So Mobom Sua Ade Sɛ Abusua?
1 Nnansa yi, okunu Kristoni bi a na ɔne ɔpanyin bi rekasa kae sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ ofie Bible adesua daa, nanso ɛyɛ den ma me. Ɛtɔ da bi a midi fɔ sɛ mitwam, anaasɛ me yere ani nnye sɛ obesua ade, anaasɛ mmofra no wɔ biribi foforo yɛ. Adapɛn pii twam a yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛsan afi abusua adesua ase bio. Minim sɛ yehia adesua no, na yɛn ani bɛsɔ nyansahyɛ anaasɛ mmoa biara a yebetumi anya.” So woate asɛm bi a ɛte saa pɛn? Ebetumi aba saa esiane sɛ mmusua pii ahyia eyi ne nsɛm afoforo a emu yɛ den wɔ abusua Bible adesua a wɔbɛyɛ no daa ho nti.
2 Susuw nsemmisa yi ho: Dɛn nti na abusua adesua a wɔyɛ no daa ho hia na n’atirimpɔw ne dɛn? Hena na ɛsɛ sɛ odi anim wɔ adesua no yɛ mu? Nhoma ahorow bɛn na wobetumi de adi dwuma? Ɔkwan bɛn so na wobetumi ama adesua no ayɛ anigye, titiriw bere a mmofra no mfe gu ahorow no? Dɛn nti na mmɔdenbɔ ne ahofama ho hia kɛse na wɔatumi ayɛ abusua adesua no daa? Bible no ne Kristofo osuahu ma yenya nsemmisa ahorow yi ho mmuae.
AWOFO ASƐYƐDE HOROW
3 Bible no da onii a ɛsɛ sɛ odi anim, wɔ mmofra no nkyerɛkyerɛ mu no adi. “Agyanom, . . . monyɛn wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efe. 6:4) Ɛsɛ sɛ agyanom fi wɔn pɛ mu gye wɔn asɛyɛde tom, yiw, na wɔn ani ku ho po sɛ wɔde nimdeɛ ne afotu bɛma wɔn mma. Nanso, sɛ agya no nyɛ gyidini a, ɛsɛ sɛ ɔyere a ogye di no yɛ ne fam de de kyerɛkyerɛ mmofra no na ɔyɛ abusua adesua. (2 Tim. 1:5) Anaa, esiane nsɛm tebea afoforo bi nti, ebia ɛho behia sɛ onuawa bi de ne mma nkyerɛkyerɛ ho asɛyɛde nyinaa to ne ho so. (Mmeb. 1:8) Nsɛm afoforo mu no, ɔpanyin anaa ɔdawurubɔfo foforo a ne ho akokwaw betumi aboa, sɛnea dekode a ɛho hia wɔ tebea biara mu te no. Nanso ɛnsɛ sɛ nhyehyɛe a ɛte saa ma awofo, titiriw agyanom, dan wɔn adesoa no to obi foforo so, efisɛ wɔn Kyerɛwsɛm mu asɛyɛde ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma, atete wɔn na wɔahwɛ wɔn so.—Deut. 6:6, 7; 1 Tim. 3:2, 4.
KATEE A ƐRENYƐ
4 Katee a adesua no renyɛ no bɛboa ma abusua adesua no ayɛ nea ɛho wɔ mfaso na ɛhyɛ nkuran. Ebetumi ayɛ nea Bible no afã horow a wɔbɛkenkan abɔ ho nkɔmmɔ ne nsɛmma nhoma anaa Asafo nhoma ahorow no mu nsɛm pɔtee bi a wobesusuw ho ka ho. Ɛsɛ sɛ wɔpaw nneɛma a wobesusuw ho sɛnea abusua no ahiade te. Nsɛm a mmofra hyia sɛ ebia wɔn ho fɛw a afoforo di wɔ sukuu, nhyehyɛe a mmerante ne mmabaa yɛ bom fi adi, wɔn ho a wɔde hyɛ sukuu dwumadi ahorow mu, akansi ahorow, nnwom a wɔpaw, nneɛma a ɛba so akyidi ne su horow a ɛmfata yɛ nea wobetumi asusuw ho. Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm ahorow a wobetĩ mu ho wɔ mfaso, titiriw esiane daakye asiane ne sɔhwɛ ahorow a ebetumi aba nti.
5 Dɛn ne nneɛma bi a ɛsɛ sɛ ɛtra adwene mu bere a wɔreyɛ abusua adesua no? Bere a ɛnsɛ sɛ adesua no yɛ te sɛ asafo nhyiam a wɔreyɛ no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɔkyerɛkyerɛ wom. Ma abusua adesua nyɛ anigye, mmfa saa bere no nnka anim. Hyɛ mmofra no nkuran ma wɔnkyerɛ wɔn adwene, esiane sɛ eyi bɛboa wɔn ma wɔasua ade ntɛmntɛm nti. Sɛ wɔn a wonyinyinii no antumi ante biribiara a wɔresusuw ho no ase yiye mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ wɔ a wɔwɔ hɔ no ankasa ho anigye na yɛboa wɔn ma wonya adesua no mu kyɛfa. Awofo anyansafo de wɔn adwene kɔ mmofra no mu biara ahiade so, ne ntease, baabi a otumi sua ade kodu ne ne mmɔdenbɔ wɔ mmuaema mu so. Mmɔden ankasa a wofi ɔdɔ mu bɛbɔ no de abusua biakoyɛ ne honhom mu nkɔso kɛse bɛba.
MPA ABAW
6 Dɛn nti na kɔ a wobɛkɔ so ayɛ ho hia kɛse wɔ abusua adesua mu? Efisɛ nneɛma pii wɔ asetra mu a ɛhaw adwene na ɛtaa bɔ adesua nhyehyɛe mmataho. Nanso, mma kwan mma saa nneɛma yi nhaw abusua adesua nhyehyɛe no.
7 Abusua Bible adesua a wɔyɛ no daa tete mmofra na esiesie wɔn ma wotumi de gyina asetra mu nsɛm a emu yɛ den ano. Mo awofonom betumi aboa mo mma kɛse denam asɛyɛde a Onyankopɔn de ama mo no ho dwuma a mubedi so. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa behyira mo, sɛ moyɛ nea mubetumi biara sɛ mobɛyɛ mo abusua Bible adesua daa a.