Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/05 kr. 4
  • Wode Nsaano Krataa Bedi Dwuma?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wode Nsaano Krataa Bedi Dwuma?
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔsatu A Yɛnam So Bɛbɔ “Yɛn Nkwagye Abɛn!” Ɔmantam Nhyiam No Ho Dawuru Wɔ Wiase Nyinaa
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Biakoyɛ a Yɛde Bɛbɔ “Munni Kristo Akyi!” Ɔmantam Nhyiam no Ho Dawuru wɔ Wiase Nyinaa
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ Denam Nkratawa So
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Asɛnka Nhyiam Horow
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 8/05 kr. 4

Wode Nsaano Krataa Bedi Dwuma?

Da koro bi abarimaa bi a wadi mfe 11 huu nsaano krataa bi wɔ fam a ɛrebɔ baguam ɔkasa bi a ɛfa hell ho dawuru. Akyiri yi ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “M’ani gyee asɛmti no ho, asɛm no ne sɛ, bere nyinaa meyɛ nneɛma a ɛmfata, enti na hell gya a ɛredɛw a daakye miwu a mɛkɔ mu no ho asɛm haw me paa.” Okotiee baguam kasa no bi, na bɛyɛ afe akyi bere a wasua Bible no mpɛn pii no, wɔbɔɔ no asu. Enti saa na ɛyɛe na abarimaa yi a wɔfrɛ no Karl Klein, a akyiri yi ɔde mfe pii somee sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni de Kristofo som adwuma no sii n’ani so. Ne nyinaa fii ase fii nsaano krataa so.

Ɛnnɛ wɔ wiase mmeae pii no, nsaano krataa akɔ so ayɛ asɛnka ho adwinnade a etu mpɔn. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ seesei yebetumi de nsaano krataa adi dwuma wɔ Ghana ha bio. Adawurubɔfo pii behu sɛ wɔde biako ma obi a, ɛno bɛyɛ ɔkwan pa a wɔfa so da wɔn ho adi na wofi nkɔmmɔbɔ ase. Awofo betumi ama wɔn mma de wɔn ho ahyɛ asɛnka adwuma no mu denam nsaano krataa a wɔbɛma wɔde ama obi wɔ pon ano no so. Adawurubɔfo a wɔnam krataa kyerɛw so di adanse no betumi abɔ yɛn nhyiam ahorow a yɛkɔ no ho dawuru denam nsaano krataa a wɔde bɛhyɛ wɔn nkrataa a wɔkyerɛw no mu no so. Nokwarem no, nsaano krataa yɛ ɔkwan a ɛfata a wɔnam so to nsa frɛ Bible asuafo ne anigyefo afoforo ba yɛn nhyiam ahorow no ase.

Wɔaka asafo nhyiam biara ho asɛm tiawa wɔ nsaano krataa no so. Esiane sɛ Ahenni Asa no address ne bere a wɔde yɛ nhyiam ahorow no nni so nti, ebehia sɛ wode ka ho bere a wode nsaano krataa no rema no. Wɔagyaw kwan wɔ nsaano krataa no so a sɛ wopɛ a, wubetumi akyerɛw agu so. So wode nsaano krataa bedi dwuma yiye wɔ wo som adwuma mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena