no “wɔ wiase nyinaa” no nso sua. (Mat. 24:14) Bible nkɔmhyɛ ma ɛda adi sɛ yɛte awiei bere no mu pɛɛ. Ɛrenkyɛ, ‘wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no benya daa ɔsɛe sɛ akatua.’ (2 Tes. 1:6-9) Saa atemmu no bɛba mpofirim. (Luka 21:34, 35; 1 Tes. 5:2, 3) Ehia sɛ nkurɔfo hu asiane a ɛreba wɔn so no. Ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛboa wɔn ma wɔhwehwɛ Yehowa anim dom bere a hokwan da so wɔ hɔ yi.—Sef. 2:2, 3.
3 Nea Yebetumi Nyinaa a Yɛbɛyɛ: Onyankopɔn asomfo hu sɛ “wɔatwa bere no tiaa,” enti wɔma asɛnka adwuma no ho hia wɔn paa. (1 Kor. 7:29-31; Mat. 6:33) Ebinom agyae nnwuma a anka ɛbɛma wɔanya sika anaa asetra mu nneɛma pii akyidi sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ ɔsom adwuma no kɛse. (Mar. 10:29, 30) Afoforo nso ‘kɔ so bɔ wɔn ho mmɔden wɔ Awurade adwuma mu’ ɛmfa ho sɛ wɔkɔ so hyia sɔhwɛ ahorow no. (1 Kor. 15:58) Anuanom pii de mfe bebree aka asɛmpa no akyerɛ afoforo a wɔn abam mmu. (Heb. 10:23) Yehowa ani sɔ afɔrebɔ a ɛtete sɛɛ a wɔde boa ma Ahenni nneɛma nya nkɔso no nyinaa.—Heb. 6:10.
4 Yehowa som, a asɛnka adwuma ka ho, a yɛbɛma ayɛ yɛn asetram ade titiriw no boa ma Yehowa da no tra yɛn adwenem. Ɛbɔ yɛn ho ban fi Satan wiase no ho na ɛhyɛ yɛn den ma yekura abrabɔ kronkron mu. (2 Pet. 3:11-14) Nokwarem no, yɛn som adwuma no a yɛbɛyɛ no ntɛm so no betumi agye yɛne nnipa a wotie yɛn no nkwa.—1 Tim. 4:16.