Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/05 kr. 5
  • Abusua Nhyehyɛe—Abusua Adesua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abusua Nhyehyɛe—Abusua Adesua
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Munsua Onyankopɔn Asɛm Daa Sɛ Abusua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Abusua Adesua a Ɛde Anigye Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • So Mobom Sua Ade Sɛ Abusua?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Sɛnea Abusuafo De Biakoyɛ Nya Kyɛfa Kosi Ase—Wɔ Bible Adesua Mu
    Yɛn Ahenni Som—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 5/05 kr. 5

Abusua Nhyehyɛe—Abusua Adesua

1 Sɛ́ Kristoni a woyɛ ɔwofo no, ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no ne akyɛde a ɛsen biara a wubetumi de ama wo mma. Bere titiriw a wubetumi ayɛ eyi ne bere a ‘wote wo fie’ reyɛ dapɛn dapɛn abusua Bible adesua no. (Deut. 6:5-7) Sɛ́ ebia wo hokafo yɛ gyidini, sɛ́ ɛsono w’abusuafo no bi gyidi, anaasɛ woyɛ ɔwofo biako a woretete wo mma no, wubetumi aboa wo mma ma wɔabɛn wo ne Yehowa denam abusua adesua a mobɛyɛ no daa so.

2 Sɛnea Wubefi Ase: Nea edi kan ne sɛ mode adesua a mobɛyɛ sɛ abusua no bɛyɛ mo su. Sɛ munhu bere a mode bɛyɛ adesua no a, dɛn nti na munsusuw eyi ho sɛ abusua? (Mmeb. 15:22) Sɛ wowɔ mmofra nkumaa a, wubetumi ahyehyɛ bere ntiantia pii a mode bɛyɛ adesua no wɔ dapɛn no mu nyinaa. Monhwehwɛ bere a ɛyɛ paa ma mo abusua no. Paw bere pɔtẽẽ a mode bɛyɛ adesua no wɔ mo abusua nhyehyɛe no mu, na si wo bo sɛ wubedi so.

3 Dɛn na mubetumi asua? Ebinom siesie wɔn ho ma nea wobesua wɔ Asafo Nhoma Adesua anaa Ɔwɛn-Aban adesua a edi hɔ no ase. Afoforo sua nhoma a wɔahyɛ da asiesie ama mmabun. Agya bi a ɔwɔ babarima ne ɔbabea bi a wosusua kae sɛ: “Ade biako a ɛma mmofra no ani gye yɛn adesua no ho kɛse wɔ dapɛn no mu ne sɛ yɛde nsɛm a ɛwɔ Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm mu no yɛ ɔyɛkyerɛ. Ntease a ɛma yenya ne sɛnea enya yɛn so nkɛntɛnso no ho hia sen nkyekyem dodow a yɛbɛkenkan ara kwa.”

4 Monyɛ Adesua no Dapɛn Biara: Ɛsɛ sɛ moyɛ abusua adesua no dapɛn biara a abusua no mufo nyinaa de anigye hwɛ kwan. Ebehia sɛ moyɛ fakaa wɔ da ne bere a mode bɛyɛ adesua no mu na ama moatumi adi tebea a monhwɛ kwan a ɛbɛsɔre ho dwuma. Edu bere bi nso a, ebehia sɛ mosakra nea musua no nso mu. Nanso ɛnsɛ sɛ nsakrae a ehia a mobɛyɛ no twe abusua adesua nhyehyɛe no san bere tenten biara. Wɔ abusua bi mu no, ɔbabea no kae sɛ: “Bere biara a ɛho behia sɛ yɛsesa bere a yɛde yɛ yɛn adesua no, Paapa de bere foforo no bɔ yɛn frigye pon ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nyinaa behu bere a yɛde bɛyɛ adesua no.” Hwɛ sɛnea mmɔden a ɛte saa a wɔbɔ de yɛ abusua adesua daa no fata nkamfo! Bere a wokɔ so tete wo mma wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu” no, woda ɔdɔ a wowɔ ma wɔne yɛn soro Agya no adi.—Efe. 6:4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena